Hwɛ Yiye wɔ Ahohoahoa Ho
ƐNNƐ nnipa pii bu ahohoahoa sɛ su pa. Obi mmɔdenbɔ, n’ahokokwaw, ne nneɛma a watumi ayɛ a ɔde hoahoa ne ho no yɛ ade a aba so. Ebinom gye di sɛ ahohoahoa ho hia na wɔatumi ayɛ biribi. Afoforo te nka sɛ ɛma obu a obi wɔ ma ne ho no yɛ kɛse. Time nsɛmma no ka sɛ: “Ɛwom sɛ ahobrɛase bere ntwaam de, nanso afi ase reyɛ te sɛ nea ne bere atwam.” Nhoma kyerɛwfo Jody Gaylin ka sɛ: “Awerɛhosɛm ne sɛ ahohoahoa a ani nwu ho . . . ne ade foforo a aba so. Biribi foforo aba nkɔmmɔ a wɔne adamfo anaa ɔmannifo bi bɔ no mu: ahohoahoa.”
Nnipa a afoforo suasua wɔn no de gyinapɛn no asi hɔ. Ebia woate asɛm a obi a anka okura kuturukubɔ mu nkonimbo kae no: “Amma kɛkɛ sɛ mene wiase no mu onipa a ɔsen biara saa bere yi wɔ abakɔsɛm mu.” Asɛm a Beatles nnwontofokuw no muni kae no nso ahyeta yiye: “Mprempren yɛwɔ din sen Yesu Kristo.” Bere a ebinom faa no sɛ wɔkaa saa nsɛm no kɛkɛ no, afoforo buu wɔn a wɔkae no sɛ nhwɛsofo a wɔma wɔn ho so a ɛfata sɛ wosuasua wɔn.
Ahohoahoa a abu so no ma asemmisa yi sɔre: So eye sɛ obi bɛhoahoa ne ho wɔ n’ankasa ahode ne nneɛma a ɔbɔ mu mmɔden ho? Nokwarem no, ɛyɛ awosu sɛ obi ani begye nneɛma a watumi ayɛ ho na ɔne ne nnamfo ne n’abusuafo a wɔbɛn no no akyɛ mpo. Na wɔn a wɔde asɛm a wɔka sɛ, “Sɛ wowɔ bi a, fa tu wo ho” bɔ wɔn bra no nso ɛ? Bio nso, wɔn a wɔnhoahoa wɔn ho baguam, nanso wɔde anifere hwɛ hu sɛ afoforo behu wɔn mmɔdenbɔ ne nneɛma a wɔatumi ayɛ no nso ɛ? So ɛteɛ anaasɛ ɛho hia mpo sɛ obi bɛkamfo ne ho saa, sɛnea ebinom kyerɛ no?
Tumi a Enya wɔ Abusuabɔ So
Susuw tumi a afoforo ahohoahoa nya wɔ wo so no ho. Sɛ nhwɛso no, wubua nsɛm a wɔaka a edidi so yi dɛn?
“Nhoma ahorow a menkyerɛwee no ye sen nhoma ahorow a nnipa afoforo akyerɛw.”—Nhoma kyerɛwfo bi a wagye din.
“Sɛ na mewɔ hɔ wɔ adebɔ bere no mu a, anka mede nyansahyɛ ahorow bi a mfaso wɔ so bɛma ma wɔde ahyehyɛ amansan no yiye.”—Mfinimfini Mmere mu ɔhene bi.
“Onyankopɔn bi nni hɔ, efisɛ sɛ ebi wɔ hɔ a, anka migye di sɛ Ɔne me.”—Afeha 19 no mu nyansapɛfo bi.
So nsɛm a nnipa yi kae no ma w’ani gye wɔn ho? So wususuw sɛ w’ani begye wɔn fekubɔ ho? Ɛda adi sɛ w’ani rennye ho. Mpɛn pii no, ahohoahoa—nea wobu no aniberesɛm anaa agorudi mpo—ma afoforo yɛ basaa, wɔn bo fuw, ebia wɔyɛ ahoɔyaw. Eyi ne tumi a enyaa wɔ odwontofo Asaf a ɔkaa eyi no so: “Metwee ahupoofo ho ninkunu.” (Dwom 73:3) Nokwarem no, yɛn mu biara mpɛ sɛ ɔbɛma atenka bɔne aba yɛn nnamfo ne ayɔnkofo mu! Korintofo Nhoma a Edi Kan 13:4 ka sɛ: “Ɔdɔ nyɛ ahoahoa.” Onyankopɔn dɔ ne afoforo nkate a yebedwen ho bɛkanyan yɛn ma yɛakwati sɛ yɛde yɛn ahokokwaw ne yɛn ahode betu yɛn ho.
Sɛ obi di ne ho so na ɔde ahobrɛase kasa a, ɔma afoforo a wɔatwa ne ho ahyia no bo tɔ wɔn yam na wɔn ani gye wɔn ankasa ho. Eyi yɛ mmɔdenbɔ a ɛso nni. Ebia na eyi na ɛwɔ Britania ɔmanyɛfo Lord Chesterfield adwenem bere a otuu ne babarima fo sɛ: “Sɛ wubetumi a, yɛ onyansafo sen nnipa afoforo; nanso nka nkyerɛ wɔn.”
Ɔdom akyɛde a nnipa wɔ no gu ahorow. Ade a ne yɛ yɛ mmerɛw ma obi no yɛ yɛ den ma ɔfoforo. Ɔdɔ bɛkanyan obi ma ɔne afoforo a wɔmmɔ mmɔden wɔ nneɛma a ɔbɔ mmɔden wom mu no adi no mmɔborohunu so. Ɛda adi sɛ saa onii no bɔ mmɔden wɔ nneɛma afoforo mu. Ɔsomafo Paulo ka kyerɛɛ yɛn sɛ: “Menam ɔdom a wɔde adom me no so meka mekyerɛ mo mu biara sɛ onnnwen nntra nea ɛsɛ sɛ odwen, na mmom onnwen anidahɔ adwene, sɛnea Onyankopɔn asusuw gyidi akyekyɛ de ama obiara no.”—Romafo 12:3.
Ahohoahoa Fi Mmerɛwyɛ Mu
Bere a ebia ebinom bɛtwe wɔn ho afi ahohoahoafo ho esiane sɛ wɔte nka sɛ wɔba fam nti no, ɛsono nea afoforo yɛ wɔ ho. Wɔkyerɛ sɛ ahohoahoafo nnye wɔn ho nni. Nhoma kyerɛwfo Frank Trippett kyerɛ nea enti a obi a ɔhoahoa ne ho mpo ma obu a ɔwɔ no brɛ ase wɔ afoforo ani so no mu sɛ: “Obiara nim wɔ ne komam tɔnn sɛ mpɛn pii no ahohoahoa kyerɛ sɛ obi wɔ kokoam mmerɛwyɛ bi a ɛyɛ awerɛhow.” Esiane sɛ nnipa pii hu sɛnea ɔhohoahoafo no te ankasa pefee nti, so nyansa nnim sɛ ɔbɛkwati ne ho a otu a mfaso nni so no?
“Nanso Ɛyɛ Nokware!”
Saa na ebinom bɔ mmɔden kyerɛ sɛ eye sɛ wɔbɛhwehwɛ anuonyam ama wɔn ho. Wɔte nka sɛ esiane sɛ ɛyɛ nokware sɛ wɔbɔ nneɛma bi mu mmɔden nti, ɛbɛyɛ nyaatwom sɛ wɔbɛyɛ wɔn ho sɛ nea ɛnte saa.
Nanso so ɛteɛ sɛ wɔhoahoa wɔn ho? Obi de bu a obu ne ho no taa gyina n’ankasa nsusuwii ne ne nkate so. Ebia nea yebu no sɛ ɛyɛ mmɔdenbɔ soronko wɔ yɛn ankasa fam no nyɛ biribi titiriw biara mma afoforo. Nokwasɛm a ɛyɛ sɛ obi te nka sɛ ɛsɛ sɛ ɔde ne mmɔdenbɔ hoahoa ne ho no betumi akyerɛ sɛ ɛnyɛ mmɔdenbɔ kɛse biara koraa—ɛnyɛ kɛse a sɛ wammɔ ho dawuru a, wobehu. Bible no ka su a nnipa wɔ sɛ wɔbɛdaadaa wɔn ankasa ho no ho asɛm bere a etu fo sɛ: “Nea ɛyɛ no sɛ ogyina hɔ no nhwɛ yiye, na wanhwe ase.”—1 Korintofo 10:12.
