Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w85 2/1 kr. 30-31
  • Nsemmisa A Efi Akenkanfo Hɔ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nsemmisa A Efi Akenkanfo Hɔ
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1985
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Awurade Anwummeduane No​—Nea Enti a Yɛhyɛ Ho Fã
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
  • “Nguan Foforo” Ne Awurade Anwummeduan No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1985
  • Nsemmisa A Efi Akenkanfo Hɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
  • ‘Monyɛ Eyi Mfa Nkae Me’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2013
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1985
w85 2/1 kr. 30-31

Nsemmisa A Efi Akenkanfo Hɔ

◼ Sɛ Kristoni bi rentumi mma Awurade Anwummeduan afahyɛ no ase a, dɛn na ɛsɛ sɛ ɔyɛ?

Ɛho hia sɛ Kristofo kɔ Awurade Anwummeduan afahyɛ no ase, efisɛ bere a Yesu de sii hɔ no ɔkae sɛ: “Monyɛ eyi mfa nyɛ me nkae.” (Luka 22:19) Tete Kristofo no yɛɛ saa. Ɛno nti ná Paulo betumi akyerɛw afa Korinto anuanom a na afe biara ‘wohyiam sɛ asafo,’ anaa ‘wohyia wɔ faako’ ma Yesu afɔrebɔ wu Nkaedi no ho. (1 Korintofo 11:20, The New English Bible; Twi Bible Foforo) Nanso na dɛn na wobetumi ayɛ wɔ Nkaedi no ho wɔ tebea horow a emu yɛ den mu? Sɛ nhwɛso no, dɛn na Paulo ankasa yɛe bere a wɔde no too afiase (wɔrewɛn no na ebia wɔato no mpokyerɛ mpo) wɔ Kaesarea no?​—Asomafo no Nnwuma 23:35; 24:26, 27.

Esiane Yesu ahyɛde a na emu da hɔ no nti, sɛ na Paulo wɔ baabi a atew ne ho wɔ Awurade Anwummeduan bere no mu mpo a, ɛyɛ nea obesusuw Kyerɛwnsɛm mu nsɛm a ɛfa adeyɛ no ho no ho. Sɛ́ Kristoni a wɔde honhom asra no no, na ɔbɛbɔ mmɔden biara a obetumi sɛ obenya nneɛma a ɛfata na ɔde ayɛ. Ná bobesa yɛ nea abu so saa bere no, enti ɛmfa ho sɛ na Paulo yɛ deduani no, ebia na obetumi anya bobesa ne abodoo bi a ɔde bɛyɛ. Ná ɛno yɛ nea ebetumi aba saa ankasa bere a wɔde no kɔɔ Roma akyiri yi a na wɔmma kwan mma ompue nanso wɔma afoforo kwan ma wɔbɛsra no no. Ebia anuanom binom a wofi Roma bɔɔ mmɔden sɛ ‘wɔbɛba’ ne nkyɛn sɛ akuw nketewa ma wɔabedi Awurade Anwummeduan no.​—Asomafo no Nnwuma 28:30.

Wɔ wiase nyinaa nnɛ no, Yehowa Adansefo asafo ahorow hyiam wɔ da a ɛne Nisan 14 hyia no mu ma Kristo wu Nkaedi no. Nanso ɛtɔ bere bi a akwanside ahorow ba. Wɔ bere bi mu no, mframa a ano yɛ den a ɛrebɔ anaa nsu a ayiri amma asafo bi anaa emufo bi antumi anhyiam sɛnea wɔahyehyɛ no. Wɔ nsɛm bi mu no, esiane asraafo mmara a ɛwɔ hɔ nti, asraafo a wokurakura akode mma ɔmanfo no kwan mma wompue bere a owia akɔtɔ. Kristofo afoforo antumi ankɔ asafo no afahyɛ no ase esiane ayaresabea a wɔda anaa ɔyare a emu yɛ den a abɔ wɔn nti. Dɛn na wobetumi ayɛ wɔ tebea horow a ɛte sɛɛ mu?

Bere a ɛyɛ nea ɛfata sɛ asafo no nyinaa behyiam ama adeyɛ titiriw yi no, ebia tebea horow te sɛ nea yɛaka ho asɛm wɔ atifi hɔ no remma ɛno ntumi nyɛ yiye. Sɛ mframa a ano yɛ den bi a ɛrebɔ, nsu bi a ayiri anaa biribi a ɛte saa, amma abusua anaa asafo no mufo bi antumi ne asafo no anhyiam a, wɔn a wɔwɔ beae a atew ne ho yi betumi ahyiam asusuw Kyerɛwsɛm mu nsɛm te sɛ nea ɛwɔ Luka 22:7-23, 28-30 ne 1 Korintofo 11:20-31 ne afei nea da no kyerɛ no ho. Saa ara na sɛ wɔahyɛ mmara sɛ ɛnsɛ sɛ obiara pue anwummere ma enti ɛrentumi nyɛ yiye sɛ asafo no behyiam anadwo a ɛfata no a, wobetumi ahyiam wɔ Asafo Nhoma Adesua akuw horow no mu anaa mmeae a ɛbemmɛn, na wɔakan wɔn a wɔbae no sɛ wɔn a wɔbaa ase wɔ asafo no mu. Wobetumi ama ɔkasa tiaa bi mpo, sɛ onua bi a ne ho akokwaw a wahyira ne ho so wɔ kuw no mu a. Ɛho nhia sɛ wodwen ho sɛ wɔn nsa anka nneɛma a ɛfata a wɔde ɛ no bi, sɛ obi a wadi abodoo no bi anom bobesa no bi pɛn sɛ Kristoni a wɔasra no nka wɔn a wɔwɔ ahokyere tebea a ɛte sɛɛ mu no ho a.

Ná Onyankopɔn mmara a ɔde maa Israel no wɔ nhyehyɛe titiriw bi ma obi a wantumi anni Twam no bi no; na oniiko no betumi ayɛ saa wɔ ɔsram biako (nnafua 30) akyi. (Numeri 9:10, 11; 2 Beresosɛm 30:1-3, 15) Wɔ ntotoho mu no, honhom mu Israelni a ɔwɔ tebea a emu ɛ den mu a ɔrentumi nkɔ ase Nisan 14, anaa wɔrentumi nkɔmma no bi no, betumi adi wɔ nnafua 30 akyi. Eyi bɛyɛ nea ɛfa Kristoni a wɔasra no a ɛyɛ ahyɛde ma no sɛ ɛsɛ sɛ odi abodoo no na ɔnom bobesa no bi nkutoo ho.​—Galatifo 6:16.

Wɔ April 4, 1985 mu, bere a owia akɔtɔ no, nokware Kristofo asafo ahorow a ɛwɔ wiase nyinaa behyiam de adi Yesu a yɛde no so sɛ: “Monyɛ eyi mfa nyɛ me nkae!” Yɛto nsa frɛ wo sɛ ka wɔn ho na munhyiam.​—1 Korintofo 11:25.

March Da Biara Da Asɛm

(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ no nyinaa a, hwɛ nhoma no mu)

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena