Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w11 7/1 kr. 6
  • Nkɔmhyɛ 3. Ɔyare

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nkɔmhyɛ 3. Ɔyare
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2011
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ɔyaredɔm Wɔ Afeha a Ɛto so 20 Yi Mu
    Nyan!—1997
  • Nyarewa—So Ɛto Betwa Da Bi?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1983
  • Ɔko A Etia Ɔyare Ne Owu​—So Wɔredi Nkonim?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Wiase no mu Akwahosan—Nsonsonoe a Ɛreyɛ Kɛse
    Nyan!—1995
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2011
w11 7/1 kr. 6

Nkɔmhyɛ 3. Ɔyare

“Yare bɔne bɛbɔ . . . nnipa pii.”—LUKA 21:11, Contemporary English Version.

● Bonzali a ɔyɛ apɔwmuden dwumayɛni bi a ɔwɔ Afrika man a ɔko asɛe hɔ no yɛɛ nea obetumi biara sɛ ɔbɛhwɛ ne kuromfo bi a wotu agude wɔ asase ase a na Marburg yare rekunkum wɔn no.a Ná wɔato mpanyimfo a wɔwɔ kuro kɛse mu no nkra sɛ wɔmmra mmɛboa no, nanso wannya mmuae biara. Asram anan akyi no, mpanyimfo no bae sɛ wɔrebɛboa no, nanso na Bonzali awu. Onyaa Marburg yare no bi fii adwumayɛfo a ɔbɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛsa wɔn yare no hɔ.

DƐN NA ADANSE AHOROW NO MA YEHU? Yare bi te sɛ mpafe, ayamtu, HIV/AIDS, nsamanwaw, ne atiridiinini ka nyarewa a ɛyɛ hu a ɛhaw adesamma no ho. Nnansa yi, nyarewa ahorow anum a yɛabobɔ din yi akunkum nnipa bɛyɛ ɔpepem 10.7. Wɔ ɔkwan foforo so no, anibu abiɛsa biara mu no, yare no kum onipa biako.

NSƐM BƐN NA NKURƆFO TAA DE YI WƆN HO ANO? Nnipa dodow a wɔwɔ wiase no dɔ ara na ɛredɔɔso, enti na yehu nyarewa pii no. Na ebetumi asan nnipa pii.

SO ƐTƆ ASOM? Nnipa adɔɔso wɔ wiase paa. Saa ara nso na nnipa anya nkɔanim wɔ sɛnea wotumi hu yare, wɔsɔw ano, na wɔsa mu. Ɛnde sɛnea ntease wom no, so ɛnsɛ sɛ nyarewa a ɛrehaw adesamma no so tew koraa? Nanso, ade foforo koraa na yehu.

WUSUSUW HO DƐN? So yare bɔne rehaw nnipa sɛnea Bible hyɛɛ nkɔm no?

Asasewosow, aduankɔm, ne nyarewa nyɛ nnipa na mmom ɛyɛ tebea a ɛhaw nnipa ɔpepem pii. Nnipa dodow no ara hu amane wɔ wɔn mfɛfo nsam—wɔn mu pii wɔ hɔ a, wɔn a ɛsɛ sɛ wɔbɔ wɔn ho ban no mmom na edi wɔn awu. Hyɛ nea Bible nkɔmhyɛ ka sɛ ebesi no nsow.

[Ase hɔ asɛm]

a Marburg yɛ yare bi a ɛte sɛ Ebola.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 6]

“Ɛyɛ hu sɛ gyata anaa biribi foforo bedi wo nam, nanso saa ara na ɛte bere a aboawa bi a ne ho yɛ hu hyɛ wo mu na odi wo nam na wuhu sɛ nnipa a wɔatwa wo ho ahyia nso rehu amane saa ara no.”—NSANYARE HO ƆBENFO MICHAEL OSTERHOLM.

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 6]

© William Daniels/Panos Pictures

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena