Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w93 5/1 kr. 8-9
  • Sinai—Mose ne Mmɔborohunu Bepɔw

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Sinai—Mose ne Mmɔborohunu Bepɔw
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Yehowa Akwan A Yebesua Ahu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2005
  • Mose—Sɛnea N’asetra Ka Wo
    Nyan!—2004
  • Wɔhyɛɛ Yehowa Bɔ
    Sua Biribi Fi Bible Mu
  • Wɔanni Wɔn Bɔhyɛ So
    Sua Biribi Fi Bible Mu
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
w93 5/1 kr. 8-9

Bɔhyɛ Asase no So Mmeae Ahorow

Sinai​—Mose ne Mmɔborohunu Bepɔw

SƐ wususuw Bepɔw Sinai ho a, ebia Mose ho asɛm ba w’adwenem. Dɛn ntia? Efisɛ Mose gyee Onyankopɔn Mmara no wɔ Sinai Supɔw no so bepɔw bi so. Bepɔw bɛn? Ɛbɛyɛ sɛ nea ɛwɔ atifi hɔ no.a

Wɔ supɔw no kesee fam, bɛyɛ Ɛpo Kɔkɔɔ no suka no mfinimfini no, bepɔw bi a n’atifi yɛ abien wɔ hɔ. Ɛhɔ tebea no fata Bible kyerɛwtohɔ ahorow a ɛfa Mose ho no. Wɔfrɛ atifi biako Jebel Musa, a ɛkyerɛ “Mose Bepɔw.”

Bible kyerɛwtohɔ ahorow ma saa din no fata. So wokae sɛ na Mose rehwɛ Yetro nguankuw bere a ɔbɔfo bi baa ne nkyɛn wɔ wura a ɛredɛw bi mu no? Esii wɔ he? Bible no se esii wɔ “Onyankopɔn bepɔw Horeb,” a wɔsan frɛ no Bepɔw Sinai no ho. (Exodus 3:1-10; 1 Ahene 19:8) Mose dii Onyankopɔn nkurɔfo anim fii Misraim akyi no, ɔde wɔn baa ha. Exodus 19:2, 3 ka sɛ “Israel bɔɔ nsra bepɔw no anim hɔ. Na Mose foro kɔɔ Onyankopɔn nkyɛn, na [Yehowa] fi bepɔw no so frɛɛ no.”

Ɛno ne nea edi kan a Mose foroo Bepɔw Sinai, na ɔyɛɛ pii sen foro a ɔforoe no. Yɛkenkan sɛ: “Na [Yehowa] sian baa Sinai bepɔw so wɔ bepɔw no atifi; na [Yehowa] frɛɛ Mose kɔɔ bepɔw no atifi.”​—Exodus 19:20.

Ɛnnɛ akwantufo pii a wɔkɔhwɛ mmeaemmeae de mmɔdenbɔ adi akwan a wɔatwa no akyi anadwo akodu atifi hɔ, atwɛn ahwɛ owia a ɛrepue, na ebedu owigyinae no na wɔasian aba fam. Ná ɛnte saa wɔ Mose fam. Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ: “Foro bra me nkyɛn bepɔw no so bɛtra ha, na mɛma wo abo pon ne mmara.” Saa bere no, “Mose dii bepɔw no so adaduanan awia ne anadwo.”​—Exodus 24:12-18.

Enti ntease wom sɛ wɔde Mose din bata bepɔw yi ho, nanso dɛn nti na “mmɔborohunu” bata ho? Wiɛ, bere a Mose wɔ atifi hɔ regye Mmara no, nkurɔfo no yɛɛ ade a nyansa nnim wɔ asase tamaa a ɛwɔ ase hɔ no so (ebia wɔ er-Raha asase tamaa a ɛwɔ mfonini no mu so). Wɔde nhyɛso baa Mose nuabarima so ma ɔyɛɛ onyame bi maa wɔn. Aaron kae sɛ: ‘Munyiyi sika asomde no na momfa mmrɛ me.’ Enti wɔyɛɛ sika nantwi ba na wɔsomee. Eyi maa nokware Nyankopɔn no bu fuwii, na ɛmaa nnipa mpempem pii wuwui. (Exodus 32:1-35) Nanso wohuu Aaron mmɔbɔ, na wɔkoraa no so. Dɛn ntia?

Onyankopɔn asɛm a ɔkae wɔ Exodus 32:10 no kyerɛ sɛ wammu Aaron sɛ ɔno titiriw na ɔmaa Israefo no yɛɛ bɔne. Na bere a wɔrebua ɔsɛmpɔw no, “Lewifo nyinaa” pawee sɛ wobegyina Onyankopɔn afã, na akyinnye biara nni ho sɛ ná Aaron ka ho. (Exodus 32:26) Enti ɛmfa ho sɛ Aaron dii fɔ ɔkwan bi so no, onyaa Onyankopɔn hɔ mmɔborohunu wɔ Bepɔw Sinai ase.

Akyiri yi, Mose kyerɛe sɛ ɔpɛ sɛ ohu Yehowa yiye, na ohu N’anuonyam. (Exodus 33:13, 18) Ɛwom sɛ na entumi nyɛ yiye sɛ Mose behu Onyankopɔn anim de, nanso Yehowa yii N’anuonyam no bi adi kyerɛɛ no, na osii so dua sɛ ‘Obehu nea Obehu no mmɔbɔ no mmɔbɔ.’ (Exodus 33: 17​—34:7) Ná ɛfata yiye sɛ Onyankopɔn sii ne mmɔborohunu so dua efisɛ Bible no de “mmɔborohunu” di dwuma mpɛn pii sen biara de ka sɛnea Onyankopɔn ne Israel, a ɔne wɔn yɛɛ apam wɔ Sinai no dii ho asɛm.​—Dwom 103: 7-13, 18.

Ahɔho a wɔkɔ Bepɔw Sinai so nnɛ no hu nkokorafi wɔ n’ase, a ɛyɛ den sɛ ɛbɛkae obi nokware som a Mose suaa ho ade wɔ atifi hɔ bepɔw no so no. Mmom no, ɔsom a ɛkɔ so wɔ nkokorafi hɔ no de adwene si ahoni so. Nea ɛwɔ ase ha no yɛ “Antwɛri a ɛkɔ Paradise.” Egyina nhoma bi a ɔkokorani bi a odi Hela atetesɛm ne Apuei Famfo amanneɛ akyi, John Climacus, kyerɛw so. Bere a odii bɛyɛ mfe 40 wɔ nkokorafi dan bi a atew ne ho mu akyi no, ɔbɛyɛɛ nkokorafo kannifo wɔ nkokorafi hɔ, na ɔkyerɛw sɛnkyerɛnne kwan so antwɛri bi a ɛkɔ soro ho asɛm. Nanso hyɛ no nsow sɛ wɔatwa asɔfo bi ho mfonini sɛ adaemone retwe wɔn akɔ hellgya daa ayayade mu. Emu da hɔ pefee de, nanso ennyina Kyerɛwnsɛm no so.​—Ɔsɛnkafo 9:5. 10; Yeremia 7:31.

Nea ɛne saa atoro nkyerɛkyerɛ no bɔ abira no, nokware no ne sɛ Ade Nyinaa so Tumfoɔ no yɛ “Oyankopɔn mmɔborohunufo ne ɔdomfoɔ, nea n’abodwo kyɛ na n’adɔeyɛ ne ne nokware dɔɔso pii.” (Exodus 34:6) Mose twiw bɛn Onyankopɔn mmɔborohunufo yi wɔ Bepɔw Sinai so.

[Ase hɔ asɛm]

a Sɛ wopɛ mfonini yi kɛse a, hwɛ 1993 Calendar of Jehovah’s Witnesses no mu.

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 8]

Pictorial Archive (Near Eastern History) Est.

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 9]

Pictorial Archive (Near Eastern History) Est.

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 9]

Pictorial Archive (Near Eastern History) Est.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena