Wiase Nsɛm
Wɔapata Wɔn a Mogya Tu Wɔn a Wɔanya Mogya mu Nyarewa
Rome Ɔmanfo Asennibea no ahyɛ Italy Asoɛe a Ɛhwɛ Akwahosan Nsɛm So no sɛ wontua mpatade mma nnipa 385 a mogya tu wɔn a wɔanya berɛbo mu yare anaa AIDS mmoawa no bi afi mogya a wɔde maa wɔn no mu, bere a wɔbɔɔ wɔn sobo wɔ “anibiannaso a wɔyɛe” ne “twɛn a wɔtwentwɛnee wɔn nan ase sɛ wobeyi mogya a [enye] afi hɔ” no. Eyinom mu nkyem abiɛsa awuwu dedaw. Sɛnea mmaranimfo Mario Lana, a ɔyɛ Nneɛma a Wɔde Di Adanse De Bɔ Hokwan a Nnipa Wɔ Ho Ban Fekuw a ɛwɔ Italy no titrani kyerɛ no, “saa atemmu yi da no adi pefee sɛ nhumu a Italiafo Man no anna no adi no na ɛmaa wɔn a mogya tu wɔn no huu amane saa.” Wɔ Italy no, nnipa a mogya tu wɔn bɛyɛ 2,000 anya AIDS mmoawa, na nnipa bɛyɛ sɛ 5,000 anya berɛbo mu yare. Esiane saa mogya a na mmoawa yi wom a wɔde maa wɔn no nti, ama Italiafo 1,246 awuwu.
Kɔlera a Ɛyɛ Hu Aba
Times of Zambia bɔ amanneɛ sɛ kɔlera a ɛyɛ hu a ɛbaa wɔ February mu hyɛɛ baguafo a wɔhwɛ Zambia kuropɔn, Lusaka so, no ma wɔbarae sɛ “wɔnntɔn nnuan a wodi no mono” wɔ mmɔnten so. Amanneɛbɔ no de ka ho sɛ, “wɔmaa wɔhwɛɛ ahɔhodan ne adidibea so nnɔnhwerew 24 bere a kɔlera no kunkum nnipa 42 ntɛmntɛm so no.” Mpanyimfo a wɔhwɛ akwahosan nsɛm so no kae sɛ ayamtu no “akɔ so atrɛw wɔ mmeae horow wɔ ɔman no mu nso.” Sɛnea ɛbɛyɛ na wɔasiw ɔhaw no ano no, mpanyimfo a wɔhwɛ Akwahosan ne Nhomasua Nsɛm so no atetew kɔlera ahobammɔ akuw a ɛfa nnipa pii tua wɔn ka ma wɔsesaw wura na wɔde nnuru gu asubura a emu nware pii a nsunsuan betumi abɛfra mu mu. Daniel M’soka, Lusaka Kuropɔn Bagua no kasamafo, kae sɛ: “Yɛn botae ne sɛ yɛbɛtew kɔlera yare no so.”
Wɔn Koma Ho Asɛm Nhia Wɔn
National Post atesɛm krataa no ka sɛ: “Sɛ anka Canadafo mmea bɛhwehwɛ ɔkwan a wɔbɛfa so ama wɔn akwahosan atu mpɔn no, wɔmfa no aniberesɛm biara.” Nhwehwɛmu bi a wɔyɛɛ no Canadafo mmea 400 a wɔadi mfe 45 kosi 74 mu nnansa yi, a Koma ne Obi Fã a Edwudwo Fekuw a ɛwɔ Canada tuaa ho ka no ma ɛbɛdaa adi sɛ, wɔn mu “ɔha mu 30 pɛ na wɔn mu duru ye, wɔn mu ɔha mu 36 na wɔwɔ apɔwmuden, na wɔbɔɔ amanneɛ sɛ wɔn mu ɔha mu 74 na wɔahaw esiane wɔn nnwuma a adɔɔso nti.” Fekuw no kasamafo Elissa Freeman de baa awiei sɛ “mmea rehwɛ wɔn kununom akwahosan so yiye sen wɔn ankasa de.” Sɛnea amanneɛbɔ no kyerɛ no, “koma yare ne obi fã a edwudwo kum mmea ɔha mu 40—nea ɛboro 41,000 afe biara.”
Mmarima Ahoɔden a Wɔde Wo So Retew
World Watch nsɛmma nhoma no bɔ amanneɛ sɛ: “Efi 1930 mfe no mu reba no, mmarima nkwaboaa so atew bɛyɛ sɛ ɔha mu nkyem 50 wɔ United States ne Europa. Nneɛma a yɛahu si so dua sɛ ebia ahoɔden a mmarima de wo no bɛkɔ so asɛe, na ebia esiane nneɛma a atwa yɛn ho ahyia ne mframa a wɔsɛe no nti na aba saa.” Wonyaa nsɛm yi fii nhwehwɛmu 61 a wɔyɛɛ no nnipa bɛboro 14,000 a wɔatintim fi 1938 mu no mu. Wosusuw sɛ nnuru bi a atwa yɛn ho ahyia sɛe nipadua no mu nnuru a edi kyinhyia a ɛko tia onyin, nkɔso ne awo no. Wɔahu nnuru bɛyɛ sɛ 60 a ɛsɛe saa nneɛma no. Nanso sɛnea World Watch kyerɛ no, “nnuru bɛyɛ 80,000 a wɔyɛ a wɔde di dwuma nnɛ no mu kakraa bi na wɔahwehwɛ mu na wɔde asiw nneɛma a ɛko tia nipadua mu nnuru a edi kyinhyia no ano.”
“Yare a Wonhu”
Adwuma a Ɛde Nnipa Asetra Mu Nsɛm Ho Amanneɛbɔ Ma no bɔɔ amanneɛ sɛ “sumpii pii akɔ mmofra bɛyɛ ɔpepem 15 kosi ɔpepem 18 a wɔwɔ aman a wonnyaa nkɔso pii no mogya mu.” Wɔ India sɛ nhwɛso no, mmofra adwene a wɔde sua ade ne sumpii dodow a ɛkɔ wɔn mu no wɔ abusuabɔ. The Indian Express ka sɛ sɛnea Oduruyɛfo Abraham George kyerɛ no, mmofra “ti wu . . . bere a sumpii kɔ wɔn tirim kyɛ na ɛka wɔn adwene no.” Ade a sumpii a edi awu fi mu ba wɔ India titiriw ne kar ahorow a wɔda so ara de pɛtro a sumpii wom di dwuma no. Esiane sɛ wɔntaa ntwe adwene nkɔ sumpii a edi awu so sɛnea wɔyɛ wɔ ɔhaw ahorow te sɛ ohia ne aduankɔm ho nti, Oduruyɛfo George frɛ no “yare a wonhu.”
Influensa Da So Ara Kunkum Nnipa
Nnansa yi ara influensa ho animdefo 300 hyiae wɔ Wiase Nyinaa Akwahosan Ahyehyɛde (WHO) adwumayɛbea ti wɔ Geneva, Switzerland susuw ɔkwan a wɔbɛfa so adi owuyare no so. Amanaman Nkabom no Asoɛe a Ɛhwɛ Ɔmanfo Amanneɛbɔ So bɔɔ amanneɛ sɛ ɛmfa ho mmɔden a wɔabɔ mfe 50 ni no, influensa kɔ so kunkum nnipa ɔpehaha pii afe biara. Sɛnea ɛbɛyɛ na wɔanya nkɔanim wɔ influensa yare no anosiw ne ne sa ho no, WHO betintim nhyehyɛe bi a wɔayɛ a n’atirimpɔw ne sɛ ɛbɛboa ma wɔasiesie wɔn ho ama nea wɔfrɛ no “influensa yare a ebetumi ahyeta daakye” no. WHO ɔkwankyerɛfo panyin, Oduruyɛfo Gro Harlem Brundtland kae sɛ: “Ebia na bere a wɔde bɛyɛ ho biribi no sua koraa—fi bere a edi kan a wobehu yare no kosi sɛ ɛbɛdan owuyare.”
Tumm-ne-Hyɛnn Afofantɔ Resa
Twabere biara mfofantɔ ɔpepem pii twa kwan a ɛboro kilomita 3,200 fi Canada kɔ baabi a wɔtra awɔwbere mu wɔ California ne Sierra Madre mmepɔw a ɛwɔ Mexico mfinimfini no so. Nanso, nnansa yi, osu a ɛtɔ hohoro asase ani ne oyamel dua (dua a efi Abietaceae nnua abusua mu) a wobu mmara so bu no, resɛe tumm-ne-hyɛnn guankɔbea a ɛwɔ Mexico no. The News a efi Mexico Kuropɔn mu no bɔ amanneɛ sɛ nea afi mu aba ne sɛ, “bɛboro mfe abien ni no, mfofantɔ a wotu ba ha awɔwbere no dodow so atew koraa bɛyɛ sɛ ɔha biara mu 70.” Bere a nkurɔfo a wɔkɔhwehwɛ hɔ ma mpɔtam hɔ nnipa bi nya sika no, afoforo nso nam nnua a wɔabɔ ho ban yi a wɔde lɔre twe no anadwo no so na ɛpɛ wɔn ano aduan. The News ka sɛ: “Sɛ nneɛma kɔ so sɛe a, Amerika Atifi fam mfofantɔ no ase bɛhyew koraa.”
So Wɔretwe Adwene Asi Mmofra Mmonnaato so Kɛse?
Sɛnea El Universal, Caracas atesɛm krataa kyerɛ no, mmofra dodow a wɔato wɔn mmonnaa wɔ Venezuela no akɔ soro fi mmofra 10 biara mu 1 wɔ 1980 kosi mmofra 10 biara mu 3 nnɛ. Sɛ wɔkyekyem pɛpɛɛpɛ a, wɔ 1980 mu no, na mmofra a wɔto wɔn mmonnaa no adi fi mfe 12 kosi 14. Ɛnnɛ wɔn mu fã kɛse no ara yɛ wɔn a wonnya nnii mfe abiɛsa. Henanom na wodi saa nsɛmmɔne a ɛyɛ ahobow yi? Adwene a ɛne sɛ wɔyɛ ahɔho a wɔtetɛ sukuu agodibea twɛn sɛ wɔde tɔfe bɛdaadaa mmofra no nyɛ nokware. El Universal kyerɛkyerɛ mu sɛ emu ɔha mu 70 yɛ abusuafo anaa abusuafo no nnamfo. Wɔn mu dodow no ara yɛ awofo a wɔwɔ mmanoma, na wɔn a aka no yɛ obi a ɔwɔ tumi, te sɛ onua barima panyin, obi maame anaa ne papa nua ba, anaa ɔkyerɛkyerɛfo.
Kar Ho Adammɔ
Sɛnea Amerika Fekuw a Wɔyɛ Kar kyerɛ no, ɛnkyɛe koraa na kar a United States ayɛ no dodow duru ɔpepem ɔha. Sɛnea Compressed Air nsɛmma nhoma kyerɛ no, “egyee mfe 25 ansa na wɔrewie kar ɔpepem biako a edi kan no yɛ.” Nanso ɛnnɛ, “wotumi de simma biako yɛ kar 30 a wɔde fa nnipa ne lɔre du a wɔde fa nneɛma ne bɔs ahorow da biara.” Sɛ wususuw adwinnan a wɔhyehyɛ kar wom, faako a wɔyɛ kar ho nneɛma, nnipa a wɔtɔn na wosiesie no ho de toto afirikafo ho a, kar adwumayɛkuw a ɛwɔ United States no fa nnipa a wɔyɛ adwuma gye akatua bɛyɛ sɛ 7 biara mu 1. Wobu akontaa sɛ mprempren kar bɛyɛ sɛ ɔpepem 40 na ɛwɔ United States.
Nhomasua Mu Nsɛnnennen
England Asoɛe a Ɛde Amanneɛbɔ Biara Ma bɔɔ amanneɛ sɛ: “Aman a wonnyaa nkɔso pii no rehyia nhomasua mu nsɛnnennen wɔ mmofra ɔpepem 125 ho, a wɔn mu dodow no ara yɛ mmea a wɔnkɔ sukuu na ɔpepem 150 nso gyae sukuu ansa na wɔahu akenkan ne akyerɛw.” Mprempren wɔ aman a wonnyaa nkɔso pii mu no mpanyimfo 4 biara mu 1 anaasɛ ɔpepem 872 nnim akenkan ne akyerɛw. Bio nso, nhomasua mu nsɛnnennen yɛ kɛse bere a aman a emu nnipa dodow no ara nnim akenkan ne akyerɛw no fɛm sika fi aman a wodi yiye hɔ no. Dɛn ntia? Efisɛ wɔdan sika a wohia sɛ wɔde bedi nhomasua ho dwuma no de tua ka ahorow. Wɔ saa kwan yi so no, ɛma wɔn a wonnim akenkan ne akyerɛw dɔɔso, na ɛde ohia nso ba.