Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w03 11/15 kr. 32
  • Wiase a Nsɛmmɔnedi Nnim Bɛba Daakye

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wiase a Nsɛmmɔnedi Nnim Bɛba Daakye
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2003
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2003
w03 11/15 kr. 32

Wiase a Nsɛmmɔnedi Nnim Bɛba Daakye

SƐ WUBETUMI a, twa wiase a nsɛmmɔnedifo nnim ho mfonini wɔ w’adwenem hwɛ! Ɛho renhia sɛ yenya polisifo, nneduaban, anaa atemmu nhyehyɛe a ɛho ka ne ɛho adwuma dɔɔso hwanyann bio. Ɛbɛyɛ wiase a obiara bɛkyerɛ obu ama afoforo nkwa ne wɔn agyapade. So ɛte sɛ nea tebea a ɛte saa ntumi nyɛ nokware? Ebia wubesusuw saa, nanso nsakrae a ɛyɛ nwonwa yi na Bible de ahyɛ bɔ. Dɛn nti na wonhwehwɛ nea Kyerɛwnsɛm no ahyɛ ho nkɔm wɔ nsɛmmɔnedi ne nneɛma bɔne a ɛkɔ so wɔ asase yi so no mu?

Yɛkenkan wɔ Dwom nhoma no mu sɛ: “Nhoran wo bo nnebɔneyɛfo nti, mma wo bo nnhaw wo, amumɔyɛfo ho; na ɛrenni da bi na wɔatwa wɔn agu sɛ sare, na wɔakisa sɛ wura momono. Na ahobrɛasefo benya asase no adi, na wɔagye wɔn ani asomdwoe bebree mu.” (Dwom 37:1, 2, 11) Ampa ara, obiara rentumi nsiw Onyankopɔn kwan sɛ ɔremma bɔhyɛ ahorow yi ne afoforo a ɛyɛ anigye no mma mu.

Onyankopɔn nam N’ahenni no so na ɔde saa nhyira horow yi bɛba. Wɔ Awurade Mpaebɔ no mu no, Yesu Kristo kyerɛkyerɛɛ n’akyidifo no sɛ wɔmmɔ mpae mma Ahenni yi mmra na Onyankopɔn pɛ nyɛ “asase so, sɛnea ɛyɛ ɔsoro.” (Mateo 6:9, 10) Ɛrenkyɛ, wɔ saa Ahenni no ase no, obiara nni asase so a esiane ohia, nhyɛso anaasɛ pɛsɛmenkominya nti biribi bɛka no sɛ onni nsɛmmɔne. Mmom no, Onyankopɔn Asɛm ka sɛ: “Asase no so aburofuw bedu mmepɔw atifi.” (Dwom 72:16) Nokwarem no, Yehowa Nyankopɔn bɛma obiara a ɔwɔ asase so anya nneɛma pii. Nea ehia sen saa no, Onyankopɔn ne mfɛfo nnipa ho dɔ na ɛbɛka nnipa nyinaa, na nsɛmmɔnedifo renhaw nnipa bio.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena