Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w03 3/15 kr. 31
  • Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2003
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Dɛn Nti Na Ɛsɛ Sɛ Yɛhyɛ Awurade Anwummeduan No Ho Fa?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2003
  • Nsemmisa A Efi Akenkanfo Hɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1985
  • ‘Monyɛ Eyi Mfa Nkae Me’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2013
  • Awurade Anwummeduane No​—Nea Enti a Yɛhyɛ Ho Fã
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2003
w03 3/15 kr. 31

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Sɛ Kristoni a wɔasra no antumi ankɔ Awurade Anwummeduan ho afahyɛ no ase a, so asafo no betumi ayɛ nhyehyɛe bi ama no?

Yiw. Bere a wosusuw Kristoni a wɔasra no a ɔyare na ebia waka dan mu ma enti ontumi ne asafo no mmom nni Kristo wu Nkaedi ho no, wobetumi ayɛ nhyehyɛe, na ɛsɛ sɛ wɔyɛ. Wɔ tebea a ɛte saa mu no, mpanyimfo kuw no betumi ayɛ nhyehyɛe ama ɔpanyin bi anaa Kristoni barima foforo a ne ho akokwaw de abodoo ne bobesa no bi akɔma wɔn yɔnko gyidini no saa anadwo no ara ansa na ade akye.

Ɔpanyin anaa onuabarima foforo a ɔrekɔsra no no betumi agyina tebea no so ama ɔkasa tiawa akenkan kyerɛw nsɛm a ɛfata. Obetumi adi nhwɛso a Yesu twa too hɔ bere a Ɔde Awurade Anwummeduan no sii hɔ no akyi. Sɛ nhwɛso no, obetumi akenkan Mateo 26:26 na ɔde abodoo a mmɔkaw nnim no ama no bere a wɔabɔ mpae no. Ɛno akyi no, onua a ɔreyɛ nsrahwɛ no betumi akenkan Mateo ti 26, nkyekyɛm 27 ne 28, na afei ɔde bobesa no ama no bere a wɔasan abɔ mpae awie no. Obetumi aka nsɛm tiawa afa sɛnea abodoo anaa bobesa no mu biara som bo fa no ho, na afei wɔabɔ mpae de awie.

Nokwarem no, ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden biara sɛ yɛbɛkɔ Awurade Anwummeduan no ase bere a asafo no rehyɛ ho fã no. Nanso dɛn na yebetumi ayɛ wɔ tebea a emu yɛ den a ɛfa Kristoni a wɔasra no a ɔyare paa, wɔagye no ato ayaresabea, anaasɛ biribi siw no kwan ma enti ɔnkɔ Nkaedi no bi bere a owia akɔtɔ wɔ Nisan 14 no ho? Sɛ ɛba saa a, nea wɔasra no no betumi adi nhwɛso a ɛwɔ Mose Mmara no mu no akyi na wayɛ Nkaedi no kokoam wɔ nnafua 30 akyi.—Numeri 9:9-14.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena