Ɔwofoyɛ Ho Nsɛnnennen a Wobegyina Ano
ABAYƐN nna fam nnɛ, na ɛyɛ asɛnnennen kɛse ma awofo, titiriw bere a mmofra no adu mpanyin afe so no. Canada atesɛm krataa The Gazette a wɔyɛ wɔ Montreal no bɔ amanneɛ sɛ nsanom ne nnuru a wɔsɔ hwɛ abɛyɛ “mmerante ne mmabaa asetra kwan.” Eyi kyerɛ sɛ awofo wɔ “asɛyɛde a ɛne sɛ ɛsɛ sɛ wɔma wɔn ani ku nsakrae a ɛba [wɔn] mma a wɔadu mpanyin afe so no abrabɔ mu no ho.”
Dɛn na ɛde mpanyin afe so nsɛnnennen yi ba a ɛsɛ sɛ awofo hwɛ? Nipadua mu, nkate, ne sɛnea wɔne afoforo bɔ ho sɛnkyerɛnne a Amerika Adesua Fekuw Ma Mmofra ne Wɔn a Wɔadu Mpanyin Afe So Adwenem Ayaresa hui no kyerɛ sɛ ɔbrɛ ntraso, nsakrae a ɛba wɔn nipasu ne suban mu, dan mu a wɔhyɛ kyɛ, anuɔden ne mmara so a wobu ma wɔn ho kyere wɔn.
Ɔkwan bɛn so na awofo bɛbɔ wɔn mma ho ban afi ɔhaw a ɛte saa ne nneɛma bɔne a efi mu ba no ho? Ɔbenfo Jeffrey L. Derevensky a ɔwɔ McGill Sukuupɔn mu no gye tom sɛ nkitahodi pa ne obu a wɔbɛkyerɛ ama abofra bere a ɔrenyin no betumi atew saa nsɛnnennen no so akyiri yi. The Gazette atesɛm krataa no de ka ho sɛ, ɛwom sɛ wɔtaa pɛ ahofadi pii bere a wɔadu mpanyin afe so no de, nanso mmofra a wonnya nnii mfe aduonu no da so ara hia sɛ wɔn awofo de “akwankyerɛ, mmoa, ɔdɔ ne ateɛteɛ” ma wɔn. Saa nhwehwɛmu no ne Bible abebusɛm yi hyia: “Kyerɛ abofra ɔkwan a ɔmfa so, na sɛ onyin nso a, ɔremfi ho.” (Mmebusɛm 22:6) Onyankopɔn tu awofo fo sɛ wɔnyɛ nhwɛso pa, nnamfo, ne akyerɛkyerɛfo.—Deuteronomium 6:6, 7.