Mmepɔw So Abotan So Afunibufo
NA TETE kurow ne asasetaw a atwa ho ahyia a wɔfrɛ no En-gedi no da Po a Awu no ano wɔ atɔe fam. Mpɔtam hɔ akwan a ɛdeda abotan mu ne abotan kuronkuron no ma Bɔhyɛ Asase no so mmepɔw so abirekyi a ɔte sɛnea wuhu wɔ ha no nya trabea pa.
Abɔde a otumi gyina hɔ pirim yi ka mmoadoma a wɔn ho yɛ nwonwa no ho. Ma yemmue Bible no nhwɛ aboa a ne ho yɛ anika yi yiye.
‘Mmepɔw Atenten So na Mmepɔw So Mmirekyi Tra’
Saa na odwontofo no too dwom. (Dwom 104:18) Mmepɔw so mmirekyi tra mmeae a ɛkorɔn! Wɔn ho yɛ hare paa, na wɔde ahotoso ne ahoɔhare kɛse nantew baabi a ɛhɔ yɛ abonkyiabonkyi. Sɛnea wɔyɛɛ wɔn tɔte ka ho bi na ɛma wotumi yɛ saa. Abirekyi no mu duru tumi ma ne tɔte ntam akwan no mu buebue, na ɛmma aboa no nwatiriw bere a ogyina hɔ anaa ɔnam ɔbotan hweahweaa so no.
Afei nso mmepɔw so mmirekyi tumi gyina hɔ pirim ma ɛyɛ nwonwa yiye. Wobetumi ahuruw akɔ akyiri paa akosi abotan hwirenhwiren a ɛyɛ den sɛ wɔn nan anan no nyinaa besi so no so. Bere bi abɔde a nkwa wom ho nimdefo Douglas Chadwick huu mmepɔw so abirekyi foforo bi sɛ ɔde tumi a ɛma ogyina hɔ pirim no redi dwuma na wanka ɔbotan bi a ɛyɛ hweahweaa dodo sɛ ɔbɛdan ne ho wɔ so so. Ɔka sɛ: “Bere a abirekyi no ani bɔɔ ɔbotan a ɛtoa so no so wɔ bɛyɛ mita 120 no, ɔde ne nan a ɛwɔ anim no soo mu de akyi de no nantew brɛoo bɛfaa ne ti so wɔ ɔbotan no so te sɛ nea ɔrebu afiripata. Bere a me yam hyehye me no, abirekyi no kɔɔ so yɛe kosii sɛ ne nan a ɛwɔ akyi no baa fam ma n’anim kɔhwɛɛ baabi a ofi bae no.” (National Geographic) Ɛnyɛ nwonwa sɛ wɔfrɛ mmepɔw so mmirekyi sɛ “mmepɔw so abotan so afunibufo”!
‘So Wunim Mmepɔw So Mmirekyi Awo Bere?’
Mmepɔw so mmirekyi yɛ abɔde a wɔyɛ ahufo paa. Wɔpɛ sɛ wɔtew wɔn ho fi nnipa ho. Nokwarem no, ɛyɛ den ma nnipa sɛ wɔbɛbɛn wɔn yiye asua wɔn ho ade wɔ wɔn trabea. Enti, na “mmepɔw apem so mmoa” Wura no betumi abisa ɔbarima Hiob ma afata sɛ: “So wunim mmepɔw so abotan so mmirekyi awo bere?”—Dwom 50:10; Hiob 39:1, NW.
Nkatede a Onyankopɔn de ama mmepɔw so abirekyi bere no ma ohu n’awo bere. Ɔhwehwɛ baabi a ahobammɔ wɔ na ɔwo ɔba biako anaa abien, mpɛn pii no wɔ May anaa June awiei. Mma a wɔwo wɔn foforo no tumi gyina hɔ pirim wɔ nna kakraa bi ntam.
“Ɔdɔ Satwe ne Mmepɔw So Abirekyi a Ne Ho Yɛ Fɛ No”
Onyansafo Ɔhene Salomo hyɛɛ okununom nkuran sɛ: “Wo ne wo mmerantebere mu yere ani nnye, ɔdɔ satwe ne mmepɔw so abirekyi a ne ho yɛ fɛ no.” (Mmebusɛm 5:18, 19, NW) Na ɔmfa eyi mmu mmea animtiaa. Ɛda adi sɛ na Salomo reka mmoa yi ahoɔfɛ, anuonyam ne su pa afoforo ho asɛm.
Mmepɔw so abirekyi no ka “akra a ɛte ase” pii a edi Ɔbɔadeɛ no nyansa ho adanse ma ɛboro so no ho. (Genesis 1:24, 25, NW) So ɛnyɛ yɛn anigye sɛ Onyankopɔn de abɔde pii a wɔn ho yɛ anika atwa yɛn ho ahyia?
[Mfonini Fibea wɔ kratafa 24]
Athens University na ɛmaa hokwan