So Obi Wɔ Hɔ a Odwen Yɛn Ho Ankasa?
“Wɔn a wɔhyɛ wɔn so no nusu” ayɛ sɛ asubɔnten. ‘Wɔn a wɔhyɛ wɔn so’ pii wɔ wiase nyinaa no na wɔtew nusu yi. Wɔn a wɔhyɛ wɔn so no te nka bere nyinaa sɛ wonni “ɔwerɛkyekyefo bi”—sɛ obiara nnwen wɔn ho ankasa.—Ɔsɛnkafo 4:1.
ƐMFA ho sɛ nkurɔfo tew nusu pii yi no, ebinom wɔ hɔ a amane a wɔn mfɛfo nnipa hu no mfa wɔn ho. Wobu wɔn ani gu yaw a afoforo di so, sɛnea ɔsɔfo ne Lewini a wɔwɔ Yesu Kristo mfatoho a ɛfa ɔbarima bi a wopiraa no, wiaa no, na wogyaw no too kwankyɛn ma ɛyɛɛ sɛnea wawu ho mu yɛe no. (Luka 10:30-32) Bere tenten a nneɛma kɔ yiye kakra ma wɔne wɔn mmusua no, wonnwen afoforo ho. Enti, wɔka sɛ, “Ɛfa yɛn ho bɛn?”
Ɛnsɛ sɛ eyi yɛ yɛn nwonwa. Ɔsomafo Paulo ka siei sɛ wɔ “nna a edi akyiri” mu no, nnipa pii bɛyɛ “wɔn a wonni dɔ.” (2 Timoteo 3:1, 3) Nhwehwɛmufo bi dii ahopɛ su a nkurɔfo anya no ho abooboo. Ɔkae sɛ: “Ahopɛ su foforo resi tete Irelandfo nyansapɛ ne amammerɛ a ɛne sɛ wodwen afoforo ho na wɔne wɔn kyɛ nea wɔwɔ no ananmu.” Wɔ wiase nyinaa no, nkurɔfo da ahopɛ su adi araa ma ɛkame ayɛ sɛ wonnwen afoforo tebea ho koraa.
Yehia Obi a Odwen Yɛn Ho
Akyinnye biara nni ho sɛ yehia obi a odwen yɛn ho. Sɛ nhwɛso no, susuw ɔbarima bi a ɔwɔ Germany a na ɔyɛ ankonam a “owu dii mfe anum—wɔ Buronya mu—ansa na wohuu sɛ wawu te ne television anim” no ho hwɛ. Obiara ankae saa barima “mmɔboroni a wadi dɛm a na ne yere agyae no,” a na awerɛhow ama odi yaw wɔ n’asetra mu no, kosii sɛ ne sika a na sikakorabea de tua ne dan ka sae. Ná obiara nnwen ne ho koraa.
Susuw nnipa a wonni kamafo a atumfoɔ adifudepɛfo di wɔn so no nso ho hwɛ. Wɔ beae bi no, nnipa bɛyɛ 200,000 (ɔman no mu nnipa anan mu biako) na “nsisi ne ɔkɔm kunkum wɔn” bere a wogyee wɔn nsase fii wɔn nsam atirimɔden so no. Anaasɛ susuw mmofra a ɛkame ayɛ sɛ wɔyɛɛ wɔn aninyanne a ɛso bi nni no ho hwɛ. Amanneɛbɔ bi kae sɛ: “Mmofra dodow a wɔwɔ [asase bi so] a wɔyɛɛ wɔn ayayade a enni ano—okum, ɔhwe, ne mmonnaato a ɛtɔ mmere bi a na mmofra foforo a wɔadu mpanyimfo afe so na wɔde yɛ wɔn no yɛ ahodwiriw.” Wubetumi ahu nea enti a obi a wɔyɛɛ no atirimmɔdenne a ɛte saa no betumi de nusu abisa sɛ, “So obi wɔ hɔ a odwen me ho ankasa?”
Sɛnea Amanaman Nkabom amanneɛbɔ bi kyerɛ no, nnipa ɔpepepem 1.3 na wɔwɔ aman a ennyaa nkɔso pii mu a sika a wodi da koro no nnu U.S. dɔla biako. Wontumi nhu sɛ obi dwen wɔn ho anaa. Saa ara na aguanfo mpempem pii, a sɛnea amanneɛbɔ bi a ɛwɔ The Irish Times mu ka no, “wɔn haw ne aguanfo atrae a ɛhɔ yɛ basabasa a wontumi nyɛ ho hwee ne ɔman a emufo mpɛ ahɔho asɛm, anaasɛ mmɔden a wɔbɛbɔ sɛ wɔbɛsan akɔ wɔn man a ɔko anaa abusua mu mpaapaemu da so wɔ hɔ [anaa ama ɛhɔ asɛe pasaa] mu no” asɛm te. Amanneɛbɔ koro no ara de akontaabu a ɛhaw adwene yi too gua: “Kata w’ani, kan ade abiɛsa, abofra bi awu. Ɛyɛ mmofra 35,000 a aduan pa a wonnya nni anaa yare a wobetumi asiw ano bekunkum wɔn nnɛ no mu biako.” Ɛnyɛ nwonwa sɛ nnipa pii de ahohia ne ɛyaw su!—Fa toto Hiob 7:11 ho.
So eyinom nyinaa yɛ nea wɔhyɛɛ da hyɛe sɛ ɛmmra saa anaa? Nokwarem no, so obi wɔ hɔ a ɛnyɛ sɛ dwen nko na odwen yɛn ho, na mmom ɔwɔ tumi sɛ ɔbɛma amanehunu agyae na wayi ɛyaw a ɛto nkurɔfo nyinaa afi hɔ ankasa?
[Mfonini Fibea wɔ kratafa 2]
Cover and page 32: Reuters/Nikola Solic/Archive Photos
[Nsɛm Fibea wɔ kratafa 3]
A. Boulat/Sipa Press