Sɛ obi bɔ biribi pɔtee bi mu mmɔden yiye mpo a, so eyi ma ɛyɛ nea ɛteɛ sɛ ɔhoahoa ne ho? Dabi, efisɛ ahohoahoa hyɛ nnipa anuonyam, bere a ɔdom akyɛde biara a yɛwɔ no fi Onyankopɔn hɔ no. Ɔno na ɛsɛ sɛ onya anuonyam no. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ wɔhyɛ yɛn anuonyam wɔ biribi a wɔde woo yɛn ho? (1 Korintofo 4:7) Ɛno akyi no, sɛnea yɛbɔ nneɛma mu mmɔden no, saa ara nso na yɛwɔ mmerɛwyɛ ahorow. So nokwaredi hwehwɛ sɛ yɛbɛtwe adwene asi yɛn mfomso ne yɛn sintɔ ahorow so? Ɛte sɛ nea ahohoahoafo kakraa bi na wosusuw saa. Kae sɛ ebetumi aba sɛ na Ɔhene Herod Agrippa I yɛ ɔkasafo a n’ano awo yiye. Nanso ahobrɛase a na onni no ma ohyiaa owu a ɛyɛ yaw yiye. Saa asɛm a ɛyɛ hu a esii no kyerɛ sɛnea Onyankopɔn kyi ahohoahoa, te sɛ nea nnipa pii nso kyi no.—Asomafo no Nnwuma 12:21-23.
Mpɛn pii obi dom akyɛde horow ne ne mmɔdenbɔ da adi a ɛho nhia sɛ n’ankasa bɔ ho dawuru. Sɛ afoforo hu obi su horow ne nneɛma a watumi ayɛ na wɔkamfo a, ɛma n’anim ba nyam kɛse. Mmebusɛm 27:2 ka no nyansam sɛ: “Ma obi nyi wo ayɛ, na ɛnyɛ w’ano, ɔhɔho, na ɛnyɛ w’anofafa.”
So Ehia na Woatumi Ayɛ Biribi?
Ebinom te nka sɛ ɛho hia sɛ obi ankasa de ahotoso kamfo ne ho na watumi ayɛ biribi wɔ nnɛ akansi wiase yi mu. Ɛhaw wɔn sɛ, sɛ wɔanka wɔn mmɔdenbɔ ho asɛm na wɔammɔ ho dawuru a, wonhu wɔn, wɔnkyerɛ wɔn ho anisɔ. Nea ɛhaw wɔn no ne Vogue nsɛmma nhoma no mu asɛm yi: “Bere a kan no wɔkyerɛɛ yɛn sɛ ahobrɛase yɛ su pa no, mprempren yɛresua sɛ ahosodi betumi ayɛ sintɔ.”
Wɔn a wɔpɛ sɛ wɔfa wiase yi gyinapɛn ahorow so nya nkɔso fam no, ebia hia a eyi ho hia wɔn no teɛ ma wɔn. Nanso ɛsono Kristoni tebea. Onim sɛ Onyankopɔn dwen ahobrɛasefo ho, na ɔpaw sɛ ɔde wɔn a wɔbrɛ wɔn ho ase mmɔdenbɔ bedi dwuma na ɛnyɛ ahantanfo de. Enti, ɛnsɛ sɛ Kristoni fa ahopɛ akwan so. Nokwarem no, ebia obi a ogye ne ho di dodo no nam nkɛntɛnso ne anifere kwan so benya bere tiaa mu anuonyam. Nanso bere bi akyi no, ne ho da hɔ na wɔbrɛ no ase, na n’anim gu ase mpo. Ɛte sɛ nea Yesu Kristo kae no: “Obiara a ɔbɛma ne ho so no, wɔbɛbrɛ no ase; na obiara a ɔbɛbrɛ ne ho ase no, wɔbɛma no so.”—Mateo 23:12; Mmebusɛm 8:13; Luka 9:48.
Ahobrɛase so Mfaso Horow
Ralph Waldo Emerson kyerɛwee sɛ: “Onipa biara a mehyia no no korɔn sen me ɔkwan bi so. Ɛkyerɛ sɛ, misua biribi fi ne hɔ.” Asɛm a ɔkae no ne ɔsomafo Paulo afotu a honhom kaa no ma ɔde maa Kristofo sɛ “munnnwen biribi atutupɛ anaa anuonyamhunupɛ so, na mmom momfa ahobrɛase adwene mmu mo yɔnkonom nkyɛn mo ankasa mo ho” no hyia. (Filipifo 2:3) Ahobrɛase adwene yi ma obi sua biribi fi afoforo hɔ.
Enti hwɛ na wo mmɔdenbɔ annan wo mmerɛwyɛ. Mma ahohoahoa mmmrɛ wo mmɔdenbɔ ne nneɛma a watumi ayɛ no ase. Nya ahobrɛase ka wo su pa ahorow no ho. Eyi na ɛma afoforo nya obu kɛse ma wo. Ɛboa obi ma ɔne ne mfɛfo nnipa nya abusuabɔ pa, na onya Yehowa Nyankopɔn anim dom.—Mika 6:8; 2 Korintofo 10:18.