Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w05 7/1 kr. 3-4
  • Asomdwoe a Wɔrehwehwɛ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Asomdwoe a Wɔrehwehwɛ
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2005
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ma W’ani Nsɔ Nea Wowɔ Na Da Ayamye Adi
    Nyan!—2018
  • Anigye—Ɛho Ayɛ Na Yiye
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • So Ahonyade Betumi Ama Wo Anigye?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
  • Onyankopɔn mu Gyidi—So Ɛhwehwɛ sɛ Obi Hu Anwonwade bi Ansa?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2005
w05 7/1 kr. 3-4

Asomdwoe a Wɔrehwehwɛ

NÁ Albert yɛ ɔwarefo a ɔwɔ mma baanu a n’ani gye wɔ n’aware mu. Nanso ɔtee nka sɛ na n’asetra nwie pɛyɛ. Bere bi a na ɔrehwehwɛ adwuma ayɛ denneennen no, ɔde ne ho kɔhyɛɛ amanyɔsɛm mu kodii amammu a wɔkyerɛ sɛ obi nsen obi akyi. Ɔbɛyɛɛ Komunis amanyɔkuw no muni mapa mpo.

Nanso, ankyɛ na Albert paa abaw wɔ Komunis amammu ho. Ogyaee amanyɔsɛm akyi di de n’adwene nyinaa sii n’abusua yiyedi so. Anigye a na ɔbɛma n’abusua anya bɛyɛɛ ade titiriw wɔ n’asetra mu. Nanso, na Albert da so ara te nka sɛ n’asetra nwie pɛyɛ; na onnyaa asomdwoe a ɔrehwehwɛ no.

Ɛnyɛ Albert nkutoo na ɔwɔ tebea a ɛte saa mu. Nnipa pii asɔ adwenkyerɛ, nyansapɛ, ne ɔsom ahorow ahwɛ sɛ ɛbɛma wɔanya asetra a edi mu anaa. Nnipakuw bi sɔree wɔ 1960 mfe no mu wɔ Aman a Wodi Yiye mu a wɔkasa tiaa abrabɔ pa ne sɛnea na nnipa yɛ wɔn ade a na obiara gye tom no. Mmabun titiriw na wɔfaa nnubɔne ne wɔn a wɔfrɛ wɔn ho akyerɛkyerɛfo ne asɔfo mpanyin wɔ kuw no mu nyansapɛ so hwehwɛɛ anigye ne asetra a edi mũ. Nanso, saa kuw yi antumi amma wɔannya anigye ankasa. Mmom no, ɛmaa nnubɔnenom kaa nnipa pii hɔ, na ɛmaa mmabun pii nso bra sɛe. Eyi maa ɔbrabɔne nyaa nkɔanim.

Nnipa pii afa ahonyade, tumi, anaa nhomasua so ahwehwɛ anigye mfehaha pii ni. Awiei koraa no, saa kwan a wɔfa so hwehwɛ anigye yi kowie abasamtu mu. Yesu kae sɛ: “Sɛ onipa nya ma ebu so mpo a, ɛnyɛ nneɛma a ɔwɔ no mu na ne nkwa fi.” (Luka 12:15) Mmom no, wɔn a wɔpɛ sɛ wonya wɔn ho ɔkwan biara so no ntaa nnya anigye a wɔrehwehwɛ no. Bible ka sɛ: “Wɔn a wɔn ani abere sɛ wɔbɛyɛ adefo no hwe sɔhwɛ ne afiri ne nkwasea akɔnnɔ a ɛyɛ hu bebree mu, na ɛno na ɛde nnipa kɔ ɔsɛe pasaa mu. Na sikanibere yɛ bɔne nyinaa nhin, na ebinom adi akyi ma . . . wɔde yaw bebree awowɔ wɔn ho nyinaa.”—1 Timoteo 6:9, 10.

Ɛnde, obi bɛyɛ dɛn anya asomdwoe ne asetra a edi mũ? So ɛsɛ sɛ ɔsɔ nneɛma ahorow bi hwɛ, te sɛ nea obi retow agyan abɔ biribi a ɛwɔ esum mu mu? Anigyesɛm ne sɛ ɛnte saa. Sɛnea yebehu wɔ asɛm a edi hɔ mu no, sɛ yebenya asomdwoe a, ɛsɛ sɛ yehu ade bi a ɛho hia nnipa paa a wɔn nkutoo na wɔwɔ bi.

[Mfonini wɔ kratafa 3]

So ahonyade, tumi, anaa nhomasua a wobɛhwehwɛ bɛboa wo ma woanya asomdwoe?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena