Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g95 4/8 kr. 6-11
  • Nea Ɛkyerɛ Sɛnea W’akwahosan Bɛyɛ—Nea Wubetumi Ayɛ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nea Ɛkyerɛ Sɛnea W’akwahosan Bɛyɛ—Nea Wubetumi Ayɛ
  • Nyan!—1995
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Wo Suban ne W’akwahosan
  • Akwahosan ne Fie Tebea
  • Akwahosan ne Akwahosan Sohwɛ
  • Kɔlera Yaredɔm—Afrika Atɔe Kyerɛwtohɔ Bi
    Nyan!—1991
  • Mmofra A Wɔbɛboa Wɔn Ma Wɔanya Nkwa!
    Nyan!—1989
  • Mpɔntu Aba Akwahosan Nhyehyɛe Mu Nanso Ɛnyɛ Obiara na Ne Nsa Ka
    Nyan!—1999
  • Akwahosan Pa Ma Adesamma Nyinaa—Bere Bɛn?
    Nyan!—1987
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1995
g95 4/8 kr. 6-11

Nea Ɛkyerɛ Sɛnea W’akwahosan Bɛyɛ—Nea Wubetumi Ayɛ

ESIANE sɛ akwahosan nte sɛ ɛmo anaa esiam nti, odwumayɛni a ɔboa wɔn a asiane ato wɔn ntumi mfa mma. Enni bag mu efisɛ ɛnyɛ aguade na mmom ɛyɛ tebea. WHO (Wiase Akwahosan Ahyehyɛde) kyerɛkyerɛ “akwahosan” ase sɛ “honam, adwene ne asetra mu yiyedi a edi mu.” Nanso dɛn na ɛma wohu sɛnea saa yiyedi no kɛse te?

Ebia wɔde ntaboo, nnadewa, ne nkankyee besi ɔdan korokorowa bi, nanso wɔtaa de adum a wɔde asisi ne ntwea anan so na ekura n’afa horow no mu. Saa ara nso na nkɛntɛnso ahorow pii na ɛkyerɛ sɛnea yɛn akwahosan bɛyɛ, nanso ne nyinaa gyina “ntwea” a ɛyɛ nkɛntɛnso anan so. Ɛne (1) suban, (2) nneɛma a atwa yɛn ho ahyia, (3 ) akwahosan sohwɛ ne (4) awosu. Sɛnea wubetumi ama wo fie anya ahoɔden denam adum no a wobɛma ayɛ papa so no, saa ara nso na wubetumi ama w’akwahosan ayɛ papa denam nneɛma a enya so nkɛntɛnso yi so. Asɛm no ne sɛ, Wobɛyɛ dɛn atumi de nneɛma kakraa bi ayɛ saa?

Wo Suban ne W’akwahosan

Wɔ nneɛma anan no mu no, nea wubetumi ayɛ ho biribi asen biara ne wo suban. Ma a wobɛma ayɛ papa no betumi aboa. Ɛwom, ohia ntumi mma wonyɛ nsakrae a ɛsɛ sɛ woyɛ wɔ w’aduandi ne wo suban no pii ho no, nanso sɛ wode nneɛma a ɛwɔ hɔ a wubetumi apaw no di dwuma a, wubetumi ayɛ nsakrae pii. Hyɛ nhwɛso a edi so yi nsow.

Mpɛn pii no ɛna betumi apaw sɛ ɔbɛma ne ba nufu anaa toa mu aduan. Amanaman Nkabom no Mmofra Foto no ka sɛ nufuma ne “nea eye sen biara wɔ honam ne sika fam nyinaa a ɛsɛ sɛ wɔpaw.” Abenfo ka sɛ ɛna nufusu ne “aduan a ɛma ahoɔden sen biara,” na ɛma akokoaa no nya “aduannuru a ɛne protein, srade, lactose, vitamin, mineral ne nnuru nketenkete a ehia na wanyin yiye no dodow pɛpɛɛpɛ.” Afei nso nufusu de protein anaa nneɛma a ɛko tia ɔyare mmoawa fi ɛna no mu ma akokoaa no, na ɛma akokoaa no nya nhyɛase pa a ɔde bɛko atia nyarewa.

Nufuma ye sen biara wɔ nsase a osu tɔ na owia bɔ kɛse wɔ hɔ a ahotew nni hɔ kɛse no so titiriw. Esiane sɛ ɛna nufusu nte sɛ toa mu nufusu nti, wontumi mfra mu dodo sɛnea ɛbɛyɛ a wɔmmɔ ka pii, wontumi nni mfomso wɔ ne yɛ mu, na bere nyinaa nea efi mu ba no mu tew. Nea ɛne eyi bɔ abira no, Synergy, Canada Amanaman Ntam Akwahosan Fekuw no atesɛm krataa no ka sɛ “tumi a nyarewa a ɛma ayamtu betumi akum abofra a wɔma no toa mu aduan a ɔte ahiafo atrae no sen abofra a wɔma no nufu nkutoo no bɛyɛ mmɔho 15, na mpafe bɛyɛ mmɔho anan.”

Afei sika fam mfaso nso wɔ hɔ. Nufusu a ɛte sɛ pawda bo yɛ den wɔ aman a ɛrenya nkɔso no mu. Sɛ nhwɛso no, toa mu aduan a wɔde ma abofra wɔ Brazil no betumi agye ahiafo abusua ɔsram biako akatua mu nkyem anum mu biako. Wobetumi de sika a nufuma ma wɔkora so no atɔ nnuan a ahoɔden wom kɛse ama abusua no nyinaa—a ɛna no ka ho.

Mfaso horow yi nyinaa nti, wobɛhwɛ kwan sɛ anka nufuma benya nkɔso. Nanso, akwahosan ho adwumayɛfo a wɔwɔ Philippines bɔ amanneɛ sɛ “wɔreyɛ agyae nufuma koraa” wɔ hɔ, na nhwehwɛmu bi a wɔyɛe wɔ Brazil no daa no adi sɛ nneɛma atitiriw a ɛma ɔhome nkwaadɔm mu nyarewa kunkum mmofra mu biako ne “nufu a wɔmma.” Nanso, wo ba betumi akwati saa ɔhaw no. Wubetumi ayɛ ho biribi.

Nanso, abusua no mufo afoforo suban a ɛmfata taa sɛe mmɔden a ɛna no bɔ sɛ ɔbɛbɔ akokoaa akwahosan ho ban no. Fa ɛna bi a ɔwɔ Nepal no sɛ nhwɛso. Ɔne ne kunu ne ne babea a wadi mfe abiɛsa na ɛda ɔdan a wisiw gyina mu mu. Wɔkyerɛw wɔ Panoscope nsɛmma nhoma no mu sɛ mukaase nneɛma ne tawa wusiw ahyɛ ɔdan ketewa no mu ma. Abofra no anya ɔhome nkwaadɔm mu yare bi. Ɛna no nwiinwii sɛ: “Mintumi mma me kunu nnyae sigaretnom. Seesei metɔ sigaret ma me kunu na metɔ aduru nso ma me ba.”

Nea ɛyɛ awerɛhow no, ɔhaw a ohyia no retrɛw kɛse bere a aman a ɛrenya nkɔso no mu nnipa pii sɛe akatua a wohia no kɛse no denam sigaret a wosua nom so no. Nokwarem no, sɛ onipa biako gyae sigaretnom wɔ Europa anaasɛ United States a, nnipa baanu fi ase nom wɔ Latin Amerika anaasɛ Afrika. Netherlands kasa mu nhoma Roken Welbeschouwd ka sɛ ɛho dawurubɔ a ɛyɛ nnaadaa no titiriw na ama aba saa. Ɛho dawurubɔ nsɛm te sɛ “Varsity: ɛma adwene no mu bue yiye” ne “Gold Leaf: sigaret a ɛsom bo ma nnipa a wɔsom bo” no ma ahiafo gye di sɛ sigaretnom de nkɔso ne yiyedi ba. Nanso ɛnte saa. Ɛhye wo sika na ɛsɛe w’akwahosan.

Susuw eyi ho. Bere biara a obi nom sigaret no, ɔtew ne nkwa nna so simma du, na ɛma komayare ne ne nipadua afã horow a ebedwudwo, ne ahurututu, menewam ne anom kokoram ne nyarewa afoforo a obetumi anya no yɛ kɛse. UN Chronicle nsɛmma nhoma ka sɛ: “Tawanom ne ade biako a ɛma nnipa patuw wu na edi wɔn dɛm a wobetumi asiw ano a ɛsen biara wɔ wiase.” Yɛsrɛ sɛ hyɛ no nsow sɛ ɛka sɛ “wobetumi asiw ano.” Wubetumi agyae sigaretnom.

Nokwarem no, suban pii wɔ hɔ a wubetumi apaw a enya w’akwahosan so nkɛntɛnso. Adaka a ɛwɔ asɛm yi kratafa 11 no bobɔ nhoma ahorow bi a wubetumi akenkan wɔ Yehowa Adansefo Ahenni Asa so nhomakorabea din. Ɛwom, egye mmɔdenbɔ na woakyerɛkyerɛ wo ho. Nanso, WHO panyin bi ka sɛ: “Wuntumi nkwati nnipa a wɔn ani abue a wɔakyerɛkyerɛ wɔn sɛnea wɔn akwahosan te’ na wɔayɛ nnipa a wɔwɔ akwahosan.” Enti yɛ ade a ɛma akwahosan yɛ papa a wuntua hwee yi: Kyerɛkyerɛ wo ho.

Akwahosan ne Fie Tebea

Nhoma The Poor Die Young ka sɛ tebea a enya w’akwahosan so nkɛntɛnso sen biara ne wo fie ne wo mpɔtam. Nsu nti nneɛma a atwa wo ho ahyia no betumi de w’akwahosan ato asiane mu. Nsu a ɛnnɔɔso ne nsufi de ɔyare mmoawa, honam ani nyarewa, ayamtu, kɔlera, konkorowa, ne atiridii a wɔfrɛ no typhoid ne nyarewa afoforo ba.

Bere a nea wo nsa a wobɛhohoro no hi a ara ne sɛ wubekyim biribi kɛkɛ de abue nsu no, ebia ɛbɛyɛ den sɛ wubehu bere tenten a nnipa a wonni dorobɛn mu nsu wɔ wɔn afie mu no sɛe na wɔanya nsu da biara. Mpɛn pii no nnipa bɛboro 500 na wobu dorobɛn mu nsu wɔ faako. Ɛno hwehwɛ sɛ wɔtwɛn. Nanso nnipa a wɔn akatua sua de nnɔnhwerew pii yɛ adwuma, na nhoma Environmental Problems in Third World Cities ka sɛ twɛn a wɔtwɛn no “gye bere a wɔde bɛyɛ adwuma anya sika no bi.” Ɛnyɛ nwonwa sɛ nea ɛbɛyɛ na abusua a emufo yɛ baasia ansɛe bere no, wɔtaa kɔsaw nsu a ennu bokiti 30 a abusua a ne kɛse te saa no hia da biara no ba fie. Nanso nsu kakraa bi na wonya de hohoro nnuan ho, nkankyee mu de si ntade na wɔde bi aguare ahohoro wɔn nsa. Eyi ma tebea horow a ɛno nso de dwiw ne nwansena ba, na ɛde abusua no akwahosan to asiane mu ba.

Susuw tebea yi ho. Sɛ wode sakre na ɛkɔ w’adwuma a ɛwɔ akyirikyiri a, wubesusuw sɛ ɛyɛ bere sɛe sɛ dapɛn biara wubegye bere bi de afiri mu ngo agugu ne nkɔnsɔnkɔnsɔn mu, asiesie ne breke, anaasɛ wode ne nan no mu nnade foforo bɛhyehyɛ mu? Dabi, efisɛ wunim sɛ sɛ woansiesie na wunya nnɔnhwerew kakra mpo nnɛ a, ebia akyiri yi wuntumi nkɔ adwuma da mũ nyinaa bere a wo sakre no sɛe no. Saa ara nso na sɛ woankɔ nsu a ɛdɔɔso amfa ansiesie w’akwahosan a, wubetumi anya nnɔnhwerew bi ne sika kakra dapɛn biara de, nanso akyiri yi wubetumi ahwere nna ne sika pii bere a w’akwahosan so a woanhwɛ no yiye nti ɛsɛe no.

Mubetumi de nsu a ɛdɔɔso a mobɛkɔ no ayɛ abusua no adwuma. Ɛwom sɛ ebia mpɔtam hɔ amammerɛ kyerɛ sɛ ɛna ne mmofra na ɛsɛ sɛ wɔkɔ nsu de, nanso agya a odwen nneɛma ho no rempow sɛ ɔde n’ahoɔden bɛkɔ akɔsaw nsu.

Nanso, sɛ nsu no du fie a, ɔhaw a ɛto so abien sɔre—nea ɛbɛyɛ a efĩ remma mu. Akwahosan ho abenfo tu fo sɛ: Mfa nsu a mobɛnom ne nsu a mode bɛyɛ nneɛma foforo no ngu ade biako mu. Fa mmuaso a etumi kata ankorɛ no ano yiye kata so. Ma nsu no nnyen. Mma wo nsateaa nnka nsu no bere a woresesaw no, na mmom fa kuruwa a emu tew a ne nsa ware saw. Fa nnuru a wɔde yi nkekae hohoro ankorɛ no mu daa, na wuwie a fa nsu a efĩ nni mu hohoro mu. Na nyankonsu nso ɛ? Akyinnye biara nni ho sɛ ɛso wɔ mfaso (sɛ osu tɔ nkutoo a!), na sɛ efĩ anka nyankonsu no ho ankɔ ankorɛ no mu, na wɔbɔ ankorɛ no ho ban ma nkoekoemmoa ne nkura ne mmoa foforo nkɔ mu a, entumi mma nyarewa.

Sɛ wuntumi nhu sɛ ebia nsu no ye a, WHO hyɛ nyansa sɛ fa aduru a chlorine wom te sɛ sodium hypochlorite anaasɛ calcium hypochlorite gu mu. Ɛyɛ nnam na ne bo nyɛ den. Sɛ nhwɛso no, sika a eyi ma abusua a wonni sika pii sɛe wɔ Peru afe biara no nnu dɔla abien.

Akwahosan ne Akwahosan Sohwɛ

Mpɛn pii no ahiafo nim akwahosan sohwɛ ahorow abien pɛ: (1) nea ɛwɔ hɔ nanso wontumi ntua ho ka ne (2) nea wobetumi atua ho ka nanso enni hɔ. Donna Maria, nnipa bɛyɛ 650,000 a wɔtete Sao Paulo ahiafo atrae no mu biako, kyerɛkyerɛ nea edi kan no mu sɛ: “Yɛn de, akwahosan a wɔhwɛ so yiye te sɛ ade a wɔde asiw aguadidan a afɛfɛde wom mfɛnsere ano. Yetumi hwɛ, nanso yentumi ntɔ.” (Vandaar nsɛmma nhoma) Nokwarem no, Donna Maria te kurow a ɛhɔnom ayaresabea yɛ koma oprehyɛn, wɔsesa nipadua nkwaa a asɛe, wɔwɔ CAT mfiri a wɔde twa nipadua nkwaa mfonini, ne nnuru afoforo a wɔnam mfiridwuma mu nkɔanim so yɛ mu. Nanso, wɔ ne fam no, ontumi ntua nneɛma yi ho ka.

Sɛ akwahosan sohwɛ a wontumi ntua ho ka te sɛ aguadidan mu afɛfɛde a, ɛnde na akwahosan sohwɛ a wobetumi atua ho ka te sɛ ade a ne bo nyɛ den a adetɔfo ɔhaha pii resunsum wɔn ho akɔtɔ wɔ bere koro mu. Nsɛm ho amanneɛbɔ bi a wɔde mae wɔ Amerika Kesee Fam ɔman bi mu kae sɛ: ‘Ayarefo ato santen nnanu pɛ sɛ wokohu oduruyɛfo bi. Ɛhɔ ayɛ ma. Ɔmanfo ayaresabea nni sika, nnuru ne nnuan. Akwahosan sohwɛ nhyehyɛe no asɛe.’

Nea ɛbɛyɛ na WHO ama mpapahwekwa no akwahosan sohwɛ a ɛresɛe no ayɛ papa no, asakra n’adwuma a ɛne ayaresa no nkakrankakra ayɛ no akwahosan a wɔma ɛyɛ papa denam nyarewa anosiw ne ayaresa ho nsɛm a wɔkyerɛkyerɛ nkurɔfo no so. UN Chronicle kyerɛw sɛ dwumadi ahorow a ɛma akwahosan sohwɛ titiriw, te sɛ aduan pa, nsu pa, ne ahotew nya nkɔso no ama “akwahosan ayɛ papa kɛse wɔ wiase nyinaa.” Wunya dwumadi ahorow yi so mfaso? Ebia wunya biako so mfaso. Nea ɛwɔ he? EPI (Nnuru Tete Dwumadi a Wɔatrɛw Mu).

EPI ho amanneɛbɔ bi ka sɛ: “Nea ɔtete nkurɔfo nnuru no abesi nea ɔde amanade kɔma wɔn wuranom no ananmu sɛ nea ɔkɔ afie ne asese mu sen biara.” Wɔtetee nkurɔfo fii Amazon kosii Himalayas wɔ mfe du a atwam no mu, na WHO bɔɔ amanneɛ sɛ eduu 1990 no, na wɔatete wiase no mu nkokoaa mu ɔha biara mu 80 wɔ nyarewa asia a ekum wɔn no ho.a EPI regye mmofra bɛboro ɔpepem abiɛsa nkwa afe biara. Afoforo 450,000 a anka wɔbɛyɛ mmubuafo no tumi nantew, wotu mmirika, na wodi agoru. Enti, nea ɛbɛyɛ na wɔakwati nyarewa no, awofo pii ankasa si gyinae sɛ wɔbɛtete wɔn mma.

Ɛtɔ mmere bi a, wuntumi nsiw ɔyare bi ano, nanso ne nyinaa akyi no wubetumi ayɛ ho biribi. World Health nsɛmma nhoma no ka sɛ: “Wɔabu akontaa sɛ obi ankasa na ɔhwɛ ne ho anaasɛ abusua no na ɛhwɛ no wɔ akwahosan sohwɛ nyinaa mu nea ɛboro fã mu.” Nea obi ankasa na ɔhwɛ ne ho no biako ne ne nkyene, asikre ne nsu a efi̇̃ nnim a wɔde fra a ne yɛ ne ne bo nyɛ den a wɔfrɛ no oral rehydration solution (ORS) no.

Nnuruyɛfo pii bu nsu nkyenenkyene a asikre fra mu ayaresa a ORS a wɔde di dwuma ka ho sɛ aduru a ɛyɛ nnam sen biara a wɔde sa obi a ayamtu ama ne ho nsu asa yare. Sɛ wɔde ORS esiam kotoku ketewaa a ne bo yɛ sɛnt du pɛ no di dwuma wɔ wiase nyinaa de sa aman a ɛrenya nkɔso no mu nnipa ɔpepem 1.5 a wonya ayamtu afe biara no yare a, anka ebetumi agye mmofra ɔpepem 3.2 a nyarewa a ɛma ayamtu kunkum wɔn afe biara no mu pii nkwa.

WHO atesɛm krataa Essential Drugs Monitor ka sɛ anka ebetumi aba saa, nanso wɔda so ara de nnuru foforo a wɔde sa ayamtu di dwuma “pii sen ORS” wɔ aman bi mu. Sɛ nhwɛso no, wɔde nnuru foforo sa ayamtu sen ORS mpɛn abiɛsa wɔ aman a ɛrenya nkɔso bi mu. Atesɛm krataa no ka sɛ: “Nnuru a wɔde di dwuma wɔ ɔkwan a ɛho nhia so saa no sɛe sika dodo.” Eyi nti, ebia ɛsɛ sɛ mmusua a wodi hia tɔn nnuan mpo. Afei nso, ɛka sɛ wonni adanse a ɛkyerɛ sɛ nnuru a wɔde sa ayamtu no yɛ nnam, na asiane bi wɔ mu. “Ɛnsɛ sɛ nnuruyɛfo kyerɛw saa nnuru no ma nkurɔfo, . . . na ɛnsɛ sɛ mmusua tɔ.”

Sɛ́ anka WHO bɛkamfo nnuru akyerɛ no, ɛde nea edidi so yi ma wɔ ayamtu a wɔsa ho. (1) Ma abofra aduan a ɛyɛ nsunsu te sɛ rice water anaa tii pii na amma ne ho nsu ansa. (2) Sɛ abofra no ho nsu sa ara a, kohu oduruyɛfo ma ɔmmɛhwɛ sɛnea ne tebea te, na ɔmfa ORS nsa abofra no yare. (3) Ma abofra no aduan sɛnea woyɛ daa no bere a ne yam tu ne bere a agyae no. (4) Sɛ abofra no ho nsu asa pii a, ɛsɛ sɛ wɔde bi fa ne ntini mu ma no.b

Sɛ wuntumi nnya ORS a wɔayɛ dedaw a, fa ahwɛyiye di ɔkwan tiawa a wɔfa so yɛ bi yi akyi: Fa nkyene atere ketewa biako, asikre atere nketewa awotwe ne nsu lita biako (nkuruwa anum a ebiara tumi fa mililita 200) a efĩ nnim fra. Ma no kuruwa biako wɔ tiafi biara a ɔbɛkɔ no akyi, fa emu fã ma mmofra nkumaa. Hwɛ adaka a ɛwɔ kratafa 10 no na woanya asɛm yi ho nsɛm pii.

Na ade a ɛto so anan, yɛn awosu nso ɛ? Ɛbɛyɛ dɛn na yɛatumi ayɛ ho biribi? Asɛm a edi hɔ no ka saa asemmisa no ho asɛm.

[Ase hɔ nsɛm]

a Asia no ne menasekuru, ntoburo, mmubui, asinsen, nsamanwaw, ne nkɔnkɔn. WHO kamfo kyerɛ sɛ wɔmfa mmerɛbo mu yare a ɛnnɛ ekunkum nnipa pii sen AIDS no nso nka ntetee no dwumadi no ho.

b Fa wo nsa wɔw abofra no yafunu so. Sɛ were no di boro anibu abien ansa na aba soro a, ebetumi aba sɛ abofra no ho nsu asa kɛse.

[Adaka wɔ kratafa 8, 9]

AKWAHOSAN SOHWƐ TITIRIW—ƐYƐ ADWUMA DƐN?

Nea ɛbɛyɛ na Nyan! anya asemmisa yi ho mmuae no, wɔne Oduruyɛfo Michael O’Carroll, WHO nanmusifo a ɔwɔ South America no bɔɔ nkɔmmɔ. Emu nsɛm no bi na edidi so yi.

‘YƐBƐTOO akwahosan sohwɛ nhyehyɛe a egyina adwene a ɛne sɛ ayaresa ne ade a ɛho hia titiriw so. Sɛ woyare a, wukohu oduruyɛfo. Wunnwen ho sɛ wonom whiskey ntumpan abien. Wunnwen ho sɛ wonteɛteɛɛ w’apɔw mu da. Wuhu oduruyɛfo no na woka sɛ: “Oduruyɛfo, sa me yare.” Afei oduruyɛfo no de biribi hyɛ w’anom, de biribi wɔ wo nsa ho, otwa biribi fi wo ho, anaasɛ ɔde biribi hyɛ wo mu. Mprempren, meka asɛm no pen sɛnea wobɛte ase, sɛnea ɛbɛma woahu asɛm no ani so kɛkɛ, nanso ayaresa adwene yi na atra hɔ. Yɛabu adesamma haw ahorow wɔ ɔkwan a ɛnteɛ so sɛ aduruyɛ mu nsɛnnennen. Ahodɔmdi, aduan pa a wonnya nni, ne nnuru a wɔde di dwuma ɔkwammɔne so abɛyɛ aduruyɛ mu nsɛnnennen. Nanso ɛnte saa. Ɛnyɛ akwahosan ho nsɛnnennen mpo. Ɛyɛ asetra mu ɔhaw ahorow a ɛde akwahosan ne aduruyɛ mu nsɛnnennen ba.

‘Afei, wɔ mfe 20 a atwam no mu no, nkurɔfo kae sɛ, “Hwɛ, montwɛn. Yɛreyɛ ade wɔ ɔkwan a ɛnteɛ so. Ɛho hia sɛ yɛsakra yɛn adwene wɔ dekode a akwahosan yɛ no ho.” Yenyaa nnyinasosɛm ahorow bi a ɔkwan titiriw a ɛsɛ sɛ yɛfa so hwɛ akwahosan so no gyina so a ebi ne sɛ:

‘Awiei koraa no, ɛkyerɛ ayamhyehye kɛse na yɛnsɛe sika pii sɛ yebesiw nyarewa ano sen sɛ yɛbɛsa. Sɛ nhwɛso no, ayaresabea a wobɛyɛ koma oprehyɛn wɔ hɔ a wubesi bere a wonyɛ nea ɛde ba no ho hwee no bu nnyinasosɛm yi so. Ɛno nkyerɛ sɛ sɛ nyarewa ba a, wonsa. Nokwarem no, wosa. Sɛ amoa bi wɔ ɔkwan no so a ɛma akwanhyia si da biara da wɔ dapɛn no mu a, wobɛsa mmɔboroni bi a ɔtɔ mu bu ne nan mu no yare, nanso nea wobɛyɛ de akyerɛ sɛ wowɔ ayamhyehye kɛse a wonsɛe sika pii ne sɛ: Siw amoa no.

‘Nnyinasosɛm foforo ne sɛ wode nneɛma a wode hwɛ w’akwahosan so no bedi dwuma yiye. Ebu nnyinasosɛm yi so sɛ wode obi bɛkɔ ayaresabea ketewa bi wɔ ɔyare bi a wubetumi adi ho dwuma wɔ fie ho. Anaasɛ wode obi bɛkɔ ayaresabea kɛse bi wɔ ɔyare bi a anka wobetumi adi ho dwuma wɔ ayaresabea ketewaa bi mu no bu nnyinasosɛm yi so. Anaasɛ wode oduruyɛfo bi a wɔde mfe du atete no wɔ sukuupɔn mu bɛkɔ baabi sɛ ɔnkɔtete nkurɔfo nnuru bere a obi a wɔde asram asia atete no betumi ayɛ adwuma koro no ara bu nnyinasosɛm yi so. Sɛ wohia saa oduruyɛfo no ma wabɛyɛ adwuma a wɔatete no wɔ ho a, ɛsɛ sɛ ɔba bɛyɛ. Nea akwahosan sohwɛ titiriw ka kyerɛ yɛn ne sɛ: Kyerɛkyerɛ nnipa no, siw nyarewa ano, na fa nneɛma a wode hwɛ w’akwahosan so no di dwuma nyansam.’

[Kratafa 10 adaka]

ORS FOFORO MA KƆLERA

Mprempren WHO kamfo kyerɛ sɛ wɔmfa ORS (oral rehydration solution) a wɔde ɛmo ayɛ mmom nsa wɔn a wɔyare kɔlera yare, ɛnyɛ ORS a wɔde glucose yɛ a ɛwɔ hɔ dedaw no. Nhwehwɛmu ahorow kyerɛ sɛ tiafi a wɔn a wɔyare kɔlera a wɔde ORS a wɔde ɛmo ayɛ saa wɔn yare kɔe no so tewee ɔha biara mu 33, na wɔn yam antu ntɛmntɛm te sɛ wɔn a wɔyare kɔlera a wɔmaa wɔn ORS dedaw no. Wɔyɛ ORS a wɔde ɛmo yɛ lita biako denam ɛmo a wɔayam no muhumuhu gram 50-80 a wɔde si asikre gram 20 ananmu no so.—Essential Drugs Monitor.

[Kratafa 11 adaka]

NSƐM AFOFORO A WUBETUMI AKENKAN . . .

Suban: “Akwahosan Pa—Dɛn na Wubetumi Ayɛ Wɔ Ho?” (Engiresi Nyan!, December 8, 1989) “Tawa ne W’akwahosan—Ɛwɔ Abusuabɔ Ankasa?” (Nyan!, July 8, 1990) “Mmofra a Wɔbɛboa Wɔn ma Wɔanya Nkwa!” (Nyan!, January 8, 1989) “Nea Mmosa Yɛ Wo Nipadua”—Engiresi Nyan!, March 8, 1980.

Nea Atwa Yɛn Ho Ahyia: “Ahotew Ho Asɛnnennen no Ho Dwuma a Wobedi” (Nyan!, January 8, 1989) “Ma Wo Ho Ntew, Nya Akwahosan Pa!”—Engiresi Nyan!, September 22, 1977.

Akwahosan sohwɛ: “Nneɛma Afoforo a Egye Nkwa” (Engiresi Nyan!, September 22, 1988) “Nsu a Ɛyɛ Nkyenkyene a Egye Nkwa!”—January 8, 1986 Nyan!

[Kratafa 7 mfonini]

Nsukɔ hwehwɛ sɛ wɔtwɛn, na ɛyɛ adwuma

[Asɛm Fibea]

Mark Peters/Sipa Press

[Kratafa 9 mfonini]

Nsu pa a ɛdɔɔso—ehia ma akwahosan pa

[Asɛm Fibea]

Mark Peters/Sipa Press

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena