So Wode Nsiyɛ Hwehwɛ Yehowa?
KRISTONI barima bi nyaa ɔpɛ a emu yɛ den sɛ ɔbɛka Bible no mu asɛmpa akyerɛ akwantufo afoforo a wɔne no wɔ keteke mu no. (Marko 13:10) Nanso, ehu kaa no kɛse. So ogyaee ma ɛkae? Dabi, ɔde anibere bɔɔ mpae na osuaa sɛnea obefi nkɔmmɔbɔ ase. Yehowa Nyankopɔn maa ɔbarima no abisade no ho mmuae na ɔmaa no ahoɔden de dii adanse.
Saa nsiyɛ no ho hia bere a yɛhwehwɛ Yehowa ne ne nhyira no. Ɔsomafo Paulo kae sɛ: “Ɛsɛ nea ɔba Onyankopɔn nkyɛn no sɛ ogye di sɛ ɔwɔ hɔ, na ɔyɛ wɔn a wɔhwehwɛ n’akyi kwan no katuafo.” (Hebrifo 11:6) Yehowa a yɛbɛhwehwɛ no kɛkɛ no nnɔɔso. Wɔde Hela adeyɛ asɛm a wɔkyerɛ ase ‘nsiyɛ a wɔde hwehwɛ’ no dii dwuma wɔ ɔkwan a ɛkyerɛ sɛ emu yɛ den na egye mmɔdenbɔ kɛse so. Eyi gye obi koma, n’adwene, ne kra, ne ahoɔden nyinaa. Sɛ yɛde nsiyɛ rehwehwɛ Yehowa a, yɛmmɔ yɛn bra wɔ anibiannaso, ahokokɔ, anaa anihaw kwan so. Mmom no, yɛda nokware nnamyɛ adi wɔ ne hwehwɛ no mu.—Asomafo no Nnwuma 15:17.
Wɔn a Wɔde Nsiyɛ Hwehwɛɛ Yehowa
Nhwɛso pii wɔ Kyerɛwnsɛm no mu a ɛfa wɔn a wɔde mmɔden yeree wɔn ho hwehwɛɛ Yehowa no ho. Wɔn mu biako ne Yakob, a ɔne Onyankopɔn bɔfo a wadan ne ho nipa tentamee denneennen kosii ahemadakye no. Ne saa nti, ɔtoo Yakob din sɛ Israel (Nea ɔne Onyankopɔn di ako) efisɛ ɔne Nyankopɔn ‘dii ako,’ anaa ɔkɔɔ so ne no peree, ɔyeree ne ho, ɔne no dii asi. Ɔbɔfo no hyiraa no wɔ ne mmɔdenbɔ kɛse no ho.—Genesis 32:24-30.
Afei Galileani bea a wɔammɔ ne din a mogya tuu no mfirihyia 12 ‘na ohuu amane pii’ no wɔ hɔ. Wɔ saa tebea no mu no, na ɛnsɛ sɛ ɔde ne ho ka afoforo. Nanso onyaa akokoduru kohyiaa Yesu. Ɔkɔɔ so kae sɛ: “Sɛ meka n’atade nko a, me ho bɛyɛ me den.” Susuw ne ho bere a ɔrepere afa ‘nnipakuw pii a wodi [Yesu] akyi a na wɔkyere so’ mu no. Ɔde ne nsa kaa Yesu atade pɛ no, ɔtee nka sɛ ne ‘mogya a etu no no atwa’—ne yare a enni sabea no gyaee! Bere a Yesu bisae sɛ, “Ɛhena na ɔde ne ho kaa m’atade?” no, ɔbea no suroe. Nanso, Yesu de anigye ka kyerɛɛ no sɛ: “Ɔbabea, wo gyidi agye wo; kɔ asomdwoe mu, wo yare no nnyae, na wo ho nyɛ wo den!” Onyaa ne mmɔdenbɔ no ho akatua.—Marko 5:24-34; Leviticus 15:25-27.
Wɔ tebea foforo mu bio no, Foinikeni bea bi srɛɛ Yesu sɛ ɔnsa ne babea yare. Yesu buae sɛ ɛmfata sɛ wɔde mma aduan ma akraman mma. Na ɔkyerɛ sɛ ɔrentumi nhwɛ wɔn a wɔnyɛ Israelfo na ommu n’ani ngu Yudafo a wɔfata no so. Nanso, esiane sɛ ɔbea no tee ne bɛ no ase nti, ɔsrɛe sɛ: “Ɛwom, Awurade, nanso akraman mma no nso di mporoporowa a efi wɔn wuranom pon so gu fam no bi.” Ne gyidi a emu yɛ den ne ne nokwaredi maa Yesu kae sɛ: “O ɔbea, wo gyidi so; ɛnyɛ mma wo sɛnea wopɛ no.”—Mateo 15:22-28.
Dɛn na anka ɛbɛba ankorankoro yi so sɛ wɔankɔ so ankura wɔn mmɔdenbɔ no mu a? Sɛ wogyaee bere a na wohyia akwanside anaa animtiaabu a edi kan no a, so anka wɔn nsa bɛka nhyira no? Dabi! Saa nhwɛso horow no kyerɛkyerɛ ade a Yesu kyerɛe no mu yiye, kyerɛ sɛ ‘anuɔden’ ye, ɛyɛ ahiade mpo, wɔ Yehowa a yɛhwehwɛ no no mu.—Luka 11:5-13.
Sɛnea Ɔpɛ
Wɔ nsɛm a yɛadi kan aka afa wɔn a wonyaa ayaresa wɔ anwonwakwan so ho no mu no, so nsiyɛ ne ahwehwɛde koro pɛ a ɛma wonyaa ayaresa no? Dabi, na ɛsɛ sɛ wɔn abisade no ne Onyankopɔn apɛde hyia. Wɔmaa Yesu anwonwakwan so tumi de daa adanse a ɛda nsow adi sɛ ɔyɛ Onyankopɔn Ba, Mesia a wɔahyɛ ne ho bɔ no. (Yohane 6:14; 9:33; Asomafo no Nnwuma 2:22) Bio nso no, anwonwade a Yesu yɛe no yɛɛ nhyira akɛse a Yehowa de bɛma adesamma wɔ Kristo Mfirihyia Apem Nniso no mu no ho mfonini.—Adiyisɛm 21:4; 22:2.
Ɛnyɛ Onyankopɔn apɛde bio sɛ wɔn a wokura nokware som mu no benya anwonwakwan so tumi, te sɛ tumi a wɔde sa yare ne nea ɛma wɔka kasa foforo. (1 Korintofo 13:8, 13) Nea ɛka n’apɛde ma yɛn nna yi ho ne Ahenni ho asɛmpa a yɛbɛka wɔ wiase afanan nyinaa na ama ‘nnipa nyinaa aba nokware nimdeɛ mu no.’ (1 Timoteo 2:4; Mateo 24:14; 28:19, 20) Sɛ Onyankopɔn asomfo fi koma pa mu yere wɔn ho ma nea wɔyɛ ne n’apɛde hyia a, ɛteɛ sɛ wobetumi ahwɛ kwan sɛ obetie wɔn mpaebɔ a emu yɛ den no.
Ebinom besusuw sɛ, ‘Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho bere a awiei koraa no Onyankopɔn atirimpɔw bɛbam wɔ ɔkwan biara so no?’ Ɛwom sɛ ɛyɛ nokware sɛ Yehowa bɛma n’atirimpɔw abam a nnipa mmɔdenbɔ mfa ho de, nanso n’ani gye sɛ ankorankoro bɛka n’apɛde a ɔreyɛ ho. Ebia yɛde Yehowa bɛtoto ɔbarima bi a ɔresi dan ho. Ɔdansifo no nim sɛnea ɛsɛ sɛ osi dan no nyinaa wie ho biribiara, nanso ɔtotɔ adansi nneɛma no fi mpɔtam hɔ. Saa ara na Yehowa wɔ dwuma bi a ɛsɛ sɛ odi nnɛ na n’ani gye ho sɛ ɔde n’asomfo a woyi wɔn yam koraa tu wɔn ho ma no bedi dwuma.—Dwom 110:3; 1 Korintofo 9:16, 17.
Susuw aberantewaa Toshio osuahu no ho hwɛ. Bere a ofii ntoaso sukuu ase no, ɔpɛe sɛ odi adanse kɛse sɛnea obetumi wɔ n’asasesin soronko no mu. Bere biara na wayɛ ne Bible krado na ofi ahonim pa mu bɔɔ mmɔden yɛɛ nhwɛso pa sɛ Kristoni. Ɛde rekɔ ne sukuu afe a edi kan no awiei no, hokwan bi a ɔde bɛma ɔkasa wɔ n’adesuakuw no mu buei. Toshio bɔɔ mpae sɛ Yehowa mmoa no na n’ani gyei sɛ adesuakuw mũ no nyinaa tiee ne kasa a n’asɛmti ne sɛ “Akwampae Adwuma a Mede Ayɛ Me Botae” no. Ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ ɔpɛ sɛ ɔyɛ Yehowa Adansefo bere nyinaa somfo. Sukuufo no mu biako penee so sɛ ɔne no nsua Bible no na onyaa nkɔanim koduu asubɔ ho. Toshio mmɔden a ɔde nsi bɔe ma ɛne ne mpaebɔ hyiae no so baa mfaso pii.
Woyɛ Nsi Kodu He?
Wubetumi afa akwan horow pii so akyerɛ sɛ wode nsiyɛ rehwehwɛ Yehowa ne ne nhyira. Nea edi kan no, nneɛma atitiriw bi wɔ hɔ a wubetumi ayɛ, te sɛ wo ho a wubesiesie yiye ama Kristofo nhyiam. Ɛdenam mmuae a wusiesie no yiye, ɔkasa horow a ɛkanyan adwene, ne ɔyɛkyerɛ a etu mpɔn so no, woda sɛnea wohwehwɛ Yehowa denneennen no adi. Wubetumi ada wo nsiyɛ adi nso denam wo som adwuma a wobɛma atu mpɔn no so. Na mmɔden a wobɛbɔ ada adamfofa su kɛse adi bere a wo ne ofiewura rekasa wɔ apon ano ne nnianim nsɛm a etu mpɔn a ɛfata w’asasesin no a wode bedi dwuma no nso ɛ? (Kolosefo 3:23) Kristoni barima bi koma mu nyinaa a obefi de ne ho ama no betumi ama wagye asafo no mu dwumadi, te sɛ som a ɔbɛsom sɛ asafo mu ɔsomfo anaasɛ ɔpanyin no atom. (1 Timoteo 3:1, 2, 12, 13) Ɛdenam wo ho a wode bɛma so no, wubetumi anya ɔma mu anigye no bi. Wubetumi abisa hokwan akɔyɛ Yehowa Adansefo baa dwumadibea adansi adwuma no bi anaa woakɔsom wɔ baa dwumadibea. Sɛ woyɛ ɔbarima hokwafo a ɔfata a, ebia wobɛpɛ sɛ wokɔ Asomfo Ntetee Sukuu, a esiesie honhom fam mmarima ma wɔbɛyɛ ahwɛfo pa no bi. Sɛ woaware a, asɛmpatrɛw ɔsom adwuma betumi ayɛ kwan a wobɛfa so ada ɔpɛ a emu yɛ den a wowɔ sɛ wobɛsom Yehowa pii no adi. Sɛ wubetu akɔ beae a Ahenni asɛmpakafo ho hia kɛse no betumi ayɛ ade a wubetumi ayɛ.—1 Korintofo 16:9.
Nea ɛho hia paa ne honhom a wode bɛyɛ wo dwumadi no. Ɛmfa ho asɛyɛde biara a wɔde bɛma wo no, fa nsiyɛ ne “koma kronn” di ho dwuma fefeefe. (Asomafo no Nnwuma 2:46; Romafo 12:8) Ɛyɛ papa sɛ wubebu dwumadi biara sɛ hokwan a wode bɛda ɔpɛ a wowɔ sɛ wobɛkamfo Yehowa no adi. Bɔ Yehowa mpae daa fa hwehwɛ ne mmoa, na yɛ wo fam de a wubetumi nyinaa. Afei wubenya akatua pa.
Mmɔden a Wɔde Nsiyɛ Bɔe So Akatua
So wokae Kristoni barima a ɔbɔɔ mpae sɛnea ɛbɛyɛ na wadi ehu a ɛkaa no so na watumi adi afoforo a wɔwɔ keteke no mu adanse no? Yehowa hyiraa ne pɛ a na efi komam no so. Onua no bɔɔ mmɔden siesiee nnianim nsɛm a ɛyɛ anigye, paw nsɛmti ahorow a ɔde befi nkɔmmɔbɔ ase. Otumi de Bible no dii dwuma wɔ ɔkwan a etu mpɔn so de dii ɔbarima bi a nnipa ntam abusuabɔ a ɛhaw adwene ho asɛm haw no no adanse. Saa ɔbarima koro no ara a ɔsan kɔsraa no mpɛn pii wɔ keteke mu no kɔdan Bible adesua. Nokwarem no, Yehowa hyiraa ne mmɔden a ɔde nsiyɛ bɔe no so!
Wubetumi anya mfaso koro no ara sɛ wokɔ so de nsiyɛ hwehwɛ Yehowa a. Sɛ wufi ahobrɛase mu bɔ mmɔden na wode wo koma nyinaa hyɛ teokrase dwumadi biara a woreyɛ mu a, Yehowa de wo bedi dwuma ma ɛne n’apɛde ahyia na wahwie ne nhyira pii agu wo so.
[Mfonini wɔ kratafa 26]
Sɛ ɔbea yi paa abaw a, anka dɛn na ɛbɛba no so?
[Mfonini wɔ kratafa 27]
So wokɔ so srɛ Yehowa nhyira?
[Mfonini ahorow wɔ kratafa 28]
Ɔkwan bɛn so na wobɛfa ada no adi sɛ wode nsiyɛ rehwehwɛ Yehowa?