Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w10 5/15 kr. 21
  • Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2010
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Wɔanni Wɔn Bɔhyɛ So
    Sua Biribi Fi Bible Mu
  • Mose Ne Aaron—Nnipa a Wɔde Akokoduru Kaa Onyankopɔn Asɛm
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • Mose Ne Aaron Nyaa Akokoduru
    Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2020
  • Mose Bɔ Ɔbotan No
    Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2010
w10 5/15 kr. 21

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Sɛ Yehowa kyi abosonsom a, dɛn nti na wantwe Aaron aso wɔ sika nantwi ba a ɔyɛe no ho?

Bere a Aaron yɛɛ sika nantwi ba a wɔaka ho asɛm wɔ Exodus ti 32 no, obuu Onyankopɔn mmara a ɛfa abosonsom ho no so. (Ex. 20:3-5) Ɛno nti, “Yehowa bo fuw Aaron . . . denneennen ma anka ɔretwa no afi hɔ, nanso [Mose paa] kyɛw maa Aaron nso saa bere no.” (Deut. 9:19, 20) So ɔtreneeni Mose adesrɛ no nyaa “tumi kɛse” wɔ Aaron asɛm no mu? (Yak. 5:16) Yiw. Esiane saa adesrɛ no ne anyɛ yiye koraa nneɛma foforo abien bi nti, ɛte sɛ nea Yehowa tiee Mose mpaebɔ no ma enti wantwe Aaron aso.

Ɛbɛyɛ sɛ ade biako nti a Yehowa antwe Aaron aso ne ne nokwaredi. Bere a Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ ɔnkɔ Farao anim nkoyi Israelfo no mfi Egypt no, ɔpaw Aaron sɛ onnyina Mose ananmu nkasa mma no. (Ex. 4:10-16) Saa mmarima baanu yi yɛɛ osetie kɔɔ Egypt hene no anim mpɛn pii, na wogyinaa nneɛma a Farao a na ne koma yɛ den yɛe no ano. Enti, bere a na Aaron da so wɔ Egypt no, ɔde nokwaredi som Yehowa a wanhinhim.—Ex. 4:21.

Afei nso, susuw nea ɛmaa Aaron yɛɛ sika nantwi ba no ho hwɛ. Ná Mose akodi nnafua 40 wɔ Bepɔw Sinai so. Bere a “nkurɔfo no hui sɛ Mose akyɛ wɔ bepɔw no so no,” wɔhyɛɛ Aaron sɛ ɔnyɛ ohoni mma wɔn. Aaron penee so yɛɛ sika nantwi ba honi maa wɔn. (Ex. 32:1-6) Nanso, nea Aaron yɛe akyiri yi ma ɛdaa adi sɛ na n’ani nnye saa abosonsom yi ho ankasa. Ɛte sɛ nea hyɛ a nkurɔfo no hyɛɛ no no na ɛma ɔyɛe. Sɛ nhwɛso no, bere a na Mose reka abosonsom no ho asɛm ma obiara akyerɛ ne gyinabea koraa no, Lewi mma nyinaa a na Aaron ka ho gyinaa Yehowa afã pintinn. Wokunkum abosonsomfo 3,000, a wɔn titiriw na wɔkɔfaa abosonsom no bae no.—Ex. 32:25-29.

Ɛno akyi no, Mose ka kyerɛɛ nkurɔfo no sɛ: “Moayɛ bɔne kɛse.” (Ex. 32:30) Enti, ɛnyɛ Aaron nkutoo na na bɔne no ho asodi da no so. Yehowa daa mmɔborɔhunu kɛse adi kyerɛɛ Aaron ne nkurɔfo no.

Bere a sika nantwi ba no ho asɛm to twae no, Yehowa kae sɛ wɔnsra Aaron sɛ ɔsɔfo panyin. Onyankopɔn ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Fa ntade kronkron no hyɛ Aaron na sra no tew ne ho na ama watumi asom wɔ m’anim sɛ ɔsɔfo.” (Ex. 40:12, 13) Ɛda adi sɛ, Yehowa de Aaron bɔne kyɛɛ no wɔ mmerɛwyɛ a ɔdaa no adi no ho. Aaron fi ne komam de nokwaredi gyinaa nokware som akyi, na na ɔnyɛ obi a ɔtew atua kɔsom abosom.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena