Bere a Asɛnka Yɛ Anigye Soronko
“Owia rebɔ paa. Ná ɛte sɛ nea yɛrentwa kwan a ɛda bepɔw no so no nwie da. Bere a yedii akwanside ahorow so no, awiei koraa yeduu baabi a na yɛrekɔ: akuraa bi a na ɛwɔ akyiri sen biara no. Bere a yɛbɔɔ pon a edi kan mu na wogyee yɛn fɛw so no, yɛn brɛ no danee anigye. Eduu sɛ yɛrewie da no mu dwumadi no, na yɛde yɛn nhoma a yɛde bae nyinaa ama, na na yɛafi Bible adesua pii ase. Nkurɔfo no ani gye sɛ wobesua biribi. Afei na adu sɛ yefi hɔ kɔ, nanso yɛhyɛɛ bɔ sɛ yɛbɛba bio.”
AKWAMPAEFO kuw bi a wɔwɔ Mexico no mu dodow no ara wɔ osuahu a ɛtete sɛɛ. Saafo yi asi wɔn bo sɛ wɔde nsi benya adwuma a Yesu Kristo de maa n’asuafo no a wɔbɛyɛ awie no mu kyɛfa: ‘Mobɛyɛ m’adansefo de akɔpem asase ano nohoa.’ (Asomafo no Nnwuma 1:8) Wɔtaa yɛ asɛnka ho nhyehyɛe titiriw—wɔfrɛ no akwampaefo asasesin—wɔ Mexico, sɛnea ɛbɛyɛ a wobedu nsasesin a wɔmfa nhyɛɛ asafo biara nsa, ma enti, wɔntaa nte Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa no mu. Eyinom taa yɛ nsasesin a ɛwɔ akyirikyiri anaa ɛhɔ kɔ yɛ den. Wɔsan de mmoa ma asafo horow a wɔwɔ nsasesin a ne kɛse boro wɔn so no.
Nea ɛbɛyɛ na Yehowa Adansefo baa dwumadibea no behu mmeae a akwampaefo bɛkɔ akɔyɛ hɔ adwuma no, wɔyɛ asasesin no ahiade mu nhwehwɛmu.a Sɛ wonya yɛ eyi wie a, wɔde asasesin no hyɛ akwampaefo atitiriw akuw bi nsa. Wɔma wɔn kar a wobetumi de afa karkwan abonkyiabonkyi no so. Wɔkora wɔn nhoma wɔ kar no mu, na sɛ ɛho behia a, wotumi da mu nso.
Wɔntwentwɛn Wɔn Nan Ase Wɔ Ho
Efi October 1996 mu no, wɔato nsa afrɛ asɛmpa no ho asɛnkafo afoforo sɛ wɔmfa wɔn ho nhyɛ dwumadi yi mu mfa mmoa akwampaefo atitiriw no. Ahenni adawurubɔfo ne afei akwampaefo a wɔpɛ sɛ wɔsom wɔ mmeae a wohia mmoa kɛse no de wɔn ho ahyɛ ɔsatu no mu wɔ mmere horow mu. Wɔma ebinom dwumadi wɔ asafo horow a ɛwɔ asasesin no mu no mu sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛhwɛ asasesin no so na wɔaboa anigyefo a wɔanya wɔn wɔ hɔ no. Adawurubɔfo ne akwampaefo pii a wɔyɛ mmabun agye nsato yi so, na wɔanya osuahu horow a ɛhyɛ nkuran pii.
Sɛ nhwɛso no, Abimael, Kristoni aberante a na wotua no ka yiye wɔ adwuma bi a wɔyɛ telefon a wokura kyin mu sii gyinae sɛ ɔde ne ho bɛhyɛ asɛnka adwuma no mu wɔ saa mmeae a atew ne ho no. Bere a n’adwumawuranom hui sɛ ɔpɛ sɛ ogyae adwuma no, wɔbɔɔ n’aba so, na wɔtoo n’akatua mu. Ne mfɛfo adwumayɛfo de guan ne ho sɛ ɛyɛ hokwan soronko a wanya, na ɛbɛyɛ nea nyansa nnim sɛ ɔbɛpo. Nanso na Abimael asi ne bo sɛ ɔbɛkɔ akɔboa asɛnka ɔsatu titiriw no asram abiɛsa. Bere a Abimael yɛɛ adwuma yi wiei no, osii gyinae sɛ ɔbɛtra asafo bi a atew ne ho a wohia Ahenni adawurubɔfo pii no mu. Mprempren ɔyɛ adwuma bi a onnye akatua pii, na wasua sɛ ɔbɛyɛ ne ho awiɛmfoɔ.
Wɔ asɛm foforo mu no, na ɛsɛ sɛ Julissa de bɔs tu kwan nnɔnhwerew 22 ansa na wadu baabi a ɔrekɔsom no. Oduu baabi a etwa to a ɔbɛfa kar akɔ baabi a ɔrekɔ no, bɔs a etwa to saa da no tu gyaw no. Nanso ohuu kar bi a na ɛfa adwumayɛfo. Julissa nyaa akokoduru srɛɛ wɔn sɛ wɔmfa no. Sɛnea ntease wom no, esiane sɛ na ne nkutoo ne ɔbea a ɔhyɛ mmarima pii ntam nti, na osuro. Bere a ofii ase sɛ ɔbɛka asɛm no bi akyerɛ aberante bi no, obehui sɛ na ɔyɛ Yehowa Dansefo! Julissa ka sɛ: “Ɛno akyi no, ɛbɛdaa adi sɛ na ofirikafo no yɛ asafo a na merekɔsom wom no mu mpanyimfo no mu biako!”
Wɔn a Wɔn Mfe Akɔ Anim Nya mu Kyɛfa
Nanso, ɛnyɛ mmabun nkutoo na wonya dwumadi yi mu kyɛfa. Onuawa bi a ne mfe akɔ anim a wɔfrɛ no Adela, fi bere tenten apɛ sɛ ɔde bere pii yɛ asɛnka adwuma no bi. Hokwan no bue maa no bere a wɔtoo nsa frɛɛ no sɛ ɔmfa ne ho mmɛhyɛ asɛnka dwumadi titiriw yi mu bi no. Ɔka sɛ: “M’ani gyee me dwumadi no ho araa ma meka kyerɛɛ asafo mu mpanyimfo no sɛ wɔmma mentra hɔ koraa. M’ani agye, efisɛ ɛwom sɛ manyin de, nanso me ho da so ara wɔ mfaso ma Yehowa.”
Saa ara na Yehowa ho anisɔ ne mfɛfo nnipa ho dɔ ama Martha a wadi mfe 60 no atu ne ho ama sɛ obenya ɔsatu no mu kyɛfa. Bere a ohui sɛ ɔkwan a ɛkɔ asasesin no mu ware na enye, ma enti ne kuw no antumi annya nnipa a wɔwɔ asasesin no mu nyinaa no, ɔtɔɔ kar maa akwampaefo no. Kar a onuawa yi de mae yi maa wotumi yɛɛ asasesin pii mu adwuma na wɔkaa Bible mu nokware ho asɛm kyerɛɛ nnipa pii.
Wofi Komam Kyerɛ Ho Anigye
Wɔn a wɔde wɔn ho hyɛ asɛnka ɔsatu titiriw yi mu botae ne sɛ ‘wɔbɛyɛ asuafo.’ Wɔ eyi mu no, wɔasow aba pii. Nnipa a wɔte mmeae a atew ne ho no nsa aka Bible mu nokware a ɛma nkwa no. (Mateo 28:19, 20) Wɔahyehyɛ Bible adesua pii. Adawurubɔfo a wɔwɔ hɔ anaa asɛmpakafo a wɔatra asasesin no mu no na wɔhwɛ eyinom so. Wɔahyehyɛ adawurubɔfo akuw wɔ mmeae bi, na wɔahyehyɛ asafo nketewa wɔ mmeae foforo mpo.
Magdaleno ne n’ayɔnkofo faa ɔmanfo kar na ɛkɔɔ asasesin a atew ne ho a wɔde ahyɛ wɔn nsa no mu. Wɔnam kwan so rekɔ no, wɔde hokwan no kaa asɛm no bi kyerɛɛ ofirikafo no. “Ɔbarima yi ka kyerɛɛ yɛn sɛ dapɛn a etwaam no, Adansefo no mu binom baa ne fie besii n’akyi. Bere a ɔsan kɔɔ fie no, n’abusua no tĩĩ nea wɔate no mu kyerɛɛ no. Yɛka kyerɛɛ no sɛ yemfi mpɔtam hɔ na mmom yefi amantam a ɛwɔ ɔman no mu pii mu na aba sɛnea ɛbɛyɛ a yɛbɛboa asɛnka ɔsatu titiriw yi, ne sɛ, yɛn ankasa na yetuaa yɛn ho aka bae. Ofirikafo a n’ani agye no kae sɛ ɔne n’abusua no befi ase asua Bible no saa dapɛn no. Ɔboaa adwuma no mpo denam yɛn akwantu no ho sika biara a wannye so.”
Sɛnea Chiapasfo a wɔte mmepɔw so kyerɛɛ asɛm no ho anigye no maa Magdaleno ani gyei paa. “Me ne me yere nyaa hokwan kaa Ahenni nkrasɛm no kyerɛɛ mmabun 26 a na wɔkɔ Presby Asɔre no. Wɔn nyinaa wɛn wɔn aso tiee yɛn simma 30. Wɔfaa wɔn Bible, na yetumi dii Yehowa atirimpɔw ho adanse a etu mpɔn kyerɛɛ wɔn. Nkurɔfo no mu dodow no ara wɔ wɔn ankasa Bible wɔ Tzeltal kasa mu.” Yefii Bible adesua a ɛrenya nkɔso pii ase.
Ɔsɔretia Ano Brɛ Ase
Esiane nnipa binom a wɔwɔ Chiapas kurow bi mu sɔretia nti, na wɔmfaa Bible nkrasɛm no nkɔɔ hɔ bɛboro mfe abien ni. Teresa a ɔyɛ bere nyinaa ɔsɛmpakafo no hyɛɛ no nsow sɛ na Adansefo no binom suro sɛ wɔbɛkɔ akɔka asɛm no wɔ saa akuraa hɔ. “Nea ɛyɛɛ obiara nwonwa no, na nkurɔfo no wɔ ɔpɛ sɛ wobetie asɛm no. Osu fii ase tɔɔ denneennen bere a yewiee asɛnka no. Bere a na yɛrehwehwɛ baabi akɔhyɛ no, yɛkɔɔ obi a wɔfrɛ no Sebastián a na ɔda ahɔhoyɛ su adi no fie, na ɔma yɛkɔɔ dan mu sɛnea ɛbɛyɛ a osu no mmoro yɛn. Yenya hyɛn dan no mu ara na mibisaa no sɛ ebia yɛaba ne nkyɛn dedaw anaa. Bere a ɔkae sɛ dabi no, mede Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu nhoma no fii Bible adesua ase.b Bere a yewiei no, Sebastián de nusu srɛɛ yɛn sɛ yɛnsan mmra na yɛne no mmesua ade.”
Akwampaefo kuw foforo a wɔkɔɔ Chiapas bɔ amanneɛ sɛ: “Yehowa mmoa so no, yɛsow aba pii. Dapɛn a edi kan mu no, yefii adesua horow 27 ase; dapɛn a ɛto so abien mu no, yɛtoo nsa frɛɛ nkurɔfo ma wɔbɛhwɛɛ yɛn video a ɛne The Bible—Its Power in Your Life no bi. Nnipa 60 na wɔbae. Obiara ani gyee ho. Yewiei no, yɛka kyerɛɛ wɔn sɛ yebefi kuw Bible adesua ase. Anwonwasɛm ne sɛ, yɛhyehyɛɛ adesua kuw abien wɔ akuraa yi ase.
“Bere a yɛyɛɛ asasesin a wɔde hyɛɛ yɛn nsa mu adwuma wiei no, yɛsan kɔɔ akuraa no ase kɔhyɛɛ anigyefo no den, na yɛkɔhwɛɛ sɛnea Bible adesua akuw a yɛahyehyɛ no rekɔ so. Yɛtoo nsa frɛɛ wɔn baa baguam nhyiam ne Ɔwɛn-Aban Adesua ase. Nanso, na wonni baabi a ɛso a yɛbɛyɛ nhyiam ahorow no. Nea ɔde ne fie mae sɛ yɛnyɛ adesua no de ne nsa kyerɛɛ n’afikyiri kae sɛ: ‘Mubetumi ayɛ nhyiam ahorow no wɔ afikyiri ha.’”
Saa dapɛn awiei no, akwampaefo a wɔbaa hɔ no ne anigyefo no nyinaa de anigye bae besiesiee afikyiri hɔ sɛnea ɛbɛyɛ a yebetumi ayɛ nhyiam ahorow no wɔ hɔ. Nnipa 103 na wɔbaa nhyiam a edi kan no ase. Mprempren wɔreyɛ Bible adesua horow 40 wɔ saa akuraa no ase.
“Osuahu a Ɛyɛ Anigye”
Aba pa a asɛnka adwuma no asow akyi no, aboa wɔn a wɔanya asɛmpaka dwumadi yi mu kyɛfa no pii. María, ɔkwampaefo kumaa bi a ɔde ne ho hyɛɛ ɔsatu ahorow yi biako mu no da sɛnea ɔte nka adi saa kwan yi so sɛ: “Ɛyɛ osuahu a ɛyɛ anigye esiane nneɛma abien bi nti. Anigye a mewɔ wɔ asɛnka adwuma no mu no yɛɛ kɛse, na me ne Yehowa ntam abusuabɔ mu yɛɛ den. Bere bi a na yɛreforo bepɔw bi no, yɛtee nka sɛ yɛabrɛ. Bere a yɛsrɛɛ Yehowa hɔ mmoa no, yenyaa nea Yesaia 40:29-31 ka no mu suahu: ‘Wɔn a wɔtwɛn Yehowa no nya ahoɔden foforo.’ Enti yeduu hɔ, na yɛne nkurɔfo a wogyee yɛn fɛw so no yɛɛ adesua.”
Ɔkwampaefo kumaa foforo, Claudia a wadi mfe 17 ka kyerɛ yɛn sɛ: “Aboa me paa. Ama me ho akokwaw kɛse wɔ asɛnka mu, na eyi ama manya anigye pii, na ama mede honhom fam botae horow asisi m’anim. Ama me ho akokwaw wɔ honhom fam nso. Ná me maame yɛ biribiara ma me wɔ fie. Nanso, mprempren a manya osuahu pii no, mitumi yɛ m’ankasa nneɛma pii. Sɛ nhwɛso no, na metaa sa aduan mu. Nanso mprempren a ɛho behiae sɛ meyɛ nsakrae wɔ tebea horow mu no, menka aduan ho asɛm bio. Ɔsom hokwan yi aboa me ma manya nnamfo pa pii. Obiara mfa biribi a ɔwɔ nkame ne yɔnko, na yɛboa yɛn ho yɛn ho.”
Adwuma no So Mfaso a Ɛyɛ Anigye
Dɛn na efii mmɔden soronko yi mu bae? Ebeduu afe 2002 mfiase no, na akwampaefo bɛyɛ 28,300 na wɔde wɔn ho ahyɛ akwampaefo asasesin mu adwuma yi mu. Wɔyɛɛ Bible adesua bɛboro 140,000, de nnɔnhwerew bɛboro ɔpepem abien yɛɛ asɛnka adwuma no. Nea ɛbɛyɛ na wɔaboa nkurɔfo ma wɔasua Bible mu nokware no, wɔde nhoma bɛyɛ 121,000, ne nsɛmma nhoma bɛyɛ 730,000 na ɛmae. Ɛnyɛ nwonwa sɛ akwampaefo binom yɛɛ Bible adesua 20 ne nea ɛboro saa.
Wɔn a wɔada ayamye a ɛte sɛɛ adi akyerɛ wɔn no ani asɔ mmɔden soronko a wɔbɔe ansa na wɔde Bible mu nkrasɛm redu wɔn nkyɛn no. Ɛmfa ho sɛ wɔyɛ ahiafo no, wɔn mu pii de ntoboa puapua adawurubɔfo no. Aberewa hiani bi a wadi mfe 70 de biribi maa akwampaefo a wɔba ne nkyɛn no bere biara. Sɛ wɔannye a, osu. Abusua bi a wɔyɛ ahiafo nso ka kyerɛɛ bere nyinaa asɛmpakafo no sɛ akokɔ atow nkesua ama wɔn, na wɔhyɛɛ wɔn sɛ wɔmfa nkesua no.
Nea ehia sen biara no, nkurɔfo a wɔwɔ koma pa yi fi komam kyerɛ honhom fam nneɛma ho anisɔ. Sɛ nhwɛso no, ababaa bi nkutoo de nnɔnhwerew abiɛsa ne fã twa kwan kɔ Kristofo nhyiam ahorow, na emu biara mpa ne ti so. Ɛmfa ho sɛ ɔbea bi a ne mfe akɔ anim kotodwe haw no no, ɔde nnɔnhwerew abien twaa kwan bere a ɔhwɛfo kwantuni bi bɛsraa wɔn no sɛnea ɛbɛyɛ a obenya Bible mu nkyerɛkyerɛmu. Wɔn a na wonnim akenkan ne akyerɛw no pɛe sɛ wosua akenkan ne akyerɛw sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya Bible nkyerɛkyerɛ so mfaso kɛse. Wɔanya wɔn mmɔdenbɔ no so mfaso kɛse.
Wɔ Asomafo no Nnwuma mu no, Luka kaa anisoadehu bi a ɔsomafo Paulo nyae ho asɛm sɛ: “Ɔbarima bi a ofi Makedonia gyina hɔ resrɛ no sɛ: Twa bra Makedonia bɛboa yɛn!” Paulo fii ne pɛ mu kɔe. Ɛnnɛ, nnipa pii ada su koro no ara adi wɔ mmeae a atew ne ho wɔ Mexico no, na wɔde wɔn ho ama reka asɛmpa no ‘akɔpem asase ano nohoa.’—Asomafo no Nnwuma 1:8; 16:9, 10.
[Ase hɔ nsɛm]
a Afe bi a etwaam nnansa yi mu no, na Yehowa Adansefo asafo horow no ntumi nyɛ asasesin a ɛwɔ Mexico no mu ɔha mu 8 mu adwuma daa. Eyi kyerɛ sɛ nnipa bɛyɛ 8,200,000 na wɔte mmeae a atew ne ho a wɔntaa nka asɛm no wɔ hɔ.
b Yehowa Adansefo na wotintimii.
[Mfonini wɔ kratafa 9]
Mexico Adansefo pii anya asɛnka ɔsatu titiriw mu kyɛfa