Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w06 11/15 kr. 32
  • So Yuda Yɛɛ Amamfõ?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Yuda Yɛɛ Amamfõ?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2006
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2006
w06 11/15 kr. 32

So Yuda Yɛɛ Amamfõ?

BIBLE hyɛɛ nkɔm sɛ Babilonfo bɛsɛe Yuda ahemman no nsase, na ɛbɛdan amamfõ kosi sɛ Yudafo a wɔkɔɔ nkoasom mu no bɛsan aba. (Yeremia 25:8-11) Adanse a edi mu paa a ɛkyerɛ sɛ nkɔmhyɛ yi baa mu ne abakɔsɛm a Onyankopɔn ma wɔkyerɛwee bɛyɛ mfe 75 akyi fi bere a nnipa a wɔwɔ nkoasom mu no bi dii kan baa wɔn asase so bio no. Ɛka sɛ, Babel hene ‘tutuu wɔn a wɔkae wɔ afoa ano no kɔɔ Babel, na wɔkɔyɛɛ ɔno ne ne mma nkoa kosii Persia ahenni so.’ Na ɛka asase no ho asɛm sɛ: “Amamfõyɛ nna no nyinaa na ɛbɛhome.” (2 Beresosɛm 36:20, 21) So adanse bi wɔ hɔ a wɔn a wotutu fam hwehwɛ tetefo nneɛma mu ahu a ɛfoa asɛm yi so?

Ephraim Stern a ɔyɛ Palestina fam tutufo ho ɔbenfo wɔ Hebri Sukuupɔn mu no ka wɔ nsɛmma nhoma bi mu sɛ: “Asiriafo ne Babilonfo nyinaa sɛee tete Israel man no fã kɛse no ara, nanso nneɛma a fam tutufo ahu wɔ bere a aman yi mu biara dii Israel so nkonim akyi no ma nsɛm abien bi a ɛsono emu biara koraa da adi.” Ɔkyerɛkyerɛ mu sɛ: “Bere a biribi wɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ Asiriafo baa Palestina no, Babilonfo no de, wɔannyaw biribiara bere a wɔsɛe ɔman no. . . . Yenhu adanse biara a ɛkyerɛ sɛ nnipa kɔɔ so traa ɔman no mu kosii sɛ Persiafo ahenni fii ase . . . Biribiara nni hɔ a yebetumi de akyerɛ sɛ nnipa traa ɔman no mu. Saa bere no nyinaa mu no, kurow biara nni hɔ a Babilonfo sɛe no a nnipa san kɔtraa mu.”—Biblical Archaeology Review.

Ɔbenfo Lawrence E. Stager a ɔwɔ Harvard Sukuupɔn mu no gye asɛm yi tom. Ɔka sɛ, esiane sɛ Babilon hene “sɛee Filistea, ne akyiri yi Yuda nyinaa pasaa nti, ɛmaa asase a ɛda Yordan Asubɔnten no atɔe fam no daa mpan.” Stager de ka ho sɛ: “Ɛyɛ Kores Ɔkɛse, Persiani a odii Babilon so nkonim no bere so nkutoo na wohuu adanse bio . . . wɔ Yerusalem ne Yuda a ɛkyerɛ sɛ Yudafo pii a na wɔwɔ nkoasom mu no san baa wɔn asase so.”

Nokwarem no, Yehowa asɛm a ɔkae sɛ Yuda bɛdan amamfõ no baa mu. Yehowa Nyankopɔn nsɛm a ɔka bam bere nyinaa. (Yesaia 55:10, 11) Yebetumi anya Yehowa ne bɔhyɛ ahorow a ɛwɔ n’Asɛm Bible mu no mu ahotoso koraa.—2 Timoteo 3:16.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena