Mpɔntu Aba Akwahosan Nhyehyɛe Mu Nanso Ɛnyɛ Obiara na Ne Nsa Ka
AMANNEƐBƆ a Wiase Nyinaa Akwahosan Ahyehyɛde (WHO) de mae wɔ The World Health Report 1998, mu no kyerɛ sɛ, wiase no de wɔn ani asi ɔkwan a wɔbɛfa so ama asase so nnipa nyinaa anya akwahosan pa ne onyinkyɛ so. Amanneɛbɔ no de nhwɛso ahorow yi ma.
Nnipa dodow no ara wɔ nneɛma a ɛma wotumi di wɔn ho ni nnɛ, wonya nsu pa nom, na wonya nneɛma a ɛfata de sa wɔn ho yare. Afei nso, wɔawowɔ wiase mmofra fã kɛse no ara mpaane a ɛko tia mmofraberem nyarewa atitiriw asia no.a Eyi ama mmofra dodow a na anka wowuwu no so atew. Bere a mmofra a wonnya nnii mfe anum ɔpepem 21 na wowui wɔ 1955 mu no, wɔn dodow no so tew baa bɛyɛ ɔpepem 10 wɔ 1997 mu. Bio nso, nnipa dodow a na komayare kunkum wɔn no so atew koraa wɔ aman a wɔanya mfiridwuma mu nkɔanim no dodow no ara mu wɔ mfe pii a abɛsen no mu.
Nanso, amanneɛbɔ no san ka sɛ, ɛnyɛ obiara na wanya akwahosan pa. HIV/AIDS ɔyare mmoawa no da so ara yɛ asiane kɛse. Ɛwom sɛ na wonnim AIDS yare yi ansa na 1981 reba de, nanso wobu akonta sɛ akunkum nnipa ɔpepem 11.7 fi bere a efii ase no. Na anidaso biara nni hɔ sɛ yebetumi anya ano aduru. Wɔ 1996 mu no, mmofra 400,000 a na wonnya nnii mfe 15 na wonyaa HIV. Wɔ 1997 mu no, ná mmofra foforo a wɔbɔ tipɛn a wɔanya bi no dodow reyɛ adu 600,000.
Ɛnnɛ Nyinaa Ohia Mma Yennya Akwahosan
Ɛda adi pefee sɛ ahiafo ɔpehaha pii nni akwahosan pa ankasa. Wohu ahiafo yi wɔ aman a edi hia na wɔtaa yareyare, wonni anidaso biara, na wɔn nkwa yɛ tia mu. Oduruyɛfo Hiroshi Nakajima a ɔyɛ kan WHO kwankyerɛfo panyin, no ka sɛ: “Anyɛ yiye koraa no nsonsonoe a ɛda akwahosan a asikafo ne ahiafo wɔ ntam no da so ara yɛ kɛse te sɛ nea na ɛte mfe aduonum a abɛsen kɔ mu no.” WHO panyin bi ka sɛ, awerɛhosɛm ne sɛ saa nsonsonoe yi yɛ ara na ɛreyɛ kɛse mpo, efisɛ “aman a afei na wɔrenya nkɔso no aba ahokyere kɛse mu. Ɛnyɛ nnɛyi nyarewa a enni sabea no nko na ɛrehaw wɔn na mmom nyarewa a ɛba nsase a osu tɔ na owia bɔ kɛse wɔ hɔ no so nso ka ho.”
Ne nyinaa mu, nkɔso betumi aba. Nokwarem no, mpatuwu ɔpepem pii a esisi no mu pii yɛ nea wobetumi asiw ano. Sɛ nhwɛso no, Oduruyɛfo Nakajima ka sɛ: “Anyɛ yiye koraa no, mmofra ɔpepem 2 na afe biara nyarewa a ɛho aduru wɔ hɔ kunkum wɔn.” Bere a na ɔrekyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ yɛma nsonsonoe a ɛda asikafo ne ahiafo akwahosan ntam yɛ ketewaa bi no, Oduruyɛfo Nakajima de kaa ho sɛ: “Ɛnnɛ ne bere a ɛsɛ sɛ wiase nyinaa ka bom yɛ akwahosan ho adwuma.” Ɛsɛ sɛ wiase nyinaa “gyina atɛntrenee so na wofi biakoyɛ mu yɛ akwahosan ho adwuma” ntɛm ara.
The World Health Report 1998 no ka sɛ, ɛwom sɛ ebetumi akyɛ ansa na wiase no atumi adi biakoyɛ a ɛte saa ho dwuma de, nanso ɔman biara betumi abɔ mmɔden pii de ama ne manfo akwahosan atu mpɔn. Ɔkwan bɛn so? Denam kyerɛ a ɛbɛkyerɛ ne manfo ma wɔayɛ “nneɛma a ebetumi ama wɔanya akwahosan pa wɔ wɔn asetram” na asiw nyarewa ano anaa ama so atew. WHO Mmara ka no saa kwan yi so sɛ: “Nimdeɛ ne ɔmamma ntam biakoyɛ ne ade titiriw a ɛma akwahosan tu mpɔn.”
[Ase hɔ asɛm]
a Saa mmofraberem nyarewa asia yi ne ntoburoo, mmubui, nsamanwaw, menasekuru, nkɔnkɔn, ne asensen.