Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w08 12/15 kr. 32
  • Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2008
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nsemmisa A Efi Akenkanfo Hɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1982
  • Bere a Kɛseyɛ Nyɛ Papa
    Nyan!—1997
  • Aduan a Ɛma Akwahosan Pa a Wobɛpaw
    Nyan!—1997
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2008
w08 12/15 kr. 32

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Wɔka kyerɛɛ Yudafo no wɔ Nehemia 8:10 sɛ ‘wonni sradenam,’ nanso Mmara a ɛwɔ Leviticus 3:17 no ka sɛ: “Munnni srade.” Ɔkwan bɛn so na saa nsɛm yi betumi ahyia?

Wɔ kasa a wodii kan de kyerɛw Bible mu no, na ɛsono asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase “sradenam” wɔ Nehemia 8:10 no, ɛnna ɛsono asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase “srade” wɔ Leviticus 3:17 no nso. Hebri asɛmfua cheʹlev, a wɔkyerɛɛ ase “srade” wɔ Leviticus 3:17 no fa mmoa anaa nnipa srade ho. (Lev. 3:3; Atem. 3:22) Nea Leviticus 3:17 ka ho asɛm no ma yehu sɛ, na ɛnsɛ sɛ Israelfo di srade a ɛwɔ mmoa a wɔde wɔn bɔ afɔre no nsono ne wɔn asaabo ho, na saa ara nso na na ɛnsɛ sɛ wodi srade a ɛwɔ mmoa no sisi akyi no, efisɛ “srade no nyinaa yɛ [Yehowa, NW] dea.” (Lev. 3:14-16) Enti, na ɛnsɛ sɛ wodi mmoa a wɔde wɔn bɔ afɔre ma Yehowa no srade.

Nanso, asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase “sradenam” wɔ Nehemia 8:10 no ne mash·man·nimʹ, na ɛhɔ nkutoo na epue wɔ Hebri Kyerɛwnsɛm no mu. Na efi adeyɛ asɛm sha·menʹ, a nea ɛkyerɛ ne sɛ “wobɛyɛ kɛse, anaa wobɛdɔ srade” mu. Ɛte sɛ nea ntease titiriw a ɛwɔ nsɛmfua a ɛne saa adeyɛ asɛm yi di nsɛ mu no reyɛ afa yiyedi ne asetra pa ho no. (Fa toto Yesaia 25:6 ho.) Nsɛmfua a wonya fii saa adeyɛ asɛm yi mu biako paa ne sheʹmen, na wɔtaa kyerɛ ase “ngo,” na “ngodua ngo” nso ka ho. (Deut. 8:8; Lev. 24:2) Ɛte sɛ nea sɛnea wɔde asɛmfua mash·man·nimʹ di dwuma wɔ Nehemia 8:10 no fa aduan a wɔde ngo pii yɛ ho no, na ebetumi aba mpo sɛ ɛfa nam a srade kakra wɔ ho ho, nanso ɛmfa srade a ɛfomfam mmoa nam ho no ho.

Ɛwom sɛ wɔbaraa Israelfo no sɛ mma wonnni srade a ɛfomfam mmoa nam ho de, nanso na wobetumi adi aduan a ahoɔden wom na ɛyɛ dɛ. Ná wotumi de atosode mu ngo, mpɛn pii no, ngodua ngo tõ awi keeki, na ɛnyɛ mmoa srade. (Lev. 2:7) Ɛno nti, Insight on the Scriptures nhoma no kyerɛkyerɛ mu sɛ, “sradenam” a wɔde di dwuma wɔ ha no fa “aduan fã a ahoɔden wom ho, ɛnyɛ biribi a ɛyɛ wesee anaa emu nsu atwe, na mmom, nea ɛyɛ sɔkyee, na nea ɛka ho bi ne nnuan a ɛyɛ dɛ a wɔde atosode ngo yɛ.”

Nokwarem no, Kristofo ma ɛtra wɔn adwenem sɛ, na srade a wɔbarae sɛ ɛnsɛ sɛ wodi no ka Mose Mmara no ho. Kristofo nni Mose Mmara no ase, na nea ɛfa mmoa afɔrebɔ ho no nso ka ho.—Rom. 3:20; 7:4, 6; 10:4; Kol. 2:16, 17.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena