Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w99 12/1 kr. 26-29
  • Mma Wo Mmɔdenbɔ Mmmɛyɛ Wo Mmerɛwyɛ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Mma Wo Mmɔdenbɔ Mmmɛyɛ Wo Mmerɛwyɛ
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Fa Wo Nimdeɛ Di Dwuma Nyansam
  • Ma Kristosom Nto Wo Mmɔdenbɔ So
  • Adwene a Ɛkari Pɛ a Yebenya Wɔ Hokwan Ahorow Ho
  • Mmea a Wɔfata—Wɔyɛ Nhyira Ankasa
  • Anuɔden a Yebedi So
  • Yehowa Nhyira Ma Yɛyɛ Adefo
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2001
  • Hwɛ Yiye wɔ Ahohoahoa Ho
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
  • Anisɔ a Yebenya Ama ‘Nnipa Mu Akyɛde’ No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
  • Agya ne Ɔpanyin—Asɛyɛde Ahorow Abien no Ho Dwumadi
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
w99 12/1 kr. 26-29

Mma Wo Mmɔdenbɔ Mmmɛyɛ Wo Mmerɛwyɛ

Esiane sɛ na Titanic no wɔ adan 16 a nsu ntumi nkɔ mu nti, na obiara susuw sɛ po so hyɛn a na ɛyɛ fɛ yi ntumi mmem da. Bere a edi kan koraa a wɔde tuu kwan wɔ 1912 mu no, na ahyɛmma a wɔde gye nkwa a ebehia no bɛyɛ fã pɛ na ɛwom. Ɛhyɛn no kɔbɔɔ asukyenee bi mu ma ɛmemee maa nnipa bɛboro 1,500 hweree wɔn nkwa.

NÁ TETE Yerusalem hene Usia yɛ ɔsahene a ɔyɛ den. Ɛdenam Yehowa mmoa so no, odii n’atamfo nyinaa so nkonim mmiako mmiako. “[Usia] din hyetae kɔɔ akyirikyiri pa, na onyaa ɔboa a ɛyɛ nwonwa kosii sɛ ne ho yɛɛ den.” Nanso, “ɛhoran no ma ɔsɛee, na ɔfom [Yehowa, NW] ne Nyankopɔn.” Esiane Usia ahantan nti, ɔyaree kwata.—2 Beresosɛm 26:15-21; Mmebusɛm 16:18.

Nsɛm abien yi kyerɛkyerɛ yɛn sɛ sɛ yɛamfa nyansa, anidahɔ, ne ahobrɛase anni dwuma amma yɛn ahoɔden ankari pɛ a, ebetumi abɛyɛ yɛn mmerɛwyɛ anaa adesoa. Eyi yɛ aniberesɛm, efisɛ ɔkwan bi so no, yɛn mu biara wɔ nea otumi yɛ anaa ɔdom akyɛde bi, na yɛbɛpɛ sɛ ɛso ba yɛne afoforo, titiriw yɛn Bɔfo no mfaso, na ama yɛn ani agye. Nokwarem no, ɛsɛ sɛ yɛde akyɛde biara a Onyankopɔn de ama yɛn no di dwuma kosi ase na bere koro no ara no, yɛhwɛ so yiye na ama yɛanya so mfaso bere nyinaa.

Sɛ nhwɛso no, obi a n’ani gye n’adwuma ho no betumi ama ne mmɔdenbɔ adan mmerɛwyɛ denam gye a ɔbɛma adwuma agye ne ti no so. Ebetumi ayɛ den sɛ obi bɛdaadaa obi a ɔde anidahɔ yɛ n’ade, nanso ebetumi aba sɛ, n’anidahɔ bebrebe no bɛma wayɛ obi a ontumi nsisi gyinae. Nneɛma a wɔyɛ no pɛpɛɛpɛ nso yɛ suban pa, nanso sɛ wɔma ɛkɔ akyiri dodo ma ebu ani gu nnipa so a, nea ɛde ba ne amunamuna ne kateeyɛ a ɛmfa anigye mma. Enti gye bere kakra fa susuw nneɛma a wobɔ mu mmɔden ho hwɛ. So wudi ho dwuma yiye? So afoforo nya so mfaso? Nea ɛsen biara no, so wode hyɛ Yehowa, “akyɛde pa nyinaa” Fibea no anuonyam? (Yakobo 1:17) Ɛno ho no, momma yɛnto yɛn bo ase nsusuw nneɛma a yɛbɔ mu mmɔden a sɛ yɛanhwɛ yiye a, ebetumi adan mmerɛwyɛ, anaa adesoa no ho nhwɛso ahorow bi ho nhwɛ.

Fa Wo Nimdeɛ Di Dwuma Nyansam

Nokwarem no, sɛ obi nim ade a, ɛyɛ ade pa. Nanso, sɛ ɛma yegye yɛn ho di dodo anaasɛ ɛma yebu yɛn ho tra so, titiriw sɛ nkurɔfo kamfo yɛn mmoroso anaa wogyigye yɛn so a, ɛbɛdan mmerɛwyɛ. Anaasɛ yebetumi abɛyɛ nkurɔfo a yetumi kenkan Onyankopɔn Asɛm ne Bible ho nhoma horow te ase kɛkɛ.

Yebetumi agye yɛn ho adi wɔ akwan pii so. Sɛ nhwɛso no, sɛ obi a onim ade paa nya dwumadi wɔ Kristofo asafo no mu, sɛ ebia baguam ɔkasa anaa Teokrase Ɔsom Sukuu mu kasa a, obetumi atwɛn akosi sɛ bere no bɛso ansa na wasiesie ne ho, na ebia ɔremmɔ mpae mpo nhwehwɛ Yehowa mmoa. Mmom no, ɔde ne ho to ne nimdeɛ ne tumi a otumi dwene nneɛma ho ntɛmntɛm no so. Ebia ne mmɔdenbɔ no bɛkata n’anibiannaso no so kakra, nanso sɛ wannya Yehowa mmoa koraa a, ne honhom mu nkɔso bɛbrɛ ase, na ebi mpo a atɔ nsu mu. Hwɛ sɛnea yɛma akyɛde pa yɛ ɔkwa!—Mmebusɛm 3:5, 6; Yakobo 3:1.

Ebetumi aba sɛ obi a onim ade nso betumi akenkan Bible ne ho nhoma ate ase kɛkɛ. Nanso, nimdeɛ a ɛte saa “horan,” anaa ɛma obi tirim yɛ no dɛ; ‘ɛnhyɛ’ Kristofo ntam abusuabɔ a ɔdɔ wom ‘ho nkuran.’ (1 Korintofo 8:1; Galatifo 5:26) Nanso, obi a ɔyɛ honhom muni no bɔ mpae srɛ Onyankopɔn honhom, na onya mu ahotoso. Bere a onya nkɔso wɔ ɔdɔ, ahobrɛase, nimdeɛ, ne nyansa mu—ma ne nyinaa kari pɛ—no, ne mmɔdenbɔ bɛyɛ nea mfaso wɔ so kɛse bere nyinaa.—Kolosefo 1:9, 10.

Sɛ nea yetumi yɛ ma yebu yɛn ho tra so nso a, ɛbɛyɛ mmerɛwyɛ, na ɛbɛda adi sɛ yenni ahobrɛase. Onipa a ɔwɔ ɔdom akyɛde—ne nea ɔhoahoa no no—werɛ betumi afi sɛ Yehowa ‘mmu komam nyansafo biara,’ ɛmfa ho ɔdom akyɛde biara a ebia ɔwɔ no. (Hiob 37:24) Onyankopɔn Asɛm ka sɛ: “Ahobrɛasefo na nyansa ne wɔn te.” (Mmebusɛm 11:2) Ɛwom sɛ na ɔsomafo Paulo nim ade yiye, na na wasua nhoma kɔ akyiri de, nanso ɔka kyerɛɛ Korintofo no sɛ: “Me nso, anuanom, mebaa mo nkyɛn no, mamfa asɛm anaa nyansa a ɛtra so . . . Na me de, mmerɛw ne ehu ne ahopopo bebree mu na me ne mo trae. Na me kasa ne m’asɛnka amfa nnipa nyansa adɛfɛdɛfɛ kwan so, na mmom ɛnam honhom ne tumi yikyerɛ mu, na mo gyidi annyina nnipa nyansa so, na mmom agyina Onyankopɔn tumi so.”—1 Korintofo 2:1-5.

Obi a ɔyɛ onyansafo ankasa no mma sɛnea wiase no bu adenim ne wɔn adwene wɔ nkɔso ho no nnaadaa no. Enti sɛ́ anka ɔde ne dom akyɛde bɛpɛ nnipa anim anuonyam anaasɛ ɔde benya honam fam nneɛma no, ɔyɛ nea obetumi nyinaa ma Onii a ɔmaa no nkwa ne ahoɔden no. (1 Yohane 2:15-17) Ne saa nti, ɔde Ahenni nneɛma di kan wɔ n’asetra mu, na ɛma ɔbɛyɛ sɛ “dua a atim asubɔnten ho a ɛsow n’aba.” Yehowa nhyira nti, ɛnyɛ n’ankasa ne dom akyɛde nti, “nea ɔyɛ nyinaa bewie yiye.”—Dwom 1:1-3; Mateo 6:33.

Ma Kristosom Nto Wo Mmɔdenbɔ So

Sɛnea ɛte no, Kristosom tumi ma obi yɛ nneɛma pii a wiase nyansapɛ ntumi nnu ho baabiara. Sɛ nhwɛso no, sɛnea Kristoni bɔ ne bra no ma ɔyɛ okumpa ne ɔyepa, ofipamfo pa, ne odwumayɛfo pa—nnipa a wodi nokware, wobu ade, pɛ asomdwoe, na wɔyɛ nsi. (Kolosefo 3:18-23) Bio nso, ntetee a Kristofo nya wɔ kasa ne nkyerɛkyerɛ mu no ma wotumi ne afoforo di nkitaho ahokokwaw so. (1 Timoteo 4:13-15) Enti, ɛnyɛ nwonwa sɛ adwumawuranom taa pɛ sɛ wɔbɔ Kristofo aba so de asɛyɛde pii hyehyɛ wɔn nsa. Nanso sɛ yɛanhwɛ yiya a, yɛremfa mmɔdenbɔ a ɛte saa nni dwuma ɔkwan pa so. Yɛn aba so a wɔbɛbɔ anaa adwuma bi a sika wom a wɔde bɛdaadaa yɛn no betumi ama yɛde yɛn ho nyinaa ama adwuma no, na yɛataa atoto Kristofo nhyiam a yɛbɛkɔ mu, anaasɛ yɛbɛma agye bere a ɛsɛ sɛ yenya ma yɛn abusua no.

Wɔ Australia no, na Kristoni ɔpanyin bi a ɔwɔ abusua na ɔsan yɛ adwumam panyin no “betumi adi yiye wɔ wiase no mu.” Nanso wanyɛ n’adwene sɛ obedi yiye wɔ nhyehyɛe yi mu. Ɔkae sɛ: “Na mepɛ sɛ minya bere pii ma m’abusua ne Kristofo som adwuma no.” Ɔde kaa ho sɛ: “Enti me ne me yere sii gyinae sɛ mɛtew bere a midi wɔ adwumam no so. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ meyɛ adwuma nnanum dapɛn biara, bere a ɛho nhia sɛ meyɛ saa?” Ɛdenam nsakrae kakra a ɔpanyin yi de ahwɛyiye yɛe wɔ n’asetram so no, obehui sɛ, sɛ ɔde nnansa anaa nnanan yɛ adwuma dapɛn biara a, obetumi ahwɛ n’abusua. Bere bi akyi no, wɔtoo nsa frɛɛ no ma okonyaa ɔsom hokwan ahorow te sɛ, Nhyiam Asa Boayikuw, ne ɔmantam nhyiam sohwɛ mu kyɛfa. Esiane sɛ ɔde mmɔdenbɔ dii dwuma nyansam nti, ɔne n’abusua nyaa anigye ne abotɔyam.

Adwene a Ɛkari Pɛ a Yebenya Wɔ Hokwan Ahorow Ho

Wɔhyɛ Kristofo mmarima nkuran sɛ wɔmpere nnu ɔsom mu hokwan ahorow ho wɔ asafo no mu. “Sɛ obi pɛ hwɛfodwuma [anaa asafo mu somfo] a, wapɛ adwuma pa.” (1 Timoteo 3:1) Sɛnea ɛte wɔ mmɔdenbɔ a yɛaka ho asɛm dedaw ho no, ehia sɛ yɛde atɛmpa di dwuma wɔ ɔpɛ a yɛwɔ sɛ yebegye asɛyɛde ato yɛn ho so no mu. Ɛnsɛ sɛ obiara sesaw dwumadi pii gu ne ho so ma Yehowa som adwuma no fono no. Yiw, eye sɛ obi benya ɔpɛ sɛ ɔde ne ho bɛma, efisɛ Yehowa ani nnye obi a ɔdɔ ne ho ho; nanso ɛsɛ sɛ yɛda ahobrɛase ne “adwenemtew” nso adi bere a yenya ɔpɛ sɛ yɛde yɛn ho bɛma no.—Tito 2:12; Adiyisɛm 3:15, 16.

Esiane sɛ na Yesu dwo, ɔwɔ nhumu ne tema nti, nnipa a nkurɔfo mmu wɔn koraa mpo ho ampopo wɔ n’anim. Saa ara na ɛnnɛ, nkurɔfo ho mpopo wɔ wɔn a wɔn mmɔdenbɔ ma wɔda tema adi na wosusuw afoforo ho no anim. Wɔ Kristofo asafo no mu no, mpanyimfo a wɔte saa a afoforo tumi bɛn wɔn no yɛ ‘nnipa mu akyɛde’ a wɔsom bo ankasa. Wɔyɛ “mframa ano hintabea ne osu ano guankɔbea, sɛ nkyekyerewa so nsuwansuwa, sɛ asase a akyen so botan kɛse onwini.”—Efesofo 4:8; Yesaia 32:2.

Nanso ɛsɛ sɛ mpanyimfo kari pɛ wɔ bere a wɔsɛe de boa afoforo ne bere a wɔn ankasa benya de ayɛ kokoam adesua, adwennwen nea wosua ho, mpaebɔ ne asɛnka ho. Sɛnea ɛte no, ehia nso sɛ mpanyimfo a wɔyɛ awarefo nso nya bere ma wɔn mmusua, na ɛsɛ sɛ wotumi bɛn wɔn yiye.

Mmea a Wɔfata—Wɔyɛ Nhyira Ankasa

Mmea a wɔyɛ honhom mufo no te sɛ mpanyimfo a wɔfata ara pɛ, na wɔyɛ akyɛde ma Yehowa ahyehyɛde no. Mmea wɔ su a ɛma wɔtaa nya nnipa foforo ho adagyew—suban a ɛsom bo ma Yehowa na ɔhyɛ ho nkuran. Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Mommma obiara nnhwɛ ne nko ade, na mmom ɔnhwɛ ne mfɛfo de bi.” (Filipifo 2:4) Nanso ‘afoforo ho anigye a yɛbɛkyerɛ’ yi wɔ baabi a ɛsɛ sɛ ekosi, efisɛ ɛnsɛ sɛ Kristoni biara yɛ ‘ɔsɛmpɛfo,’ na saa ara nso na ɛnsɛ sɛ ɔyɛ nsekufo.—1 Petro 4:15; 1 Timoteo 5:13.

Mmea wɔ ɔdom akyɛde foforo pii. Sɛ nhwɛso no, ebetumi aba sɛ ɔyere Kristoni bi nim ade sen ne kunu. Nanso, sɛ́ “ɔyepa” a osuro Yehowa no, obebu ne kunu na ɔde ne dom akyɛde no aboa no, na ɛnyɛ sɛ ɔne no besi akan. Na sɛ́ anka n’ani bɛbere ne yere anaa obenya no tirimka no, okunu a odwo na ɔbrɛ ne ho ase bɛkyerɛ obu ama nea ne yere tumi yɛ no, na wanya mu anigye. Ɔbɛhyɛ no nkuran ma ɔde ne nimdeɛ nyinaa aboa ahyɛ n’abusua no den na waboa ne mma ma ‘wɔasuro Yehowa’ te sɛ n’ankasa. (Mmebusɛm 31:10, 28-30; Genesis 2:18) Okununom ne ɔyerenom a wodwo na wɔbrɛ wɔn ho ase saa no, esi wɔn yiye wɔ wɔn aware mu na wɔhyɛ Yehowa anuonyam ankasa.

Anuɔden a Yebedi So

Sɛ yɛde ahobrɛase bata ho a, anuɔden a egyina trenee so na yefi ɔkra nyinaa mu de yɛ Yehowa apɛde no betumi ayɛ ade pa. Nanso, sɛ ɛma obi sisi nkurɔfo anaa ohunahuna wɔn a, ebetumi ayɛ mmerɛwyɛ. Eyi te saa titiriw wɔ Kristofo asafo no mu. Ɛnsɛ sɛ Kristofo suro wɔn ho wɔn ho, ne asafo mu mpanyimfo no.—Mateo 20:25-27.

Ɛsɛ sɛ mpanyimfo nso tumi ne wɔn ho wɔn ho bɔ a ehu biara nnim. Na sɛ wohyiam a, honhom kronkron na ɛsɛ sɛ ɛkyerɛ wɔn kwan ma wosisi gyinae, ɛnyɛ anuɔden. Nokwarem no, honhom kronkron betumi akanyan mpanyimfo kuw no muni biara, a ɔpanyin a osua koraa anaa nea ɔmpɛ kasa koraa, ka ho. Enti ɛmfa ho sɛ ebia wɔn a wɔn ani yɛ den no susuw sɛ nea wɔka teɛ no, ɛsɛ sɛ wɔma wɔn mmɔdenbɔ no kari pɛ, denam sua a wobesua sɛ wobetie afoforo so, na wɔnam so ‘adi’ wɔn mfɛfo mpanyimfo ‘ni.’ (Romafo 12:10) Ɔsɛnkafo 7:16 fi ayamye mu tu yɛn fo sɛ: “Nyɛ wo ho ɔtreneeni bebrebe, na nyɛ onyansafo ntra so: ɛdɛn nti na wobɛsɛe wo ho?”

Yehowa, nea “akyɛde pa nyinaa” fi no no de ne tumi a ano yɛ den no di dwuma ma ɛkari pɛ. (Yakobo 1:17; Deuteronomium 32:4) Ɔno ne yɛn Kyerɛkyerɛfo! Enti momma yensuasua no na yɛmmɔ yɛn ho mmɔden sɛ yebefi odwo, nyansa ne ɔdɔ mu de yɛn dom akyɛde ne yɛn mmɔdenbɔ nyinaa adi dwuma nyansam. Sɛ yɛyɛ saa a, monhwɛ nhyira ara a yɛbɛma afoforo anya!

[Kratafa 27 mfonini ahorow]

Honhom fam nkɔso gyina mpaebɔ mu a yefi sua ade, ne Yehowa mu ahotoso so

[Kratafa 29 mfonini]

Afoforo ho a yebesusuw ne ahobrɛase a yɛbɛda no adi yɛ nhyira

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 26]

Courtesy of The Mariners’ Museum, Newport News, VA

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena