Ahenni Adawurubɔfo Bɔ Amanneɛ
Teokrase Nkɔso Wɔ Namibia
ONYANKOPƆN AHENNI ho asɛmpa no duu Namibia bere a edi kan koraa wɔ 1920 mfe no awiei. Efi saa bere no, nnipa komapafo ɔhaha pii agye Onyankopɔn nkwagye asɛm no atom. Osuahu a edidi so yi kyerɛ sɛnea Yehowa reboaboa saa ade a wɔpɛ yi ano aba ne nguankuw no mu.—Hagai 2:7.
◻ Paulus, okuani bi a ɔte Namibia atifi apuei fam no hyiaa Yehowa Adansefo bere a edi kan koraa wɔ kuropɔn Windhoek mu bere a ɔkɔɔ hɔ no. Ntɛm ara na Paulus begye toom sɛ wahu nokware no. Ɔsan baa fie a na okura Wubetumi Atra Ase Daa Wɔ Paradise Wɔ Asase So nhoma no bi. Bere a ɔrekɔ Rundu, kurow a ɛbɛn pɛɛ a Ahenni Asa wɔ hɔ no, Paulus huu Yehowa Adansefo na ɔsrɛɛ wɔn sɛ wɔmmɛsra no.
Nanso na ɔkwan no ware dodo sɛ Adansefo no betumi ne Paulus abɛyɛ Bible adesua dapɛn biara. Paulus ampa abaw, nankasa fii ase suaa Bible no. Bio nso, ɔbɔɔ mmɔden kaa nea ɔresua no ho asɛm kyerɛɛ afoforo. Ankyɛ, wɔhyehyɛɛ Bible adesua kuw. Bere a kuw ketewa yi mufo tee wɔ radio so sɛ wɔbɛyɛ Yehowa Adansefo nhyiam wɔ Rundu no, wofii wɔn hia mu yii ntoboa de yɛɛ kar a wɔde bɛkɔ ho nhyehyɛe.
Hwɛ anigye ara a wonyae sɛ wɔne Yehowa Adansefo bɔɔ fekuw nea edi kan koraa! Wɔyɛɛ nhyehyɛe ntɛm ara na ama anuanom mmarima a wɔfata akɔsra kuw yi bere nyinaa. Ɛnnɛ, adawurubɔfo baasia na wɔwɔ akuraa a Paulus te mu no ase.
◻ Johanna ani baa Onyankopɔn din so na ɔkyerɛɛ ho anigye bere a ɔtee sɛ obi reka Yehowa Adansefo ho asɛm bɔne no. Ɔka sɛ: “Da a edi kan a metee edin Yehowa no, ɛtraa m’adwenem yiye, na mifii ase susuw onii ko a Yehowa yɛ ho. Ná me ne me kunu te bɛn Walvis Bay wɔ Namibia mpoano. Bere bi a yɛkɔɔ kurom no, mihuu sɛ Adansefo bi rekyekyɛ Ɔwɛn-Aban nsɛmma nhoma wɔ kwan ho. Migyee bi na mesrɛe sɛ esiane sɛ mewɔ nsɛmmisa pii nti, wɔne me mmɛyɛ Bible adesua. Bere a wɔka kyerɛɛ me sɛ wɔn kar asɛe nti wontumi mma no, misui. Ɛno akyi bere tiaa bi no, me kunu wui, na mekɔtraa Keetmanshoop. Na wɔama ɔkwampaefo titiriw (bere nyinaa ɔsɛmpakafo) bi dwumadi wɔ hɔ, enti migyee Nokware a ɛde kɔ Daa Nkwa Mu nhoma no bi wɔ ne hɔ. Mfiase pɛɛ na mihuu sɛ eyi ne nokware no.
“Awiei koraa no, wɔmaa me kwan maa mede me ho hyɛɛ asɛmpaka adwuma no mu, nanso na nnipa ho suro hyɛ me so. Bere a yɛnam afie afie mu no, mebɔɔ Yehowa mpae sɛ ɔmma minwu mmom sen sɛ ɔbɛma maka asɛmpa no. Bere a mede me ho hyɛɛ mmorɔn so adansedi mu nea edi kan no, mede me ho siee ɔkwan hiahiaa bi mu a na misusuw sɛ obiara nhu me. Awiei koraa no, minyaa akokoduru kakra de nsɛmma nhoma no kyerɛɛ obi a na ɔretwam, na ɛno ansa na meretumi aka biribi. Ɛdenam Yehowa mmoa so no, me ne nnipa pii bɔɔ Bible mu anidaso a mewɔ no ho nkɔmmɔ saa da no.
“Ɛnnɛ, wɔ mfe 12 akyi no, ɛwom sɛ ahia me wɔ honam fam de, nanso meda so ara nya akwampae adwuma hokwan no mu kyɛfa na mekɔ so nya anigye a enni kabea wɔ Ahenni no ho nokwasɛm a meka kyerɛ afoforo no mu.”