Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g95 4/8 kr. 3-5
  • Wiase no mu Akwahosan—Nsonsonoe a Ɛreyɛ Kɛse

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wiase no mu Akwahosan—Nsonsonoe a Ɛreyɛ Kɛse
  • Nyan!—1995
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nokwasɛm Ahorow a Ɛyɛ Hu
  • Akwahosan ne Ohia—Ɛwɔ Abusuabɔ
  • Ɔyaredɔm Wɔ Afeha a Ɛto so 20 Yi Mu
    Nyan!—1997
  • Mpɔntu Aba Akwahosan Nhyehyɛe Mu Nanso Ɛnyɛ Obiara na Ne Nsa Ka
    Nyan!—1999
  • Nkabom a Ɛyɛ Hu
    Nyan!—1998
  • Wiase a Yare Nnim
    Nyan!—2004
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1995
g95 4/8 kr. 3-5

Wiase no mu Akwahosan—Nsonsonoe a Ɛreyɛ Kɛse

EFI NYAN! KYERƐWFO A ƆWƆ BRAZIL HƆ

BERE a mpete yɛɛ Ali Maow Maalin wɔ Somalia wɔ 1977 mu no, ɛma wɔde no kɔtoo ayaresabea, na ne din puei wɔ atesɛm nkrataa nso mu. Bere a wɔsaa no yare na ne ho tɔɔ no akyi no, WHO (Wiase Akwahosan Ahyehyɛde) bɔɔ amanneɛ wɔ 1980 mu sɛ wɔatu mpete ase—afi asase so—bere a akunkum nnipa ɔpepem pii mfehaha pii akyi no. Wɔkae sɛ Ali na otwa to a ebi yɛɛ no.

Wɔ 1992 mu no, WHO bɔɔ akwahosan sohwɛ mu nkɔso afoforo ho amanneɛ: Wɔ 1980 mfe no mu no, aman a afei na ɛrenya nkɔso mu nnipa pii nyaa nsu pa a wɔnom ne nneɛma a ɛma ahotew. Bio nso, aman a wonnyaa nkɔso pii mu nnipa bebree nyaa ayaresabea wɔ baabi a wɔte no. Esiane eyi nti, nkokoaa awuwuawuwu so tewee wɔ mmeae bi wɔ mfe du a atwam no mu.

Nokwasɛm Ahorow a Ɛyɛ Hu

Nanso, nkogudi ma nkɔso yi yɛ ɔkwa na ahude a ɛresisi no bunkam so. Susuw nokwasɛm ahorow a ɛyɛ hu no kakra ho.

HIV/AIDS—Nnipa bɛboro 17,000,000 na wɔanya HIV, ɔyare aboawa a ɔde AIDS ba no bi wɔ wiase nyinaa. Nnipa bɛyɛ 3,000,000 nyaa bi nnansa yi wɔ afe biako mu, bɛyɛ nnipa 8,000 da koro. Mmofra bɛboro ɔpepem biako anya HIV. Ebia ɛrenkyɛ na AIDS a ekunkum mmofra no ama nkɔso biara a wɔanya wɔ mmofra a wɔma wotumi tra nkwa mu wɔ nnansa yi mfe du du mu no ayɛ ɔkwa. Seesei, ɔyare no afi ase retrɛw mpofirim ntɛmntɛm wɔ mmeae pii, te sɛ Asia. Aids and Development ka sɛ wɔn a wɔanya HIV no nyinaa mu bɛboro ɔha biara mu 80 te aman a afei na ɛrenya nkɔso no mu.

Nsamanwaw (TB)—Ɛwom sɛ wɔabu ani agu so kɛse wɔ mfe aduonu a atwam no mu de, nanso TB haw wiase no bio kunkum nnipa bɛyɛ ɔpepem abiɛsa afe biara, na ɛma ɛyɛ wiase no mu nsanyare a ekunkum nnipa sen biara. Saa nnipa dodow a ekunkum wɔn no mu bɛboro ɔha biara mu 98 te aman a afei na ɛrenya nkɔso no mu. Nea ama tebea no asɛe koraa ne sɛ TB ɔyare aboawa no ne HIV ayɛ biako na wɔredi awu kɛse ma nea efi mu ba no yɛ hu yiye. Wɔhwɛ kwan sɛ ebedu afe 2000 no, na TB kunkum nnipa a wɔanya HIV no mu ɔpepem biako afe biara.

Kokoram—Wɔn a wɔyare kokoram wɔ aman a afei na ɛrenya nkɔso mu no dɔɔso sen wɔn a wɔwɔ aman a anya nkɔso no mu seesei.

Komayare—WHO Duruyɛfo Ivan Gyarfas bɔ kɔkɔ sɛ: “Yɛrebɛn komayare ho asiane a ɛbɛba wiase nyinaa ho.” Ɛnyɛ aman a wɔanya mfiridwuma mu nkɔso nkutoo na komayare haw wɔn bio. Sɛ nhwɛso no, nnipa a komayare bekunkum wɔn wɔ Latin Amerika no bɛdɔɔso asen wɔn a nsanyare bekunkum wɔn no mmɔho abien kosi abiɛsa. Wɔ mfe kakraa bi ntam no, komam nyarewa ne ɔyare a ɛma obi fã dwudwo bekunkum nnipa asen ɔyare biara wɔ aman a afei na ɛrenya nkɔso no nyinaa mu.

Nsase a Osu Tɔ na Owia Bɔ Kɛse wɔ Hɔ so Nyarewa—WHO bɔ kɔkɔ sɛ: “Nsase a osu tɔ na owia bɔ kɛse wɔ hɔ so nyarewa atrɛw ntɛmntɛm, na kɔlera retrɛw kɔ Amerika aman mu . . . , atiridii a wɔfrɛ no yellow fever ne nsanyare a wɔfrɛ no dengue reyɛ nnipa pii, na atiridii retrɛw.” Time nsɛmma nhoma no ka sɛ: “Wɔadi nkogu dedaw wɔ nsanyare a wɔko tia wɔ wiase aman a wodi hia no mu.” Nnipa a seesei atiridii nkutoo kunkum wɔn afe biara no bɛyɛ ɔpepem abien—ade a wosusuwii sɛ wɔreyɛ atu ase awie wɔ bɛyɛ mfe 40 a atwam ni mu no.

Nyarewa a Ɛma Ayamtu—Mmofra a ekunkum wɔn wɔ aman a afei na ɛrenya nkɔso mu no dodow yɛ hu. Mmofra bɛyɛ 40,000 wuwu da biara da esiane nyarewa ne aduan pa a wonnya nni nti; nyarewa a ɛma ayamtu nkutoo kum abofra biako wɔ anibu awotwe biara mu.

Akwahosan ne Ohia—Ɛwɔ Abusuabɔ

Dɛn na akwahosan tebea yi ka kyerɛ yɛn? Akwahosan ho nimdefo bi ka sɛ: “Aman a afei na ɛrenya nkɔso no hyia ɔhaw ahorow abien. Seesei nnɛyi nyarewa a enni sabea a ɛreda adi no nyinaa haw wɔn, nanso nsase a osu tɔ na owia bɔ kɛse wɔ hɔ no so nyarewa da so ara wɔ hɔ.” Dɛn na afi mu aba? Achieving Health for All by the Year 2000 nhoma no ka sɛ “aman ntam nsonsonoe” bi a ɛhaw adwene abɛda adi. Enti, akwahosan sohwɛ wɔ Afrika ne Asia aman bɛyɛ 40 mu no “nyɛ papa te sɛ wiase aman a aka no mu de.” Akwahosan mu nsonsonoe no yɛ kɛse—na ɛrenya nkɔanim.

World Health nsɛmma nhoma no ka sɛ ɛwom sɛ ntease ahorow pii nti na nsonsonoe yi reyɛ kɛse de, nanso ade titiriw biako a enti wonni akwahosan pa “ne ohia.” (Fa toto Mmebusɛm 10:15 ho.) Mpɛn pii no ohia mma nkurɔfo nnya dabere a ɛfata a ɛhɔ tew, wonnya nsu pa a ɛdɔɔso, na ɛma wɔtra baabi a nnipa ne nneɛma akyere so. Ɛnyɛ akwahosan nko na nneɛma abiɛsa yi mma wonnya, na mmom ɛde nyarewa ba ankasa. Sɛ wode aduan pa a wonnya nni, a ɛmma nipadua no ntumi nko ntia nyarewa yiye ka eyi ho a, wubetumi ahu nea enti a ohia sɛe akwahosan te sɛ nea mfɔte sɛe nnua no.

Sɛ nyarewa a ɛyɛ hu ba fie, ebubu nnipa, na ekunkum mmofra a, ahiafo na wohu amane kɛse. Susuw nhwɛso ahorow bi ho. Wɔn a wɔbɔ nsamanwaw wɔ ahiafo atrae a ɛwowɔ South Africa no dɔɔso sen wɔn a wɔbɔ bi wɔ ɔman koro no ara mu adefo atrae no mpɛn ɔha. Nnipa a mpafe ne influensa kunkum wɔn wɔ ahiafo atrae wɔ Brazil no dɔɔso sen wɔn a wɔte adefo atrae a ɛbemmɛn hɔ no mpɛn asia. Na India ahiafo mmusua mu nkokoaa a wowuwu no dɔɔso sen wɔn a wowuwu wɔ India adefo akɛse mmusua mu mpɛn du. Awerɛhosɛm no da adi pefee: ‘Ohia yɛ asiane ma w’akwahosan!’

Ɛnyɛ nwonwa sɛ nnipa bɛboro ɔpepepem biako a wɔwɔ wiase nyinaa a wɔtete ahiafo atrae no hyia abasamtu. Wontumi nyɛ nneɛma atitiriw a ɛma wodi hia no ho hwee, na nyarewa a ɛde ba no abunkam wɔn asetra so. Sɛ ohia rema wuhu amane a, ebia wo nso abasamtu bɛma woate nka sɛ woka wɔn a wɔn asɛm yɛ mmɔbɔ no ho. Nanso, sɛ́ ebia woyɛ ohiani anaa wonyɛ no, nneɛma bi wɔ hɔ a wubetumi ayɛ de abɔ wo ne wo mma akwahosan ho ban. Dɛn ne saa nneɛma no? Asɛm a edi hɔ no de nyansahyɛ ahorow bi ma.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena