Bepɔw Athos—So Ɛyɛ “Bepɔw Kronkron”?
NNIPA a wɔboro ɔpepem 220 a wɔwɔ Ortodɔks Asɔre no mu no bu Bepɔw Athos, a ɛda Greece atifi fam no sɛ “Ortodɔks Kristofo bepɔw kronkron a ɛsen biara.” Wɔn mu pii fam no, akwantu a wɔde kɔhwehwɛ ɔsom mu nneɛma wɔ “bepɔw kronkron” Athos so no yɛ wɔn botae titiriw. Dɛn ne saa “bepɔw kronkron” yi? Ɛyɛɛ dɛn na ɛbɛyɛɛ biribi a ɛho hia saa? Na so ɛno ne “bepɔw” a ɛsɛ sɛ wɔn a wosuro Onyankopɔn no hwɛ kwan sɛ wobenya honhon fam akwankyerɛ ne nokware som afi mu?
Asɛm “bepɔw kronkron” no pue wɔ Bible mu. Wɔde bata nokware Nyankopɔn, Yehowa som a ɛkorɔn na ɛyɛ kronkron a nkekae biara nnim no ho. Bere a Ɔhene Dawid de apam adaka no baa tete Yerusalem Bepɔw Sion so no, ɛbɛyɛɛ “bepɔw kronkron.” (Dwom15:1; 43:3; 2 Samuel 6:12, 17) Bere a wosii Salomo asɔrefie no wɔ Bepɔw Moria so akyi no, faako a asɔrefie no si no bɛkaa “Sion” ho; ɛno nti Sion bɛyɛɛ Onyankopɔn “bepɔw kronkron.” (Dwom 2:6; Yoel 3:17) Esiane sɛ na Onyankopɔn asɔrefie no wɔ Yerusalem nti, ɛtɔ da a na wɔtaa frɛ kuropɔn no Onyankopɔn “bepɔw kronkron.”—Yesaia 66:20; Daniel 9:16, 20.
Ɛnnɛ nso ɛ? So Bepɔw Athos—anaasɛ nkoko biara—yɛ “bepɔw kronkron a ɛsɛ sɛ nnipa kɔ so kɔsom Onyankopɔn ma ɛsɔ n’ani?
Nkokorafie “Bepɔw Kronkron”
Bepɔw Athos wɔ apuei fam wɔ Chalcidice Asase Hwene a ɛda asase hiahiaa a ɛkɔbɔ Aegean Po a ɛda nnɛ Thessaloníki apuei fam so no so. Ɛyɛ abo bepɔw a ɛyɛ fɛ a efi po so kosi atifi no, ɛyɛ mita 2,032.
Wofi bere tenten abu Athos sɛ beae kronkron. Na wobu no sɛ anyame fie wɔ Greek anansesɛm mu ansa na Bepɔw Olympus bɛyɛɛ wɔn fie. Constantine Ɔkɛse bere so (afeha a ɛtɔ so anan Y.B.) akyi na Athos bɛyɛɛ Kristofo asɔre horow no kronkronbea. Sɛnea anansesɛm bi kyerɛ no, bere a “ɔbaabun” Maria ne Ɔsɛmpakafo Yohane rekɔ Cyprus akɔsra Lasaro no, ahum a ano yɛ den bi a etui maa wogyinaa Athos. Esiane sɛ Maria ani gyee bepɔw no fɛ ho nti, ɔsrɛe sɛ Yesu mfa mma no. Efi saa bere no, wɔfrɛɛ Athos sɛ “Ɔbaabun Kronkron Turo.” Ebeduu Byzantine bere no mfinimfini mu hɔ no, na wɔfrɛ ɔbotan no nyinaa sɛ Bepɔw Kronkron. Wogyee saa nsusuwii yi toom wɔ Ɔhempɔn Constantine IX Monomachos bere so wɔ afeha a ɛto so 11 mfinimfini.
Esiane sɛnea ayɛ mmonkyemmɔnka na atew ne ho no nti, Athos abɛyɛ baabi a ahotuafo taa tra. Wɔ mfeha no nyinaa mu no, wonyaa nyamesomfo fii Ortodɔks asɔre horow no nyinaa mu—Greekfo, Serbiafo, Romaniafo, Bulgariafo, Russiafo, ne afoforo—ma wɔnam wɔn asɔre horow ne wɔn manfo so sisii nkokorafie. Emu bɛyɛ 20 da so wɔ hɔ.
Sɛnea Bepɔw Athos Te Nnɛ
Ɛnnɛ, Athos yɛ ɔmantam a ɛde ne ho, na ɛwɔ mmara a wogye toom wɔ 1926 mu. Wɔ mfe bi a wɔn so tewee akyi no, nkokorafo a wɔte hɔ no dodow asan kɔ anim ma wɔboro 2000.
Nkokorafie no mu biara wɔ n’ankasa mfuw, asɔre dan ahorow, ne baabi a wɔte. Nkokorafo no asɔrefie a akyɛ paa no wɔ Karoúlia akuraa a ɛwɔ Bepɔw Athos atifi no ase. Ɔkwan biako pɛ a wobetumi afa so akɔ baabi a wɔabobɔ asese no ne sɛ wɔbɛfa anammɔnkwan so ne mmonkyemmɔnka mu, abotan ntrapoe, ne nhama ho aforo. Nkokorafo no da so ara de Byzantine nyansadɔn (a ɛda fi ase wɔ bere a owia akɔtɔ) ne Julian kalenda (a edi Gregorian kalanda no akyi nnafua13) no na ebu nna wɔ Athos.
Ɛwom sɛ wɔka sɛ ɔbea na ɔmaa saa beae no yɛɛ “kronkron” de, nanso mfe 1,000 ni a nkokorafo a wɔwɔ hɔ no abu saa asase hwene no nyinaa sɛ beae a ɛnsɛ sɛ mmea—mmoa ne nnipa nyinaa—kɔ, na saa ara nso na ayitotofo anaa ɔbarima a onni bogyesɛ biara nkɔ hɔ. Nnansa yi na wɔagow mmara a ɛfa bogyesɛ ne mmoa ho no mu kakra, nanso wɔda so ara bara mmea denneennen sɛ wɔmmmɛn Athos mpoano bɛyɛ mita 500.
“Bepɔw Kronkron” Ma Obiara
So Athos ne “bepɔw kronkron” a ɛsɛ sɛ Kristofo a wosuro Onyankopɔn no ba so bɛsom? Bere a na ɔrekasa akyerɛ Samariani bea a na ogye di sɛ ɛsɛ sɛ wɔsom Onyankopɔn wɔ Bepɔw Gerisim so no, Yesu maa emu daa hɔ pefee sɛ bepɔw biara ho nhia wɔ beae a wɔsom Onyankopɔn no ho. Yesu kae sɛ: “Da no reba a ɛnyɛ [Garisim] anaasɛ Yerusalem na mobɛsɔre agya no.” Dɛn ntia? ‘Onyankopɔn yɛ honhom, na ɛsɛ sɛ wɔn a wɔsɔre no no, sɔre no honhom ne nokware mu.’—Yohane 4:21, 24.
Ɔretwe adwene asi yɛn bere yi so no, odiyifo Yesaia kaa no sɛnkyerɛnne kwan so sɛ: “[Yehowa, NW] fi bepɔw no betim hɔ ataa mmepɔw atifi, na wɔama so asen nkoko nyinaa, na amanaman nyinaa asen yuu aba ho.”—Yesaia 2:2, 3.
Wɔto nsa frɛ mmarima ne mmea a wɔpɛ sɛ wonya Onyankopɔn anim dom no sɛ wɔmmɛsom Yehowa wɔ “honhom ne nokware mu.” Nnipa ɔpepem pii a wɔwɔ wiase ahu kwan a wɔde kɔ ‘Yehowa bepɔw’ so no. Wɔn nso te nka te sɛ Greece mmaranimfo bi a ɔkaa Athos ho asɛm sɛ: “Mennye nni sɛ honhom mu nneɛma wɔ mmeae pɔtee bi anaasɛ nkokorafie” no.—Fa toto Asomafo no Nnwuma 17:24 ho.
[Kratafa 31 adaka]
Wɔahu Akorade a Ahintaw Bere Tenten Ni No
Mfehaha pii ni a Athos nkokorafo no de aboaboa akorade a ɛsom bo ano a nsaano nkyerɛwee bɛyɛ 15,000 ka ho, a ebinom kyerɛ sɛ wɔkyerɛw no bɛyɛ afeha a ɛtɔ so anan no mu, ma enti wobu no sɛ nneɛma a wɔde asie a ɛsom bo paa wɔ wiase no mu biako. Nhoma mmobɔwee, Nsɛmpa no mu nhoma pii, nnwom nhoma ahorow, ne mfonini, ahoni, adwinne, ne nneɛma a wɔde nnade ayɛ. Wobu nkontaa sɛ, Hela nsaano nkyerɛwee a ɛwɔ wiase no mu nkyem anan mu biako wɔ Bepɔw Athos so, na pii mpo wɔ hɔ a ehia sɛ wɔkeka bom yiye. Wɔ 1997 mu no, nkokorafo no penee so bere a edi kan koraa maa wɔde wɔn nnwinne no bi kɔkyerɛe wɔ Thessaloníki.
[Mfonini Fibea wɔ kratafa 31]
Telis/Greek National Tourist Organization