Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w93 2/1 kr. 31
  • Nsemmisa A Efi Akenkanfo Hɔ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nsemmisa A Efi Akenkanfo Hɔ
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nsemmisa A Efi Akenkanfo Hɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • “Monkae Saa Da Yi”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2013
  • Nsemmisa A Efi Akenkanfo Hɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1985
  • “Nguan Foforo” Ne Awurade Anwummeduan No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1985
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
w93 2/1 kr. 31

Nsemmisa A Efi Akenkanfo Hɔ

Sɛ Kristoni bi yare anaa ɔretu kwan ma enti wantumi ankɔ Nkaedi afahyɛ no ase a, so ɛsɛ sɛ odi afahyɛ no ɔsram biako akyi?

Wɔ tete Israel no, na wodi Twam no afe biara wɔ ɔsram a edi kan, a wɔfrɛ no Nisan (anaa Abib) no da a ɛto so 14 no so. Nanso yehu nsiesie titiriw bi a wɔyɛe wɔ Numeri 9:10, 11: “Kasa kyerɛ Israelfo no sɛ: Sɛ mo anaa mo asefo mu bi ho kum efunu bi ho anaasɛ ɔwɔ akwantu mu akyirikyiri a, onni twam mma [Yehowa] ara. Ɔsram a ɛto so abien [a wɔfrɛ no lyyar, anaa Siw] no da a ɛto so dunnan anwummere na wonni; apiti ne fan nwenenwene na wɔmfa nni.”

Hyɛ no nsow sɛ eyi amfa nna abien (Nisan 14 anaa Siw l4) ansi hɔ amma Twam no, a na Israelni anaa ofie biara tumi paw nea eye ma wɔn. Ná wɔato Twam aduan a wotumi di wɔ ɔsram a ɛto so abien mu ho nhyehyɛe no ano hye. Na ɛwɔ hɔ ma lsraelni bi a ne ho agu fi wɔ Nisan 14 anaasɛ ɔmmɛn faako a wodii afahyɛ no koraa no nkutoo.

Kyerɛwtohɔ biako pɛ a ɛkyerɛ bere bi a wɔde eyi dii dwuma kɛse ne bere a Ɔhene Hesekia ɔnokwafo no san de Apiti Afahyɛ di sii hɔ bio no. Wɔannya bere amfa ansiesie wɔn ho amma ɔsram a edi kan no (ná asafo no nsiesiee wɔn ho na nnipa no nso mmoaa wɔn ho ano ɛ), enti wodii no ɔsram a ɛto so abien no da a ɛto so 14.​—2 Beresosɛm 29:17; 30: 1-5. Tebea horow a ɛyɛ soronko sɛɛ akyi no, Yudafo no dii Twam no wɔ da a Onyankopɔn ahyɛ no so. (Exodus 12:17-20, 41, 42; Leviticus 23:5) Yesu ne n’asuafo no hyɛɛ fã no sɛnea na Mmara no hwehwɛ, na wɔantoto saa da yi ase. Luka bɔ amanneɛ sɛ: “Na afei Apiti da a ɛsɛ sɛ wokum Twam guan no dui. Na [Yesu] somaa Petro ne Yohane sɛ: Monkɔ nkosiesie Twam no mma yɛn, na yemmedi.”​—Luke 22:7, 8.

Saa bere no na Yesu de afe afe afahyɛ a Kristofo frɛ no Awurade Anwummeduan no sii hɔ. Wɔrentumi nka hia a ehia sɛ Kristofo kɔ no ma ɛmmoro so. Eyi ne afe no mu adeyɛ a ɛho hia sen biara ma Yehowa Adansefo. Yesu nsɛm no kyerɛ nea enti a ɛte saa; ɔkae sɛ: “Monyɛ eyi mfa nyɛ me nkae.” (Luka 22:19) Enti, ɛsɛ sɛ Yehowa Adansefo mu biara di kan yɛ nhyehyɛe to hɔ ɔsram bi na wamfa dwumadi foforo biara anhyɛ saa afahyɛ da no. Wɔbɛhyɛ Awurade Anwummeduan no fa Benada April 6, l993, bere a owia akɔtɔ wɔ mo hɔnom.

Wɔ nsɛm bi a ɛntaa nsi mu no, ebia tebea bi a wɔanni kan anhu te sɛ ɔyare anaa akwantu mu ɔhaw ahorow betumi asiw Kristoni bi kwan ma enti ontumi nkɔ bi sɛnea ɔyɛɛ ho nhyehyɛe no. Dɛn na ɛsɛ sɛ ɔyɛ wɔ tebea a ɛte sɛɛ mu?

Wɔ afahyɛ no di mu mo, wɔde mmɔre a ɛnkawee abodoo ne bobesa fa obiara anim, na wɔn a wɔde Onyankopɔn honhom kronkron asra wɔn na wɔapaw wɔn ama ɔsoro asetra no di bi. (Mateo 26: 26-29; Luka 22:28-30) Sɛ ɛba sɛ afe yi obi a odi bi afe biara da ɔyarepa so wɔ fie anaa ayaresabea a, mpanyimfo a wɔwɔ ɛhɔnom asafo mu no bɛyɛ nhyehyɛe ma wɔn mu biako de abodoo ne bobesa no bi akɔma nea ɔyare no, ne no asusuw asɛm no ho Kyerɛwnsɛm a ɛfata, na ɔde abodoo ne bobesa no ama no. Sɛ saa da no ammɛto Kristoni bi a wɔasra no wɔ n’asafo mu a, ɛsɛ sɛ ɔyɛ nhyehyɛe kɔ asafo bi a ɛwɔ beae a ɔwɔ saa da no. Esiane eyi nti, ɛbɛyɛ tebea soronko koraa bi mu nkutoo no ɛbɛba sɛ ɛsɛ sɛ Kristoni a wɔasra no hyɛ Awurade Anwummeduan no fa nna 30 akyi (ɔsram biako), ma ɛne ahyɛde a ɛwɔ Numeri 9:10, 11 ne nhwɛso a ɛwɔ 2 Beresosɛm 30:1-3, 15 no ahyia.

Wɔnhyɛɛ wɔn a wɔyɛ Yesu “nguan foforo” kuw no mufo a wɔwɔ daa nkwa wɔ paradise asase so ho anidaso no sɛ wonni abodoo no naaa wɔnnom bobesa no bi. (Yohane 10:16) Ɛho hia sɛ wɔkɔ afe afe afahyɛ no bi, nanso wonni abodoo no na wɔnnom bobesa no bi. Enti sɛ wɔn mu bi yare anaa ɔretu kwan ma enti saa anwummere no anto no wɔ asafo biara mu a, obetumi akenkan kyerɛwnsɛm a ɛfata wɔ kokoam (a kyerɛwtohɔ a ɛfa sɛnea Yesu de afahyɛ no sii hɔ no ho ka ho) na wabɔ mpae asrɛ Yehowa nhyira ma adeyɛ no wɔ wiase nyinaa. Nanso enhia sɛ wɔyɛ nhyehyɛe foforo biara ma nhyiam anaa Bible mu nkɔmmɔbɔ titiriw bi ɔsram biako akyi wɔ eyi mu.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena