Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w06 11/15 kr. 31
  • Boa Wo Mma Ma Wɔmma Mmuae

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Boa Wo Mma Ma Wɔmma Mmuae
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2006
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Yi Yehowa Ayɛ Wɔ Asafo Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2019
  • Momma Yɛnhyehyɛ Yɛn Ho Nkuran Wɔ Adesua Ase
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2023
  • Ɔkwan Pa Bɛn na Yebetumi Afa so Asua Ade Ansa na Yɛakɔ Asafo Nhyiam?
    Henanom Na Wɔreyɛ Yehowa Apɛde Nnɛ?
  • Pae Mu Ka W’anidaso ho Asɛm Pintinn
    Yɛn Ahenni Som—1994
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2006
w06 11/15 kr. 31

Boa Wo Mma Ma Wɔmma Mmuae

PERLA a ofi Mexico kae sɛ bere a ɔyɛ abeawa no, na ne maame boa no ma osiesie mmuae tiawa a ɔbɛma wɔ Ɔwɛn-Aban Adesua ase. Seesei Perla wɔ babarima a wadi mfe anum. Dɛn na ɔyɛ de boa no? Ɔka sɛ: “Midi kan sua Ɔwɛn-Aban no. Sɛ meresua a, mehwehwɛ nkyekyɛm a me babarima no bɛte ase a obetumi de n’ankasa nsɛm akyerɛkyerɛ mu. Afei yɛde yɛn adwene si nkyekyɛm a ɔpɛ sɛ ɔma ho mmuae no so. Meka kyerɛ no sɛ ɔmfa nhwɛso bi a onim nkyerɛkyerɛ mu. Ɛno akyi no, yɛbobɔ mmuae a ɔbɛma no so mpɛn pii. Yɛde biribi a ne kɛse te sɛ akasam di dwuma na ama wahu sɛnea obekura akasam no de ama mmuae. Nea ɛma m’ani gye paa ne sɛ, yɛnkɔɔ nhyiam da koro mpo a wamma mmuae anaasɛ wamma ne nsa so. Mpɛn pii no, odi kan kɔ nea ɔbɛhwɛ adesua no so nkyɛn kɔka nkyekyɛm a ɔpɛ sɛ ɔma ho mmuae no kyerɛ no ansa na nhyiam no afi ase.”

Jens a ɔsom sɛ asafo mu panyin wɔ asafo a wɔka Hindi kasa mu no wɔ mmabarima baanu. Baako adi mfe abien, ɛnna ɔfoforo no nso adi mfe anan. Sɛ ɔne ne yere ne wɔn mma no resiesie wɔn ho ama asafo nhyiam a, wɔfa kwan a Jens awofo faa so kyerɛkyerɛɛ no no so. Ɔka sɛ: “Yɛhwɛ adesua no fã a mmofra no betumi ate ase. Afei yɛma wohu nea adesua no fa ho anaa nsɛntitiriw a ɛwom. Ɛno akyi no, yebisa wɔn nsɛm a yɛpɛ sɛ wɔma ho mmuae wɔ nhyiam no ase no. Sɛnea wɔde wɔn ankasa nsɛm ma mmuae no taa yɛ yɛn nwonwa. Mmuae a wɔma no ma yehu sɛ wɔte asɛm no ase ankasa. Ɛno nti, mmuae a wɔma no yɛ ayeyi ankasa a wɔde ma Yehowa, na ɛda wɔn gyidi adi.”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena