Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w03 11/15 kr. 28-31
  • Barak Nam Gyidi So Tɔree Asraafo Dɔm Kɛse Bi Ase

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Barak Nam Gyidi So Tɔree Asraafo Dɔm Kɛse Bi Ase
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2003
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Israel Su Frɛ Yehowa
  • Yehowa Ma Wɔn Kannifo
  • Gyidi na Wɔde Dii Barak Akyi
  • Barak Tɔre Sisera Asraafo Ase
  • Wɔde Ɔhohiafo no Hyɛ “Ɔbea Bi Nsam”
  • Nea Yesua Fi Mu
  • Ɔkannifo Foforo Ne Mmea Mmienu a Wɔwɔ Akokoduru
    Sua Biribi Fi Bible Mu
  • “Mesɔree sɛ Ɔbaatan wɔ Israel”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
  • Mmea Akokodurufo Baanu
    Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
  • Sɛ Wutu Wo Ho Ma a, Ma Ɛnhyɛ Yehowa Anuonyam!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2017
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2003
w03 11/15 kr. 28-31

Barak Nam Gyidi So Tɔree Asraafo Dɔm Kɛse Bi Ase

FA NO sɛ woahyia asraafo dɔm kɛse bi a wɔreba wo so. Wokurakura asraafo akode a aba so foforo koraa, na wɔayɛ krado sɛ wɔde bedi dwuma. Wo ne wɔn a wɔka wo ho gyinagyina wɔn anim a muntumi nyɛ hwee.

Israelfo atemmufo bere so no, Barak, Debora, ne mfɛfo Israelfo 10,000 hyiaa asɛm a ɛte saa ara. Asraafo dɔm a na wɔreko atia wɔn no ne Kanaanfo a na ɔsahene Sisera di wɔn anim no. Nneɛma a na wɔde bedi ako no bi ne teaseɛnam a na nnade a ano yɛ nam bobɔ ne ntwahonan ho. Faako a na wobehyiam de asi ani ne Bepɔw Tabor ne Kison subon no mu. Nea esii wɔ hɔ no ma yehu Barak sɛ ɔbarima a na ɔwɔ gyidi soronko. Wo de susuw nsɛm a esisii ansa na wɔredi ako yi ho hwɛ.

Israel Su Frɛ Yehowa

Atemmufo nhoma no ka sɛnea Israelfo kɔɔ so gyaw nokware som akyidi mpɛn pii ne ɔhaw a ɛde brɛɛ wɔn ho asɛm. Wɔ emu biara mu no, sɛ wofi komam hwehwɛ Onyankopɔn mmɔborohunu, na Onyankopɔn ma wɔn ogyefo, na wonya ahofadi a, akyiri yi, na wɔasan atew atua. Sɛnea na wɔtaa yɛ no, “Israelfo no kɔɔ so yɛɛ nea ɛyɛ [Yehowa, NW] ani so bɔne: nso na Ehud [ɔtemmufo a ogyee wɔn fii Moabfo nhyɛso mu no] awu.” Nokwarem no, “wɔpopaw anyame foforo.” Ekowiee wɔn dɛn? “[Yehowa, NW] tɔn wɔn hyɛɛ Kanaan hene Yabin a odi hene wɔ Hasor no nsa; na ne safohempanyin ne Sisera; . . . Na Israelfo su frɛɛ [Yehowa, NW], efisɛ [na Sisera wɔ] dade nteaseɛnam ahankron, na ɔhyɛɛ Israelfo so dennen mfe aduonu.”—Atemmufo 4:1-3; 5:8.

Kyerɛwnsɛm no ka sɛnea na asetra te wɔ Israel ho asɛm sɛ: “[Saa bere no] atempɔn daa mpan, akwantemfo nantew akwamfõ akontonkye so. Asafohene sae.” (Atemmufo 5:6, 7) Na ɔmanfo no suro afowfo nteaseɛnam. Nhomanimfo bi ka sɛ: “Na ehu aka obiara wɔ Israel, te sɛ nea na ɔmanfo no nyinaa aka dan mu a wonhu nea wɔnyɛ.” Enti sɛnea na wɔtaa yɛ bere bi a atwam no, Israelfo a na wɔn abam abu no su frɛɛ Yehowa hwehwɛɛ mmoa.

Yehowa Ma Wɔn Kannifo

Kanaanfo nhyɛso no bɛyɛɛ aniberesɛm maa Israel man no nyinaa. Onyankopɔn de odiyifobea Debora dii dwuma ma ɔkaa n’atemmusɛm kyerɛɛ wɔn maa wɔn akwankyerɛ. Enti Yehowa maa onyaa hokwan yɛɛ sɛnkyerɛnne kwan so ɛna wɔ Israel.—Atemmufo 4:4; 5:7.

Debora soma ma wɔkɔfrɛɛ Barak bae na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “So ɛnyɛ ɔhyɛ na [Yehowa, NW] Israel Nyankopɔn ahyɛ wo sɛ: Twiw kɔ Tabor bepɔw so, na fa Naftalifo ne Sebulonfo mu mmarima ɔpedu ka wo ho? Na mɛtwetwe Yabin safohempanyin Sisera ne ne nteaseɛnam ne ne dɔm bebree no aba wo nkyɛn Kison nsunoa, na mede no mahyɛ wo nsa.” (Atemmufo 4:6, 7) Ɛdenam ka a Debora kae sɛ ‘So ɛnyɛ ɔhyɛ na Yehowa ahyɛ wo,’ so no, ɔmaa ɛdaa adi pefee sɛ na ɔnkyerɛ sɛ ɔwɔ Barak so tumi. Odii dwuma sɛ nea wɔnam no so de Onyankopɔn ahyɛde mae ara kwa. Barak yɛɛ n’ade dɛn wɔ ho?

Barak kae sɛ: “Sɛ wo ne me bɛkɔ a, ɛnde mɛkɔ; na sɛ wo ne me renkɔ a, ɛnde merenkɔ.” (Atemmufo 4:8) Dɛn nti na na Barak twentwɛn ne nan ase sɛ obegye Onyankopɔn nsam asɛyɛde no atom? So na ɔde ehu reyɛ ade? So na onni Onyankopɔn bɔhyɛ ahorow mu ahotoso? Dabi. Barak anka sɛ ɔrenyɛ adwuma no, na saa ara nso na wanyɛ Yehowa so asoɔden. Mmom no, ne mmuae no kyerɛ sɛ na onsusuw sɛ ne nkutoo betumi adi Onyankopɔn ahyɛde no so. Onyankopɔn nanmusini a na ɔka ne ho no bɛma wanya akwankyerɛ, na ɛbɛma ɔne ne mmarima no anya ahotoso. Enti sɛ anka ɛbɛkyerɛ sɛ ɔyɛ ohufo no, nsɛm a Barak kae no kyerɛ sɛ na ɔwɔ gyidi a emu yɛ den.

Yebetumi de nea Barak yɛe no atoto Mose, Gideon, ne Yeremia de no ho. Na saa mmarima yi nni ɔkwan a wɔbɛfa so ayɛ adwuma a Onyankopɔn de ahyɛ wɔn nsa no mu ahotoso. Nanso, wɔammu wɔn sɛ nnipa a na wɔn gyidi sua. (Exodus 3:11–4:17; 33:12-17; Atemmufo 6:11-22, 36-40; Yeremia 1:4-10) Na dɛn na yebetumi aka afa su a Debora daa no adi no ho? Wammɔ mmɔden sɛ obedi anim. Mmom no, ɔbrɛɛ ne ho ase sɛ Yehowa somfo. Ɔka kyerɛɛ Barak sɛ: “Ɔkɔ de, me ne wo bɛkɔ.” (Atemmufo 4:9) Na ɔwɔ ɔpɛ sɛ obefi fie—baabi a na obenya ahobammɔ kɛse—akɔka Barak ho wɔ ɔko a na ɛreba no mu. Debora nso yɛ gyidi ne akokoduru ho nhwɛso.

Gyidi na Wɔde Dii Barak Akyi

Faako a na Israel asraafo no behyiam ne bepɔw tenten bi a na wɔfrɛ no Tabor, so. Na ɛyɛ beae a eye paa. Ná ɛyɛ baabi a ɛrenyɛ den sɛ Naftali ne Sebulon mmusuakuw a na wɔte bɛn hɔ no bɛboaboa wɔn ano. Enti sɛnea na Onyankopɔn ahyɛ no, nnipa mpem du—ne Debora—tuu wɔn ho mae dii Barak akyi foroo bepɔw yi.

Ná ehia sɛ wɔn a wɔkɔkaa Barak ho no nyinaa nya gyidi. Na Yehowa ahyɛ Barak bɔ sɛ obedi Kanaanfo no so nkonim, nanso akode bɛn na na Israelfo no wɔ? Atemmufo 5:8, ka sɛ: “So wohuu kyɛm ne peaw Israel mu nnipa ɔpeduanan mu?” Enti na Israelfo no nni akode titiriw biara. Ne saa mpo no, na wɔrentumi mfa peaw ne kyɛm nnyina dade nteaseɛnam ano koraa. Bere a Sisera tee sɛ Barak aforo Bepɔw Tabor no, ntɛm ara na Sisera frɛɛ n’asraafo dɔm no ne wɔn nteaseɛnam no kɔɔ Kison nsunoa. (Atemmufo 4:12, 13) Ade a Sisera antumi anhu ne sɛ na ɔne Ade Nyinaa So Tumfoɔ Nyankopɔn na ɛrekodi ako.

Barak Tɔre Sisera Asraafo Ase

Bere a eduu sɛ wɔde ɔko no hyehyɛ so no, Debora ka kyerɛɛ Barak sɛ: ‘Sɔre, na ɛnnɛ ne da a Yehowa de Sisera ahyɛ wo nsa. So ɛnyɛ Yehowa na atu di w’anim yi?’ Na ɛsɛ sɛ Barak ne ne mmarima no sian fi Tabor atifi ba bon no mu, nanso na Sisera nteaseɛnam no benya hokwan adi wɔn so nkonim wɔ hɔ. Sɛ na wowɔ Barak asraafo no mu a, anka wobɛte nka dɛn? So anka wubetie ntɛm ara, bere a wokae sɛ akwankyerɛ no fi Yehowa hɔ no? Barak ne ne mmarima ɔpedu no tiei. “Na [Yehowa, NW] yɛɛ Sisera ne ne nteaseɛnam nyinaa ne ne dɔm mũ no nyinaa basabasa nkrante ano wɔ Barak anim.”—Atemmufo 4:14, 15.

Ɛdenam Yehowa mmoa so no, Barak tɔree Sisera asraafo no ase. Wɔnka nea esii wɔ ɔko no ho nyinaa nkyerɛ yɛn. Nanso nkonimdi dwom a Barak ne Debora toe no ka sɛ ‘ɔsoro nso tuei, omununkum nso tuee nsu.’ Ɛda adi sɛ osu kɛse a ɛtɔe no maa Sisera nteaseɛnam kaa atɛkyɛ mu, maa Barak nyaa wɔn. Ade titiriw a na Kanaanfo no de bedi ako no bɛdanee ɔhaw maa wɔn. Ɛdefa Sisera mmarima a wowuwui ho no, dwom no ka sɛ: “Kison asu sesaw wɔn kɔe.”—Atemmufo 5:4, 21.

So asɛm yi yɛ nokware? Kison osubɔn no yɛ ɔwora, asuten bi bɔn a nsu kakraa bi na ɛfa hɔ. Sɛ osu kɛse tɔ kyɛ a, asuten a ɛte saa no yiri mpofirim dan asuten a ano yɛ den. Bere a na Wiase Ko I rekɔ so no, wɔka sɛ osu kɛse bi a ɛtɔe simma 15 pɛ no maa ɛyɛɛ den sɛ apɔnkɔsotefo bɛfa hɔ. Wɔbɔ ɔko a ɛkɔɔ so wɔ Napoleon ne Turkeyfo ntam wɔ Bepɔw Tabor ho wɔ April 16, 1799 no ho amanneɛ sɛ “osu yiri faa Turkeyfo no pii bere a na wɔrebɔ mmɔden aguan afa baabi a na Kison no ayiri no.”

Yudani abakɔsɛm kyerɛwfo Flavius Josephus kyerɛ sɛ bere a aka kakra ma Sisera ne Barak asraafo no ahyiam no, “osuframa kɛse bi a na osu ne asukɔtweaa pii wom fi soro bɔe, na mframa no bɔ hyiaa Kanaanfo no ma na wontumi nhu ade, enti wɔantumi antow wɔn mmɛmma ne wɔn abo no.”

Atemmufo 5:20 ka sɛ: “Wofi soro bedii wɔn ako, nsoromma fifii wɔn akwan so ne Sisera koe.” Ɔkwan bɛn so na nsoromma ko tiaa Sisera? Ebinom bu saa asɛm yi sɛ ɛkyerɛ Onyankopɔn mmoa a wonyae. Afoforo nso kyerɛ sɛ ɛyɛ abɔfo mmoa, nsoromma a efii soro beguu wɔn so, anaasɛ Sisera ho a ɔde too nsoromma mu a wɔhwɛ so ma edii no huammɔ. Esiane sɛ Bible no nkyerɛ ɔkwan a nsoromma faa so dii ako wɔ ɔko yi mu ankasa nti, ɛte sɛ nea yebetumi abu saa asɛm no sɛ ɛkyerɛ sɛ Israel asraafo no nyaa Onyankopɔn mmoa ɔkwan bi so. Sɛnea asɛm no te biara no, Israelfo no de hokwan a wonyae no dii dwuma yiye. “Barak tiw nteaseɛnam no ne dɔm no . . . na Sisera dɔm nyinaa totɔe nkrante ano, anka obiako pɛ.” (Atemmufo 4:16) Dɛn na ɛtoo safohempanyin Sisera?

Wɔde Ɔhohiafo no Hyɛ “Ɔbea Bi Nsam”

Bible ka sɛ: “Sisera de n’anan guan [fii akono] kɔɔ Kenini Heber yere Yael ntamadan mu, efisɛ asomdwoe wɔ Hasor hene Yabin ne Kenini Heber fi ntam.” Yael too nsa frɛɛ Sisera kɔɔ ne ntamadan mu, maa no nufusu nomee, na ɔde ntama kataa no so ma ɔdae. Afei Yael “faa ntamadan no bofunnua, na ɔfaa asae,” nneɛma a obi a ɔte ntamadan mu taa de di dwuma, “kuraa ne nsam, na ɔkɔɔ ne nkyɛn brɛoo, na ɔde bofunnua no kɔbɔɔ n’asontɔre mu kitaa fam, efisɛ ɔbrɛ nti wada hatee, na owui.”—Atemmufo 4:17-21.

Ɛnna Yael fii adi kohyiaa Barak na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Bra na menkyerɛ wo ɔbarima a worehwehwɛ no no.” Asɛm no toa so sɛ: “Na ɔbaa ne nkyɛn; na hwɛ, Sisera da hɔ awu, na bofunnua no tua n’asontɔre mu.” Osuahu a ɛhyɛ gyidi den bɛn ara na Barak nyae sɛɛ yi! Ná odiyifobea Debora adi kan aka akyerɛ no sɛ: “Ɔkwan a worekɔ yi mu anuonyam renyɛ wo ara wo de, na ɔbea bi nsam na [Yehowa, NW] atɔn Sisera ahyɛ.”—Atemmufo 4:9, 22.

So yebetumi abu nea Yael yɛe yi sɛ aniammɔnho? Yehowa ammu no saa. Barak ne Debora nkonimdi dwom no kae sɛ: “Wonhyira no ntamadan mu, mmea mu.” Saa dwom no ma yɛte Sisera wu no ase yiye. Wɔka ne maame ho asɛm wom sɛ obi a na ɔretwɛn no sɛ obefi akono aba. Obisa sɛ: “Ɛdɛn na ne teaseɛnam anan ka akyiri yi?” “N’ahotrafo mu anyansafo” bɔ mmɔden sɛ wɔbɛkyekye ne werɛ bere a wɔka sɛ ɛbɛyɛ sɛ ɔrekyekyɛ asade—ntama a wɔadi mu adwini fɛfɛɛfɛ ne mmea ama mmarima no. Mmea no bisa sɛ: ‘So wɔrennya asade nkyɛ? Ababaa biako anaa baanu mma ɔbarima biako, ntade a wɔahyɛ no aduru asade mma Sisera, ntade a wɔadi mu adwini asade, mpaanedwuma ntama nworannworan ahorow abien a ɛbɛkata me kɔn mu sɛ asade?’—Atemmufo 5:24, 28-30.

Nea Yesua Fi Mu

Barak asɛm no ma yenya asuade atitiriw bi. Wɔn a wɔmma Yehowa nni wɔn asetra so no behyia ɔhaw ahorow ne abasamtu. Wɔn a wɔkyerɛ ahonu na wɔdan kɔ Onyankopɔn nkyɛn na wɔkyerɛ ne mu gyidi no betumi ade wɔn ho afi nhyɛso ahorow mu. Na so ɛnsɛ sɛ yesua sɛ yɛbɛyɛ osetie nso? Sɛ ɛba sɛ ɛte sɛ nea Onyankopɔn ahwehwɛde ahorow ne nnipa nsusuwii nhyia a, yebetumi anya ahotoso sɛ yɛn yiyedi nti na ɔma yɛn akwankyerɛ ahorow. (Yesaia 48:17, 18) Barak kyerɛɛ Yehowa mu gyidi na odii Onyankopɔn akwankyerɛ so ansa na otumi “kaa ananafo mpasua gui.”—Hebrifo 11:32-34.

Nsɛm a ɛka koma a Debora ne Barak de wiee wɔn dwom no ne sɛ: “Ma w’atamfo nyinaa nsɛe, [Yehowa, NW], na w’adɔfo nyɛ sɛ owia a efi n’ahoɔden mu.” (Atemmufo 5:31) Hwɛ sɛnea eyi bɛbam bere a Yehowa de Satan wiase bɔne no ba awiei no!

[Mfonini wɔ kratafa 29]

Yehowa nam Debora so de ahyɛde maa Barak

[Mfonini wɔ kratafa 31]

Kison Asubɔnten no yiri sram so

[Asɛm Fibea]

Pictorial Archive (Near Eastern History) Est.

[Mfonini wɔ kratafa 31]

Bepɔw Tabor

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena