Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w10 12/15 kr. 16-20
  • Fa Ɔhene A Onyankopɔn Honhom Kyerɛ No Kwan No So Nya Nhyira!

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Fa Ɔhene A Onyankopɔn Honhom Kyerɛ No Kwan No So Nya Nhyira!
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2010
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Yehowa Ama Wafata sɛ Odi Tumi
  • Wɔama no Tumi sɛ Ɔmfa Agyede no Nyɛ Adwuma
  • Wɔama no Tumi sɛ Ommu Atɛn
  • Fa Kristo so Nya Nhyira!
  • Hena Ne Yesu Kristo?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2005
  • Yesu Kristo​—Onyankopɔn Na Ɛsomaa No Anaa?
    Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So
  • Nkrasɛm a Ɛsɛ sɛ Yɛka
    Nya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua so Mfaso
  • Sɛnea Yesu Ma Onyankopɔn Trenee Da Adi Kɛse
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2010
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2010
w10 12/15 kr. 16-20

Fa Ɔhene A Onyankopɔn Honhom Kyerɛ No Kwan No So Nya Nhyira!

“Yehowa honhom besi no so.”—YES. 11:2.

1. Nsɛm bɛn na ebinom aka afa ɔhaw ahorow a ɛwɔ wiase no ho?

NYANSAHUFO Stephen Hawking bisaa asɛm a edi hɔ yi wɔ afe 2006 mu sɛ: “Nnipa bɛyɛ dɛn atumi atena ase mfe 100 bio wɔ wiase a emu amanyɔsɛm, emu asetena, ne emu abɔde a atwa yɛn ho ahyia ayɛ basaa yi mu?” Nsɛmma nhoma bi kae sɛ: “Yentuu ohia ase mfii wiase, na saa ara nso na yentumi mmaa asomdwoe mmaa mu. Mmom no, ɛte sɛ nea ohia ne basabasayɛ na yɛatumi de aba wiase. Ɛnyɛ sɛ ebia yɛnyɛɛ tebea no ho hwee. Yɛasɔ nniso ahorow nyinaa bi ahwɛ, efi komunis nniso a aban no nsa wɔ ɔman no sikasɛm nyinaa mu so kosi nniso a aban no nsa nni wɔn sikasɛm mu kɛse so; efi Amanaman Apam no so kosi nuklea akode a wɔyɛ no pii gu hɔ sɛnea ɛbɛyɛ a ɛbɛma afoforo abɔ hu na wɔanni ako so. Esiane sɛ yesusuw sɛ yenim sɛnea yebesiw ɔko ano nti, yɛadi ‘ako pii sɛ yɛde besiw ɔko ano.’”—New Statesman.

2. Ɔkwan bɛn so na Yehowa bɛda ne tumidi a ɛfata no adi wɔ asase so nnansa yi ara?

2 Nsɛm a ɛte saa a nkurɔfo keka no nyɛ Yehowa asomfo nwonwa. Bible ma yehu sɛ wɔammɔ nnipa sɛ wɔn ankasa nni wɔn ho so. (Yer. 10:23) Yehowa nkutoo ne yɛn Sodifo a ɔfata. Ɛno nti, ɔno na ɔwɔ hokwan sɛ ɔhyehyɛ mmara ma yɛn, ɔma yehu atirimpɔw a ɛsɛ sɛ yenya wɔ asetena mu, na ɔkyerɛ yɛn kwan ma yedu saa atirimpɔw no ho. Afei nso, ɔnam ne tumi so bɛma mmɔden a nnipa rebɔ sɛ wobedi wɔn ho so nanso ɛnyɛ yiye no aba awiei nnansa yi ara. Saa bere no ara nso, ɔbɛsɛe wɔn a wonnye ne tumidi a ɛfata no ntom na wɔpɛ sɛ wɔkɔ so ma nkurɔfo yɛ nkoa ma bɔne, sintɔ, ne “wiase yi nyame” a ɔne Satan Ɔbonsam no nyinaa.—2 Kor. 4:4.

3. Nkɔm bɛn na Yesaia hyɛ faa Mesia no ho?

3 Yehowa nam Mesia Ahenni no so bɛma nnipa ahu ne tumidi a ɔdɔ wom no wɔ Paradise wiase foforo no mu. (Dan. 7:13, 14) Yesaia hyɛɛ Ahenni no so Hene no ho nkɔm sɛ: “Duforo bi befifi afi Yese dunsin mu, na dubaa befi ne ntini mu asow aba. Yehowa honhom besi no so, nyansa ne ntease honhom, afotu ne tumi honhom, nimdeɛ ne Yehowa suro honhom.” (Yes. 11:1, 2) Akwan pɔtee bɛn so na Onyankopɔn honhom kronkron ama ‘duforo a efi Yese dunsin mu’ a ɔne Yesu Kristo no afata sɛ odi nnipa so? Nhyira bɛn na ne nniso no de bɛba? Na dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ na ama yɛanya saa nhyira no bi?

Yehowa Ama Wafata sɛ Odi Tumi

4-6. Nimdeɛ a ɛho hia bɛn na ɛbɛboa Yesu ma wayɛ n’adwuma sɛ Ɔhene a ɔyɛ Ɔsɔfo Panyin ne Ɔtemmufo a onim nyansa na ɔwɔ ayamhyehye?

4 Yehowa pɛ sɛ nnipa a wɔhyɛ n’ase fa Ɔhene a ɔyɛ Ɔsɔfo Panyin ne Ɔtemmufo a onim nyansa yiye na ɔwɔ ayamhyehye no akwankyerɛ so du pɛyɛ ho. Ɛno nti na Onyankopɔn pawee Yesu Kristo a Onyankopɔn nam honhom kronkron so ma ɔfatae sɛ ɔyɛ saa nnwuma a ɛho hia sen biara no. Ma yensusuw nea enti a Yesu bɛyɛ nnwuma a Onyankopɔn de ahyɛ ne nsa no yiye no bi ho nhwɛ.

5 Yesu wɔ Onyankopɔn ho nimdeɛ sen obiara. Ɔba a ɔwoo no koro no ne Agya no atena bere tenteenten sen obiara, na ɛda adi sɛ ɔne no atena mfe ɔpepepem pii. Yesu nyaa Yehowa ho nimdeɛ yiye saa bere no ma enti wotumi kaa ne ho asɛm sɛ ɔyɛ “Onyankopɔn a wonhu no no suban” pɛpɛɛpɛ. (Kol. 1:15) Yesu ankasa kae sɛ: “Nea wahu me no ahu Agya no nso.”—Yoh. 14:9.

6 Yehowa akyi no, Yesu na ɔwɔ abɔde nyinaa, a nnipa ka ho, ho nimdeɛ a ɛkɔ akyiri. Kolosefo 1:16, 17 kenkan sɛ: “[Onyankopɔn Ba] no so na wɔnam bɔɔ nneɛma a aka nyinaa wɔ soro ne asase so, . . . nea wohu ne nea wonhu. . . . Bio nso, odi nneɛma a aka nyinaa kan, na no so na wɔnam yɛɛ nneɛma a aka nyinaa.” Wo de, susuw ho hwɛ! Yesu a ɔyɛ Onyankopɔn ‘dwumayɛni a ne ho akokwaw’ no ka ho na wɔbɔɔ nneɛma a aka nyinaa. Enti onim amansan yi ho biribiara, efi atɔm mu nneɛma nketenkete paa so kosi onipa amemene a ɛyɛ nwonwa no so. Nokwarem no, ɛfata sɛ wɔfrɛ Kristo sɛ nyansa!—Mmeb. 8:12, 22, 30, 31.

7, 8. Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn honhom boaa Yesu wɔ ne som adwuma no mu?

7 Wɔde Onyankopɔn honhom kronkron sraa Yesu. Yesu kae sɛ: “Yehowa honhom wɔ me so, efisɛ ɔsraa me sɛ memmɛka asɛmpa nkyerɛ ahiafo, ɔsomaa me sɛ memmɛka ogye ho asɛm nkyerɛ nnommum na memma anifuraefo nhu ade, sɛ memma wɔn a wɔabubu nne wɔn ho, na menka bere a ɛsɔ Yehowa ani nkyerɛ.” (Luka 4:18, 19) Ɛda adi sɛ bere a wɔbɔɔ Yesu asu no, honhom kronkron ma ɔkaee nneɛma a na wasua ansa na ɔreba asase so a na nea na Onyankopɔn pɛ sɛ ɔyɛ wɔ ne som adwuma mu wɔ asase so sɛ Mesia no ka ho.—Monkenkan Yesaia 42:1; Luka 3:21, 22; Yohane 12:50.

8 Esiane sɛ honhom kronkron maa Yesu tumi na ɔyɛ pɛ wɔ adwene ne nipadua mu nti, na ɔyɛ onipa a ɔsen biara a watena ase pɛn wɔ asase so, na na ɔyɛ Ɔkyerɛkyerɛfo a ɔsen biara nso. Nokwarem no, “ɔkwan a ɔfaa so kyerɛkyerɛe” no maa n’atiefo ho “dwiriw wɔn.” (Mat. 7:28) Ade biako ne sɛ, Yesu tumi kyerɛkyerɛɛ nea ɛde nnipa haw ahorow a ɛne bɔne, sintɔ, ne Onyankopɔn ho nimdeɛ a nnipa nni bae no mu. Afei nso, na Yesu tumi hu nea na ɛwɔ nnipa koma mu ankasa, na ɔne wɔn dii no sɛnea ɛfata.—Mat. 9:4; Yoh. 1:47.

9. Sɛ wususuw osuahu ahorow a Yesu nyae bere a na ɔwɔ asase so no ho a, ɛma ne mu ahotoso a wowɔ sɛ Sodifo no mu yɛ den dɛn?

9 Yesu tenaa ase sɛ onipa. Osuahu a Yesu nyae bere a ɔbɛyɛɛ onipa wɔ asase so, ne nnipa a wɔnyɛ pɛ a ɔne wɔn bɔe kɛse no boaa no paa ma ɔfatae sɛ Ɔhene. Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Ɛho behiae sɛ [Yesu yɛ] sɛ ne ‘nuanom’ ade nyinaa mu, na wayɛ ɔsɔfo panyin mmɔborɔhunufo ne ɔnokwafo wɔ nneɛma a ɛfa Onyankopɔn ho no mu, na wabɔ ɔman no bɔne ho mpata afɔre. Na esiane sɛ n’ankasa huu amane bere a wɔsɔɔ no hwɛe no nti, obetumi atwitwa agye wɔn a wɔsɔ wɔn hwɛ no.” (Heb. 2:17, 18) Esiane sɛ “wɔsɔɔ” Yesu “hwɛe” nti, obetumi ate wɔn a wɔrehyia sɔhwɛ no ase. Ayamhyehye a Yesu wɔ no daa adi pefee wɔ ɔsom adwuma a ɔyɛe wɔ asase so no mu. Ná wɔn a wɔyare, mmubuafo, wɔn a wɔhyɛ wɔn so, ne mmofra mpo kɔ Yesu nkyɛn a wonsuro. (Mar. 5:22-24, 38-42; 10:14-16) Ná ahobrɛasefo ne wɔn a wɔpɛ sɛ wonya Onyankopɔn ho nimdeɛ nso kɔ ne nkyɛn. Nanso, wɔn a wɔyɛ ahantan, ahomaso, ne wɔn a ‘wonni Onyankopɔn dɔ’ wɔ wɔn mu no poo no, wɔtan no, na wɔsɔre tiaa no.—Yoh. 5:40-42; 11:47-53.

10. Ɔkwan a ɛsen biara bɛn na Yesu faa so daa ne dɔ adi kyerɛɛ yɛn?

10 Yesu de ne nkwa too hɔ maa yɛn. Sɛ yɛbɛka a, adanse a ɛsen biara a ɛkyerɛ sɛ Yesu yɛ Sodifo a ɔfata paa ne ɔpɛ a na ɔwɔ sɛ obewu ama yɛn no. (Monkenkan Dwom 40:6-10.) Kristo kae sɛ: “Obiara nni ɔdɔ a ɛsen eyi, sɛ obi de ne kra bɛto hɔ ama ne nnamfo.” (Yoh. 15:13) Nokwarem no, Yesu nte sɛ nnipa a wɔyɛ sodifo a wɔtɔ sin a wɔtaa didi wɔn manfo ho no, na mmom, ɔde n’ankasa nkwa too hɔ maa nnipa.—Mat. 20:28.

Wɔama no Tumi sɛ Ɔmfa Agyede no Nyɛ Adwuma

11. Dɛn nti na yebetumi anya Yesu a ɔne yɛn Gyefo no mu ahotoso koraa?

11 Hwɛ sɛnea ɛfata sɛ Yesu a ɔyɛ Ɔsɔfo Panyin no na obedi anim de n’agyede afɔre no so mfaso ayɛ yɛn ho adwuma! Nokwarem no, bere a Yesu reyɛ ne som adwuma wɔ asase so no, ɔma yehuu nea ɔbɛyɛ ama yɛn wɔ ne Mfirihyia Apem Nniso no mu sɛ yɛn Gyefo, na sɛ yedi nokware a, yebetumi anya so mfaso. Yesu saa wɔn a wɔyare ne mmubuafo yare, onyan awufo, ɔmaa nnipadɔm aduan, na odii wim tebea so mpo. (Mat. 8:26; 14:14-21; Luka 7:14, 15) Wanyɛ saa nneɛma yi sɛ ɔde retwetwe adwene aba ne ho so de akyerɛ sɛ ɔwɔ tumi, na mmom, ɔyɛɛ saa de daa ayamhyehye ne ɔdɔ a ɔwɔ adi. Bere a ɔkwatani bi srɛɛ no sɛ ɔnsa no yare no, ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Mepɛ.” (Mar. 1:40, 41) Yesu bɛda ayamhyehye a ɛte saa ara adi wɔ ne Mfirihyia Apem Nniso no mu, na ɔbɛyɛ saa wɔ wiase nyinaa.

12. Ɔkwan bɛn so na Yesaia 11:9 bɛba mu?

12 Afei nso, Kristo ne wɔn a ɔne wɔn bedi ade no bɛkɔ so ayɛ ɔkyerɛkyerɛ adwuma a Yesu fii ase mfe 2,000 a atwam no. Enti, asɛm a ɛwɔ Yesaia 11:9 no bɛba mu sɛ: “Yehowa ho nimdeɛ bɛhyɛ asase so mã sɛnea nsu akata po so no.” Akyinnye biara nni ho sɛ, ɔkwan a yɛbɛfa so ahwɛ asase ne ɛso mmoa pii no so ho akwankyerɛ bɛka Onyankopɔn nkyerɛkyerɛ a wɔde bɛma yɛn no ho sɛnea wodii kan de maa Adam no. Ebedu mfirihyia 1,000 no awiei no, na Onyankopɔn atirimpɔw a odii kan daa no adi wɔ Genesis 1:28 no aba mu, na na agyede afɔre no awie n’adwuma koraa.

Wɔama no Tumi sɛ Ommu Atɛn

13. Dɛn na Yesu yɛe de kyerɛe sɛ ɔdɔ trenee?

13 Kristo ne “[Onii a] Onyankopɔn ahyɛ sɛ ɔbɛyɛ ateasefo ne awufo temmufo.” (Aso. 10:42) Ɛnde hwɛ sɛnea ɛyɛ awerɛkyekye sɛ yebehu sɛ biribiara ntumi nsɛe Yesu adwene, na ɔde trenee ne nokwaredi ayɛ abɔso abɔ ne sisi! (Yes. 11:5) Ɔdaa no adi sɛ n’ani nnye anibere, nyaatwom, ne nneɛma bɔne foforo ho, na ɔkasa tiaa wɔn a na wonni tema ma wɔn a wɔrehu amane no. (Mat. 23:1-8, 25-28; Mar. 3:5) Bio nso, Yesu daa no adi sɛ nea aniwa hu ntumi nnaadaa no, “efisɛ na ɔno ankasa nim nea ɛwɔ onipa mu.”—Yoh. 2:25.

14. Ɔkwan bɛn so na Yesu reda no adi nnɛ sɛ ɔdɔ trenee ne atɛntrenee, na dɛn na ɛsɛ sɛ yebisa yɛn ho?

14 Yesu rehwɛ asɛnka ne ɔkyerɛkyerɛ adwuma a ɛsen biara a wɔreyɛ wɔ nnipa asetena mu wɔ wiase nyinaa no so de reda no adi sɛ ɔda so dɔ trenee ne atɛntrenee. Onipa biara, nnipa nniso, anaa honhommɔne biara nni hɔ a obetumi asiw kwan sɛ ɔremma yɛnyɛ adwuma yi nkodu baabi a Onyankopɔn pɛ sɛ yɛyɛ kodu no. Enti, yebetumi anya ahotoso koraa sɛ ebedu sɛ Harmagedon bɛsɛe nneɛma bɔne awie no, na Onyankopɔn abu atɛntrenee. (Monkenkan Yesaia 11:4; Mateo 16:27.) Bisa wo ho sɛ: ‘So meda su a Yesu daa no adi kyerɛɛ nnipa no bi adi wɔ asɛnka mu? Sɛ m’apɔwmuden anaa me nsɛm tebea mpo mma mintumi nyɛ pii a, so meyɛ nea m’ahoɔden bɛma matumi ayɛ biara ma Yehowa?’

15. Dɛn na sɛ yɛma ɛtena yɛn adwenem a ebetumi aboa yɛn ma yɛayɛ nea yebetumi biara ama Onyankopɔn?

15 Sɛ yɛma ɛtena yɛn adwenem sɛ asɛnka adwuma a yɛreyɛ no yɛ Onyankopɔn adwuma a, ɛbɛboa yɛn ma yɛafi yɛn kra nyinaa mu ayɛ. Onyankopɔn na ɔkae sɛ yɛnyɛ saa adwuma no; ɔnam ne Ba no so kyerɛ yɛn sɛnea yɛnyɛ no; na ɔnam honhom kronkron so ma wɔn a wɔreyɛ no tumi. So w’ani sɔ sɛ woanya hokwan ne Onyankopɔn Ba a ne honhom kyerɛ no kwan no resom sɛ Onyankopɔn yɔnko dwumayɛni? Sɛ ɛnyɛ Yehowa a, hena bio na obetumi akanyan nnipa bɛboro ɔpepem ason a wobu wɔn mu dodow no ara sɛ “nnipa a wonsuaa nhoma na wɔyɛ mpapahwekwa” no ma wɔaka Ahenni no ho asɛm akyerɛ nkurɔfo wɔ nsase 236 so?—Aso. 4:13.

Fa Kristo so Nya Nhyira!

16. Dɛn na Genesis 22:18 ma yehu fa Onyankopɔn nhyira ho?

16 Yehowa ka kyerɛɛ Abraham sɛ: “W’aseni so na asase so aman nyinaa nam benya nhyira, efisɛ woayɛ aso ama me.” (Gen. 22:18) Eyi ma yehu sɛ wɔn a wɔwɔ anisɔ ma Yehowa ne ne Ba no betumi de ahotoso ahwɛ kwan sɛ wobenya nhyira a Aseni a ɔne Mesia no de bɛba no bi. Saafo no reyɛ ɔsom adwuma no denneennen nnɛ, na wɔrehwɛ saa nhyira no kwan.

17, 18. Yehowa bɔhyɛ bɛn na ɛwɔ Deuteronomium 28:2, na dɛn na ɛno hwehwɛ sɛ yɛyɛ?

17 Bere bi, Onyankopɔn ka kyerɛɛ Israel man a wɔyɛ Abraham asefo no sɛ: “[Sɛ] woyɛ aso ma Yehowa wo Nyankopɔn asɛm a, nhyira yi [a wɔaka ho asɛm wɔ Mmara apam no mu] nyinaa bɛba wo so.” (Deut. 28:2) Saa asɛm no fa Onyankopɔn asomfo a wɔwɔ hɔ nnɛ nso ho. Sɛ wopɛ sɛ wunya Yehowa nhyira a, ‘yɛ aso’ ma no. Sɛ woyɛ aso ma no a, ne nhyira “bɛba wo so.” Ɛnde, “aso” a wobɛyɛ no kyerɛ dɛn?

18 Ɛda adi sɛ nea aso a wobɛyɛ no kyerɛ no bi ne sɛ wubesusuw nea wɔaka wɔ Onyankopɔn Asɛm mu ne honhom fam aduan a ɔde ma yɛn no ho anibere so. (Mat. 24:45) Ɛsan nso kyerɛ sɛ wubetie Onyankopɔn ne ne Ba no. Yesu kae sɛ: “Ɛnyɛ obiara a ose me sɛ, ‘Awurade, Awurade’ no na ɔbɛhyɛn ɔsoro ahenni no mu, na mmom nea ɔyɛ m’Agya a ɔwɔ soro no apɛde no na ɔbɛhyɛn mu.” (Mat. 7:21) Enti, nea aso a obi bɛyɛ ama Onyankopɔn kyerɛ ne sɛ obefi ne pɛ mu abrɛ ne ho ase ahyɛ nhyehyɛe a Onyankopɔn ayɛ ato hɔ, a ɛne Kristofo asafo no a mpanyimfo a wɔapaw wɔn a wɔne ‘nnipa a wɔde wɔn ama sɛ akyɛde’ wom, no ase.—Efe. 4:8.

19. Yɛbɛyɛ dɛn atumi anya nhyira?

19 Saa mmarima a ‘wɔde wɔn ama sɛ akyɛde’ no mu bi ne Sodikuw no mufo a wodi dwuma sɛ Kristofo asafo mũ no nyinaa ananmusifo no. (Aso. 15:2, 6) Nokwarem no, adwene a yɛwɔ wɔ Kristo honhom fam nuanom yi ho ne ade titiriw a wobegyina so abu yɛn atɛn wɔ ahohiahia kɛse a ɛreba no mu. (Mat. 25:34-40) Enti, ɔkwan biako a yebetumi afa so anya nhyira ne sɛ yɛde nokwaredi bɛboa wɔn a Onyankopɔn asra wɔn no.

20. (a) Dɛn ne ‘nnipa a wɔde wɔn ama sɛ akyɛde’ no adwuma titiriw? (b) Dɛn na yebetumi ayɛ de akyerɛ sɛ yɛn ani sɔ saa anuanom yi?

20 Wɔn a wɔka ‘nnipa a wɔde wɔn ama sɛ akyɛde’ no ho nso ne Baa Boayikuw mufo, ahwɛfo akwantufo, ne asafo mu mpanyimfo, na wɔde honhom kronkron na apaw wɔn nyinaa. (Aso. 20:28) Saa anuanom yi adwuma titiriw ne sɛ wɔbɛhyɛ Onyankopɔn nkurɔfo den “akosi sɛ [wɔn] nyinaa bɛyɛ biako wɔ gyidi ne Onyankopɔn Ba no ho nokware nimdeɛ mu, ayɛ ɔbarima a wanyin awie adi mũ sɛnea Kristo a ɔne susude a ɛyɛ pɛ no te.” (Efe. 4:13) Ɛwom sɛ wɔn nso tɔ sin te sɛ yɛn a yɛaka no ara de, nanso sɛ yɛkyerɛ ɔhwɛ adwuma a wofi ɔdɔ mu yɛ no ho anisɔ a, yenya nhyira.—Heb. 13:7, 17.

21. Dɛn nti na ɛho hia paa sɛ yetie Onyankopɔn Ba no?

21 Kristo bɛsɛe Satan nhyehyɛe bɔne no nnansa yi ara. Sɛ ɔsɛe no ba a, yɛn nkwagye begyina Yesu Kristo so efisɛ ɔno na Onyankopɔn de ahyɛ ne nsa sɛ ɔnkyerɛ “nnipakuw kɛse” a wɔhyɛɛ wɔn ho nkɔm no kwan nkɔ “nkwa asuti ho.” (Adi. 7:9, 16, 17) Enti, momma yɛnyɛ nea yebetumi biara mfi yɛn pɛ mu mmrɛ yɛn ho ase nhyɛ Ɔhene a Yehowa honhom kyerɛ no kwan no ase nnɛ, na yɛnkyerɛ ne ho anisɔ.

Dɛn na Wusua Fii Kyerɛw Nsɛm a Edidi so Yi Mu?

• Yesaia 11:1-5.

• Marko 1:40, 41.

• Asomafo Nnwuma 10:42.

• Genesis 22:18.

[Mfonini wɔ kratafa 17]

Ayamhyehye a Yesu wɔ no daa adi bere a onyan Yairo babea no

[Mfonini wɔ kratafa 18]

Yesu Kristo rehwɛ asɛnka adwuma a ɛsen biara a wɔreyɛ wɔ nnipa asetena mu no so

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena