Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • lfb adesua 24 kr. 62-kr. 63 nky. 2
  • Wɔanni Wɔn Bɔhyɛ So

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wɔanni Wɔn Bɔhyɛ So
  • Sua Biribi Fi Bible Mu
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Sika Nantwi Ba No
    Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
  • Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2010
  • Yehowa Akwan A Yebesua Ahu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2005
  • Mose—Sɛnea N’asetra Ka Wo
    Nyan!—2004
Hwɛ Pii Ka Ho
Sua Biribi Fi Bible Mu
lfb adesua 24 kr. 62-kr. 63 nky. 2
Israelfo no reto dwom, na wɔresaw twa sika nantwi ba honi no ho hyia

ADESUA 24

Wɔanni Wɔn Bɔhyɛ So

Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: ‘Bra me nkyɛn wɔ bepɔw no so. Mɛkyerɛw me mmara agu abopon anaa abo so ama wo.’ Enti Mose foro kɔɔ bepɔw no so, na ɔtenaa hɔ nna mmaako mmaako 40, awia ne anadwo. Mose wɔ hɔ no, Yehowa kyerɛw Mmara Nsɛm Du guu abopon mmienu so maa no.

Mose reto abopon no abɔ fam

Ɛkyɛe kakra no, ɛyɛɛ Israelfo no sɛ Mose agyaw wɔn hɔ. Enti wɔka kyerɛɛ Aaron sɛ: ‘Yɛpɛ sɛ obi di yɛn anim. Yɛ nyame ma yɛn!’ Aaron nso kaa sɛ: ‘Momfa sika kɔkɔɔ a ɛhyehyɛ mo no mma me.’ Afei ɔnanee sika kɔkɔɔ no, na ɔde yɛɛ nantwi ba honi. Ɛnna nkurɔfo no kaa sɛ: ‘Nantwi ba yi ne yɛn Nyankopɔn, ɔno na oyii yɛn fii Egypt!’ Wɔfii ase som sika nantwi ba honi no, na wɔdii afahyɛ nso. Wohwɛ a, na ɛyɛ bɔne? Aane, efisɛ na Israelfo no ahyɛ bɔ sɛ Yehowa nko ara na wɔbɛsom no. Nanso afei de, na wɔrebu ɛbɔ a wɔahyɛ no so.

Yehowa huu nea na ɛrekɔ so no nyinaa. Enti ɔka kyerɛɛ Mose sɛ: ‘Si kɔ nkurɔfo no nkyɛn. Wɔrebu me mmara so, na wɔresom atoro nyame bi.’ Enti Mose sian fii bepɔw no so. Ná okura abopon mmienu no.

Bere a Mose rebɛn baabi a Israelfo no wɔ no, ɔtee sɛ wɔreto dwom. Afei ohuu sɛ wɔresaw, na wɔrekotow nantwi ba no. Enti Mose bo fuwii paa. Ɔtoo abopon mmienu no bɔɔ fam, na ebubuu nketenkete. Ntɛm ara na ɔsɛee ohoni no. Afei obisaa Aaron sɛ: ‘Ɛyɛɛ dɛn na nkurɔfo no ma woyɛɛ adebɔne a ɛte saa?’ Aaron nso kaa sɛ: ‘Mma wo bo mfuw. Wunim sɛnea nkurɔfo yi te. Ná wɔreka sɛ wɔpɛ nyame, enti mede wɔn sika kɔkɔɔ no guu ogya mu. Ɛnna nantwi ba yi fii mu bae!’ Ná anka ɛnsɛ sɛ Aaron yɛ saa. Enti Mose san foro kɔɔ bepɔw no so. Ɔkɔpaa Yehowa kyɛw sɛ ɔmfa nkurɔfo no bɔne nkyɛ wɔn.

Wɔn a na wɔpɛ sɛ wɔsom Yehowa no, ɔde wɔn bɔne kyɛɛ wɔn. Mose na na odi Israelfo no anim. Enti afei, woahu nea enti a na ɛsɛ sɛ Israelfo no tie no no?

“Sɛ wohyɛ Onyankopɔn bɔ a, ntwentwɛn wo nan ase sɛ wubedi so, efisɛ n’ani nnye nkwaseafo ho. Ɛbɔ a woahyɛ no, di so.”—Ɔsɛnkafo 5:4

Nsɛmmisa: Bere a Mose nni hɔ no, dɛn na Israelfo no yɛe? Mose bae no, dɛn na ɔyɛe?

Exodus 24:12-18; 32:1-30

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena