Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g91 10/8 kr. 28-30
  • Kɔlera Yaredɔm—Afrika Atɔe Kyerɛwtohɔ Bi

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Kɔlera Yaredɔm—Afrika Atɔe Kyerɛwtohɔ Bi
  • Nyan!—1991
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • ‘Ɛho Nhia Sɛ Wosuro’
  • Asɛm no Hyeta
  • Ɔko No Kɔ So
  • Nea Ɛkyerɛ Sɛnea W’akwahosan Bɛyɛ—Nea Wubetumi Ayɛ
    Nyan!—1995
  • Wiase Nsɛm
    Nyan!—1999
  • Nsu a Edi Awu
    Nyan!—1992
  • Nsu a Ɛyɛ Nkyenekyene a ɛgye Nkwa!
    Nyan!—1986
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1991
g91 10/8 kr. 28-30

Kɔlera Yaredɔm​—Afrika Atɔe Kyerɛwtohɔ Bi

Efi Afrika Atɔe Nyan! kyerɛwfo hɔ

DECEMBER: Edii kan kaa ɔbea panyin bi. Ayamtu ne ɛho sɛnkyerɛnne a edi kan, ɛyɛ nsunsu na ɛyɛ ntoatoaso. Afei na ɔfefe. N’asrɛ ne ne yafunu mu twetwee no. Na ne home nsi so, ne honam twintwamee na n’ani totɔɔ n’anipon mu. Nnɔnhwerew aduanan awotwe akyi no, na wawu.

Adekyee no ɛkaa onipa foforo wɔ fie koro no ara mu, ne ɔfoforo bio. Afipamfo binom nyaa ɔyare no. Ɔyare no fii ase duu nkuraase ne nkurow a ɛbemmɛn hɔ no mu. Na ɛte saa ara​—ayamtu, ɔfe, ne nea ɛto so abiɛsa no, owu.

Pasteur Institute no hwɛɛ tiafi na ɛkyerɛe sɛ nea nnuruyɛfo suro sen biara no aba. Ɛyɛ ɔyare a aka aman 93 wɔ mfe 25 a atwam mu no, ɔyare a ekum nnipa araa ma ne din mpo yɛ hu no: kɔlera!

Mihuu sɛnea wodi ɔyare a ɛyɛ hu yi ho dwuma wɔ Afrika Atɔe man bi ahenkurow mu. Nea edidi so yi yɛ nneɛma a esisii saa afe no mu no ho kyerɛwtohɔ bi.

‘Ɛho Nhia Sɛ Wosuro’

February 13: Wɔ huhuhu a ɛrekɔ so mu no, atesɛm krataa mu asɛmti bi ka sɛ: “Ayamtu: Nnipa 70 Awuwu nanso Ɔyare no Agyae.” Asɛm no maa n’akenkanfo nyaa awerɛhyem sɛ “ɛho nhia sɛ wosuro kɔlera yaredɔm.”

April 25: Mibisa Oduruyɛfo L. Bakka,a mmofra oduruyɛfo a ɔyɛ ɔman no Control of Diarrhoeal Diseases nhyehyɛe no panyin no sɛ kɔlera ho huhuhuhu a ɛrekɔ so no yɛ nokware anaa. Ɔka sɛ “ɛyɛ nokware. Kɔlera aba na atrɛw. Kɔlera aba amantam 13 no mu du mu.”

Mibisa sɛ ebia wɔbɛwɔ nnipadɔm paane. Ɔka sɛ “yɛnwɔ nnipa no paane. Ensiw ɔyare no ano ahe biara. Nnuru a ɛwɔ hɔ mprempren no yɛ adwuma asram abiɛsa kosi asia pɛ.”

Mibisa sɛ, “wokyerɛ sɛ nnuru no ntumi nsiw ɔyare no ano?”

“Dabi, ɛyɛ Wiase Nyinaa Akwahosan Ahyehyɛde no na ɛka saa.”

“So wɔawɔ wo paane?”

“Dabi. Na makɔ mmeae pii a kɔlera wɔ na masa wɔn a wɔanya kɔlera pii yare.”

Bakka kyerɛkyerɛ mu sɛ mmoawa bi a wɔkɔ aduan anaa nsu mu na ɛma wonya kɔlera. Wɔboa wɔn ho ano pii wɔ nsono no mu na wɔyɛ nsu bi a ɛma ayamtu ne ɔfe. Mmoawa yi betumi akɔ nsu ne aduan a wɔde nsa a wɔnhohoro ho atom mu​—na ɔde ɔyare no asan obi.

Oduruyɛfo no de ne nsa kyerɛ n’ano na ɔka sɛ: “Nea ɛho hia ne nea ɛkɔ ha no.” Wɔka sɛ: “Wubetumi adi kɔlera na wubetumi anom kɔlera, nanso wuntumi nya kɔlera!”

So na ɔyare no betumi adu ahenkurow no mu? Bakka ka sɛ “adu hɔ dedaw. Wɔde nnipa baanum aba ayaresabea hɔ nnɛ.”

May 7: Ayaresabea a nnipa aba hɔ pii no nni nneɛma a ɛde bedi kɔlera yaredɔm ho dwuma. Wɔde kɔlerafo no nkutoo agu ɔdan kɛse bi a fam hɔ yɛ kɔnkrit na abɔmframa biako pɛ na ɛwɔ hɔ mu. Tiafi no wɔ akyiri nti wontumi nkɔ hɔ, enti wɔkɔ tiafi gu kuruwaba ne rɔba bokiti mu na wɔde aduru agu so ansa na wɔakohwie agu. Mprempren wɔayɛ ayarefo 12​—mmarima, mmea ne mmofra 2. Ɛte sɛ nea wɔn nyinaa abrɛbrɛ na wɔayɛ mmɔbɔmmɔbɔ.

Wɔn a ɔyare no aka wɔn no deda benkyi so. Mpa nni hɔ, wɔmma aduan, wɔn nyinaa da faako. Nanso obiara nnwiinwii. Wɔrema ayarefo a wɔafonfɔn yi nkwa, nkwa a ɛyɛ “Ringer’s Lactate” lita 1 a ɛwɔ rɔba bag mu. Ɛyɛ nsu bi a wɔde fa obi ntini mu de ma no.

Mihui sɛ kɔlera no nam obi mu nsu a ɛtwe no so na ekum no. Sɛ afefe ne ayamtu ma obi mu nsu ne nkyene a ehia no sa a, nipadua no botow na ewu. Lactate nsu no ma onya nsu ahorow yi kosi sɛ ayamtu ne ɔfe no begyae​—ɛtaa yɛ nna kakra mu. Aduru a wɔfrɛ no tetracycline kum mmoawa no na ɛmma ɔyare no nkyɛ.

Asɛm no Hyeta

May 29: Britania radio so kaseɛbɔ kae sɛ kɔlera akunkum nnipa 300 kosi 600 wɔ ɔman yi mu nyinaa. Minim wɔn mu biako. Bere a agya bi rekɔ adwuma anɔpa no na ne ba abarimaa ketewaa redi agoru a n’ani agye. Bere a ɔbaa fie anwummere no na abofra no awu.

Awia yi Yehowa Adansefo bãã dwumadibea a ɛwɔ ha no si gyinae sɛ ɛde sɛnea ɛsɛ sɛ wɔbɔ wɔn ho ban fi ɔyare no ho ho asɛm bɛmana asafo ahorow no nyinaa.

June 2: Afei wɔde mpa a rɔba sesɛw so abesisi beae a wɔhwɛ wɔn a wɔanya kɔlera no. Wɔde ayarefo pii ba da biara. Wɔn a wɔatotɔ beraw na wontumi nnom ORS (Oral Rehydration Salts) no, dɔnhwerew biako a edi kan no, wɔde lactate nsu bɛyɛ sɛ lita abiɛsa anaa anan si wɔn so.b Da koro anaa nnanu akyi no, woyi wɔn. Wɔma wɔn a wɔn yare no mu nyɛ den no ORS na nnɔnhwerew kakraa bi akyi no wɔma wɔkɔ fie.

Wɔde Ringer’s lactate ne ORS nnaka pii ba ɔman no mu na wɔde kɔ ayaresabea a ɛwɔ ɔmantam ahorow no mu, mmeae a ɛho hia kɛse sen kuropɔn no mu no. Wɔakyekyɛ ORS nnaka bɛboro 600,000 dedaw. Aban no ama lɔre a ɛde nnuruyɛfo ne nnuru bɛkɔ mmeae a wohia mmoa no. Radio so amanneɛbɔ ne nkratawa ka sɛnea wobetumi akwati ɔyare no ne nea sɛ wohu ho sɛnkyerɛnne a ɛsɛ sɛ wɔyɛ kyerɛ ɔmanfo no. Kar a akasam sisi so kyin kuropɔn no mu de amanneɛbɔ koro no ara ma.

June 10: Wɔn a wɔde wɔn koguu kɔlera ayaresabea no dodow duu 71. Ayarehwɛfo dunum na mprempren wɔwɔ ayaresabea hɔ. Ayarefo no mmusuafo boa wɔn. Ɔdan no ayɛ ma​—nnipa baanu da mpa biako so. Ayarefo no bi deda fam.

Nkurɔfo turu wɔn ayarefo ba. Ebinom nantew akwansin pii na tiafi ayɛ wɔn ho. Wɔn aniwa ka sɛ: ‘So mubetumi agye me ba . . . me nuabarima . . . me maame yi nkwa ama me?’

June 21: Kaseɛbɔ bi ka sɛ: “Aban Asoɛe a Ɛhwɛ Akwahosan So no . . . rebɔ amanfo amanneɛ sɛ ɛho nhia sɛ obiara suro anaa ne koma tu.” Nanso nkurɔfo suro! Amanneɛbɔ ahorow kyerɛ sɛ wɔde Ringer’s lactate no asie. Taksi afirikafo fa wɔn a kɔlera aka wɔn kɔ ayaresabea a wogye aboɔden​—sɛ wɔfa wɔn mpo a. Sukuufo mmofra twam wɔ kɔlera ayaresabea no ho kɔ sukuu a, wɔde wɔn nsa kata wɔn ano ne wɔn nhwene. Nnipa binom fa tetracycline daa sɛ wɔde bɔ wɔn ho ban afi ɔyare no ho a nyansa nnim.

Me ne Alafia a osua ɔyarehwɛfo adwuma wɔ ayaresabea hɔ no kasa. Ɛda adi pefee sɛ wayɛ basaa. Ɔka sɛ: “Wɔn a wɔnoa nnuan ma yɛn no mu biako anya kɔlera! Ayarehwɛfo no mu binom regye akwamma de akwati ɔyaredɔm no ho adwuma yɛ.”

Nanso ɛnyɛ nnipa nyinaa na woguan fi mmoa a ɛsɛ sɛ wɔde ma no ho. Susan Johnson yɛ ɔyarehwɛfo panyin wɔ kɔlera ayaresabea bi. Ɛwom sɛ ɔpɛ agoru de, nanso nnɛ de n’ani abere. Bere a mehyɛn ayaresabea dan no mu no, na ɔyarefo bi busuani de kuruwa rehyɛ ahina bi mu asaw nsu. Susan ka sɛ: “Mfa wo nsa nto mu! Nsu a wɔsɛe no na ɛma ɔyare yi trɛw!” Ɔhwɛ me na ɔde abasamtu ka sɛ: “Wɔnte ase.”

Ɔko No Kɔ So

September 1: Wɔ ɔman no mu nyinaa no, afei aban de amanneɛbɔ ato gua sɛ nnipa 10,200 na ɔyare no aka wɔn na 796 awuwu. Wɔn a wowuwui no mu pii yɛ wɔn a wɔamma wɔn aduru anaa wɔamma wɔn ntɛm.

Ayarefo 3,341 a wɔde wɔn baa ayaresabea ha no mu no 93 biara mu 1 pɛ na owui. Wɔn mu pii yɛ wɔn a na wɔrewu dedaw ansa na wɔde wɔn bae. Na ade atɔ ebinom so esiane sɛ wɔn mu nsu atwe dodo nti. Ɛba saa a, mogya no da na ɛyɛ tuntum na mogya ntini no mu siw. Mmoa a edi kan a wɔde ma ne sɛ wɔtwe Ringer’s lactate gu kɔn ne srɛ mu mogya ntini no mu tee.

December 30: Ɔyaredɔm no ano abrɛ ase. Anyɛ yiye koraa no ɛkaa nnipa 14,000 na 1,213 awuwu. Ɛyɛ nwonwa. Nnuruyɛfo nim nea ɛde kɔlera ba, sɛnea ɛtrɛw, ne ɔkwan a wɔbɛfa so asa. Nanso wontumi nnii kɔlera so nkonim koraa. Sɛnea onipa ntumi nsiw ɔyaredɔm a ɛte saa ano no ma Yesu nkɔmhyɛ no bam sɛ “ɔyaredɔm” bɛba wɔ “nna a edi akyiri” yi mu.​—Luka 21:11; 2 Timoteo 3:1-5.

Me de ade titiriw bi kyerɛɛ Dr. S. Harding wɔ ɔyare yi bere no mu, Bible mu asɛm a ɛwɔ Yesaia 33:24 no. Ɛka sɛ bere bi bɛba a “ɔmanfo no mu bi renka sɛ: ‘Magurow!” Ɔhwɛɛ nkyekyem no mu yiye, na afei ɔkae sɛ: “Sɛ saa na Bible no ka de a, ɛnde ɛbɛyɛ nokware.” Ampa ara sɛ ɛyɛ nokware! Na hwɛ sɛnea sɛ bɔhyɛ no nya mmamu a ɛbɛyɛ ahotɔ!

[Ase hɔ nsɛm]

a Wɔasakra din ahorow no.

b Hwɛ “Nsu a Ɛyɛ Nkyenkyene a Egye Nkwa!” wɔ January 8, 1986, Nyan! mu.

[Kratafa 30 adaka]

Sɛ Kɔlera Ba A!

Nsu a wɔnom mu na wonya kɔlera titiriw. Mmoawa a wɔde kɔlera ba no fi biribiara a efi onipa mu ba a esiane ahotew a enni hɔ nti ɛkɔ nsu a wɔnom mu no mu. Nsu a asɛe yi a wobɛnom anaasɛ wode bedi dwuma no betumi ama woanya ɔyare no. Kɔlera ho sɛnkyerɛnne titiriw ne ayamtu. Eyi ma wɔhwere nipadua no mu nsu pii na ɛma adetɔso anaa owu mpo ba. Nea ɛbɛyɛ na wɔabɔ wo ho ban afi kɔlera a wubenya ho no:

1. Nom nsu a wɔanoa mu, na emu tew, anaasɛ wɔde aduru agu mu.

2. Fa samina ne nsu hohoro wo nsa ansa na woaso aduan mu ne afei ansa na woadidi.

3. Kata aduan so na nwansena ansisi so.

4. Fa nsu pa hohoro aduan ho ansa na woanoa.

5. Kɔ tiafi wɔ mmeae a ɛmmɛn mmura, asubɔnten ne nsuwa​—nkɔ tiafi wɔ petee mu.

6. Sɛ ɔyare no ka obi a, fa no kɔma oduruyɛfo anaasɛ fa no kɔ ayaresabea.

Ne Fibea: Wiase Nyinaa Akwahosan Ahyehyɛde

[Kratafa 29 mfoni fibea]

WHO photo by J. Abcede

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena