Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g86 1/8 kr. 27-29
  • Nsu a Ɛyɛ Nkyenekyene a ɛgye Nkwa!

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nsu a Ɛyɛ Nkyenekyene a ɛgye Nkwa!
  • Nyan!—1986
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Obi Ho Nsu a Ɛsa​—Ɔkwan Bɛn So Na Wonya Bi Hyɛ Ananmu?
  • Nea Enti a Mmofra Da So Ara Wu
  • Mmofra A Wɔbɛboa Wɔn Ma Wɔanya Nkwa!
    Nyan!—1989
  • Nea Ɛkyerɛ Sɛnea W’akwahosan Bɛyɛ—Nea Wubetumi Ayɛ
    Nyan!—1995
  • Kɔlera Yaredɔm—Afrika Atɔe Kyerɛwtohɔ Bi
    Nyan!—1991
  • Mmofra Akwahosan a Yɛbɛbɔ Ho Ban
    Nyan!—1997
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1986
g86 1/8 kr. 27-29

Nsu a Ɛyɛ Nkyenekyene a ɛgye Nkwa!

Efi Sierra Leone “Nyan!” kyerɛwfo hɔ

Na’ ɛyɛ anwummere bere a Jeneba a wadi mfe abien no kae sɛ ne yafunu yɛ ne yaw no. Nanso, anhaw ne na, Mariama, kɛse. Na Jeneba yam atu pɛn. Ebia ɛbɛyɛ ɛno ara.

Nanso ayamtu no kɔɔ so ara​—ɛtoatoa so, nsunsu, a wontumi nsiw ano. Afei ofii ase fee. Jeneba ahoɔden so tewee ntɛm ara. Mariama de abofra no butuw ne nan so na ɔde ne nsa twitwiw n’akyi. Antumi ammoa.

Bere a ade reyɛ akye no, na Jeneba da fam a wayɛ bohoo​—ɔreteetee, wayɛ mmerɛw, ne koma mmɔ yiye, ɔdannan ne ti a ontumi nyɛ ne ho hwee, afei de n’ani aba akɛse no akeka akɔ mu a ɛreyɛ akata, n’afono totoo mu, n’ano too hoa. Mariama hui sɛ ɔrentumi nyɛ ho hwee.

Osu na wɔde hyiaa owia a ɛrepue no. Jeneba awu.

DƐN na ekunkum mmofra ne nkokoaa kɛse? Sɛ ɛyɛ nea wugye di anaa wunnye nni no, ɛyɛ wɔn ho nsu a ɛsa​—a nea ɛma ɛba ne ayamtu ara kwa. Ɛma mmofra a wonnya nnii mfe anum ɔpepem anum wuwu afe biara​—bɛyɛ nnipa biako wɔ anibu asia biara mu. Wɔ aman a afei na worenya nkɔso no mu no, ekum mmofra 20 biara mu biako ansa na woanya mfe anum. Na wɔ aman a wɔanya nkɔso wɔ sikasɛm mu no so no, sɛ woyi oprehyɛn fi hɔ a, ayamtu na ɛto ɔhome nkwaadɔm no mu nyarewa ahorow no so abien sɛ nea ɛma wɔde mmofra kɔto ayaresabea titiriw.

Nanso nea ɛyɛ yaw ne sɛ, saa amanehunu ne owu yi mu pii yɛ nea anka wobetumi akwati denam nsu a ɛyɛ nkyenkyene ara kwa so.

Ɔkwan bɛn so? Nea edi kan no, ɛnyɛ ayamtu na ɛma obi wu. Ɛno ankasa taa gyae bere a wonnyee aduru biara no. Asɛm no ne sɛ ayamtu ma obi ho nsu ne nkyene a ɛwɔ nipadua no mu no pii sen​—ɛsa. Sɛ nsu no pii sen na wannya bi anhyɛ ananmu a, ɛde owu ba.

Wobu akontaa sɛ mmofra ɔpepem 500 nya ayamtu wo aman a ɛrenya nkɔso no mu afe biara. Wɔ mmeae horow a wodi hia kɛse no, ebetumi aka abofra bi mpɛn abiɛsa anaa anan wɔ afe no mu. Nanso, mpɛn pii yare yi yɛ nea ano nyɛ den kɛse. Nanso ɛtɔ bere bi a, te sɛ nea kɔlera taa yɛ no, emu nnɔnhwerew kakraa bi betumi ama ne ho nsu asa na wawu. Nea ɛyɛ yaw ne sɛ, ɛyɛ den sɛ wubehu wɔ ne mfiase no ara sɛ ɛbɛyɛ nea ɛyɛ hu anaasɛ nea ɛnyɛ hu. Enti ɛnyɛ obi ho nsu a ɛsa no nko na ɛho hia sɛ awofo hu, na mmom ɛsɛ sɛ wohu sɛnea wɔbɛyɛ ade ntɛm de asiw ano nso.​—Hwɛ nnaka a ɛwɔ nkratafa 24 ne 25 no mu.

Obi Ho Nsu a Ɛsa​—Ɔkwan Bɛn So Na Wonya Bi Hyɛ Ananmu?

Sɛ wopɛ sɛ nsu a ɛwɔ bokiti a ewini mu kɔ so ara yɛ nea ɛda faako a ɛda no a, ɛsɛ sɛ wokɔ so ara de nsu gu mu. Saa ara na ɛte wɔ abofra a ne yam tu no fam​—ɛsɛ sɛ wonya nsu no bi hyɛ ananmu. Wɔfrɛ eyi wɔ borɔfo mu sɛ rehydration.

Ansa na nnansa yi mfe no reba no, na wɔayɛ eyi denam aduru bi a ɛyɛ nkyenkyene a wɔde fa ntini no mu tẽe (intravenous therapy) no so. Ɛwom sɛ eyi ye na ɛda so ara yɛ ɔkwan a eye sen biara a wɔfa so sa mmo fra a wɔn ho nsu asa kɛse no yare de, nanso ɛde ɔhaw ahorow ba. Ne bo yɛ den, na egye obi a onim ho adwuma ne mfiri ahorow a ayaresabea nkutoo na ebi taa wɔ no. Ebia na eyi mmɛn faako a abofra a ɔyare no wɔ no. Enti eyi nyɛ nea ɛho ba wɔn a wohia fã kɛse no ara mfaso.

Nanso ɛde fi 1960 mfe no so titiriw no, wɔanya ɔkwan foforo a eye, nea ne yɛ yɛ mmerɛw na ne bo nyɛ den te sɛ eyi. Wɔfrɛ eyi wɔ borɔfo mu sɛ Oral Rehydration Therapy anaasɛ ORT. Te sɛ biako no, eyi nso ma wonya ne nkyene a abɛsen no bi hyɛ ananmu. Nanso sɛ anka wɔde bɛfa ntini no mu no, abofra no betumi anom.

Dɛn nti na wɔansusuw eyi ho kan no? Wɔyɛɛ saa. Na asɛm no ne sɛ ɛnyɛ nipadua no mu nsu nko na ayamtu twe na mmom ɛmma nsu nnya kwan nkɔ ntini no mu nso. Enti na nsu ara kwa a wɔbɛnom no nyɛ nea etu mpɔn​—na emu fã kɛse no ara fa nipadua no mu ara kwa.

Nanso afei mpofirim ara no, wɔbɔre huu ade bi a ɛho hia. Na nnuruyɛfo a wɔfa saa kwan yi so no de asikre ka nkyene nsu no ho na ama ne nom no ayɛ mmerɛw kakra. Wɔ saa yɛ mu no, wohui sɛ ɛnyɛ asikre no nko na ɛkɔ nipadua no mu na mmom nkyene ne nsu a egye nkwa no nso! Na asikre no te sɛ safe a ebuebue ɔhaw no ano aduru pon no ano. Bere a wɔafra no sɛnea eye no, wohui sɛ asikre no ma etumi kɔ nipadua no mu mpɛn 25!

Biribi a edi mu? Lancet a ɛyɛ Britaniafo aduruyɛ ho atesɛm krataa no kaa abɔrehude yi ho asɛm sɛ “nea ebetumi ayɛ aduruyɛ mu nkɔso a ɛho hia sen biara wɔ afeha yi mu.” Na Amanaman Nkabom no fã a ɛhwɛ mmofra ho nsɛm so no frɛɛ no “akwan tiawa a ɛyɛ nkɔso a ɛho hia sen biara wɔ nyansahu ho abakɔsɛm mu no biako”!

Dɛn ntia? Efisɛ afei de awofo betumi asa wɔn mma yare wɔ fie! Adwinnade titiriw biara ho nhia, saa ara na ɛho ntetee a ɛkɔ akyiri biara ho nhia. Ne bo nso nyɛ den. Aduru yi bi a wɔadi kan afra dedaw a wɔde agu nkotoku mu retɔn yɛ nea ne bo nyɛ den na ɛreyɛ nea abu so wɔ mmeae ahorow pii. Nea ɛho hia sɛ awofo yɛ ara ne sɛ wɔde nsu bɛfra nkyene no na wɔama abofra no anom.

Na sɛ nea wɔafra dedaw yi bi nni hɔ nso ɛ? Awofo ankasa betumi ayɛ eyi bi wɔ fie. Ɛwom sɛ eyi bi a wɔyɛ wɔ fie no nyɛ nnam te sɛ nea wɔayɛ dedaw no de, nanso ɛyɛ nea eye ara. Na bere a nnuruyɛfo nnye nni sɛ ɛyɛ nea ɛsom bo bere a obi ho nsu asa kɛse no, wɔn mu pii gye di sɛ fie de a wɔyɛ yi boa kɛse bere a wɔanom wɔ ayamtu no mfiase no.

Nea Enti a Mmofra Da So Ara Wu

Ɛwom sɛ ORT no yɛ adwuma na eye de, nanso nea aka ne sɛ nnipa a wɔwɔ wiase no nsa bɛka. Mmɔden bɛn na worebɔ wɔ ho? Wɔ ayaresabea ahorow no, wɔde ORT resi ɔkwan dedaw a wɔfa so no ananmu kɛse sɛ ɛyɛ nea wɔpɛ wɔ obi a ne ho nsu asa ayaresa mu. Ɛrebedu 1983 mu no, na aman ahorow a afei na wɔrenya nkɔso no bɛboro 80 afi ase de ORT redi dwuma a wɔn mu bɛyɛ 20 pɛ sɛ wɔyɛ wɔn ankasa de a wɔasiesie dedaw. Na amanaman ntam ahyehyɛde ahorow reka ORT ho asɛm. Nea afi mu aba no ye. Wɔ nhwehwɛmu a woayɛ wɔ wiase nyinaa mu no, wɔahu sɛ wɔ faako a wɔahyɛ aduruyɛ yi ho nkuran no, owu a obi ho nsu a ɛsa na ɛde ba no so atew bɛyɛ ɔha biara mu 50 anaa 60! Nanso esiane sɛ ayamtu ka mmofra ɔpepepem fã afe biara nti, ɛyɛ adwuma kɛse sɛ wobenya aduru a wɔayɛ dedaw yi bi ama obiara.

Nanso so awofo ankasa rentumi nyɛ aduru yi bi? Nea ɛyɛ awerɛhow no, nkyene, asikre, ne ade a wɔde susuw no nyɛ nea wonya bi wɔ baabiara. Na wɔ baabi a wobenya bi mpo no, eyi a wobesiesie no gye ntetee pa. Sɛ nhwɛso no, sɛ wɔma asikre dɔɔso wom a, ɛrentumi nkɔ nipadua no mu kɛse na ebetumi ama ayamtu no mu ayɛ den. Saa ara na nkyene a wɔbɛma adɔɔso pii nye. Afei dodow a ɛsɛ sɛ wɔnom no nso wɔ hɔ. Sɛ wonom no pii a ɛbɛma ayamtu no akyɛ. Sɛ wonom kakraa bi nso a, wo ho nsu no bɛkɔ so ara asa.

Afei ɔhaw ankasa a ɛne nkurɔfo su a wɔbɛma asakra wɔ ho no nso wɔ hɔ. Nnipa pii mpɛ sɛ wɔbɛsɔ ORT no ahwɛ. Mmaatan binom da so ara susuw sɛ ayamtu aduru a eye sen biara ne sɛ wobegyae wɔn mma no aduan ne nsu ma. Afoforo tie nnunsinfo a wɔwɔ mpɔtam hɔ no afotu​—a nea efi mu ba yɛ awerɛhow.

Ɛsɛ sɛ yɛkae nso sɛ ORT yɛ aduruyɛ ara kwa. Ensiw ayamtu ano, na saa ara na ɛmmɔ ho ban. Sɛ wobetu ayamtu nyarewa ahorow no ase no kyerɛ wiase nyinaa ɔhaw a ɛfa nsu a enye ne ahotew ho no ho dwuma a wobedi. Ɛsɛ sɛ woyi aduan pa a wonnya nni nso fi hɔ, efisɛ wɔ ne nyinaa mu no, aduan pa a wonnya nni na ɛde ayamtu ba.

Nanso, Kristofo nim sɛ ano aduru a etwa to ne Onyankopɔn Ahenni a ebeyi aduan po a wonnya nni, ɔyare ne owu ankasa mpo afi hɔ koraa no. (Adiyisɛm 21:4; Dwom 72:16) Ansa na ɛno bɛba no, ORT da so ara yɛ ɔkwan tiawa a etu mpɔn kɛse a wɔfa so ko tia nea ekunkum mmofra ɔpepem pii yi.

[Kratafa 28 adaka]

Ebetumi ayɛ aduruyɛ mu nkɔso a ɛho hia sen biara wɔ afeha yi mu.”​—Lancet

“Ɔkwan tiawa a ɛyɛ nkɔso a ɛho hia sen biara wɔ nyansahu ho abakɔsɛm mu no biako.”​—UNICEF

[Kratafa 28 adaka]

Bere a Ayamtu Aka Obi: Mmofra Ayaresa ho Akwankyerɛ

Nnyae no aduan ma: Ɛsɛ sɛ wɔma no biribi a ɛyɛ nsunsu. Tii, rice water, ne nkwan ye. Fa nsu a ɔbɛnom nso si hɔ. Kɔ so ara ma abofra a onum nufu no bi. Ɛsɛ sɛ wɔma abofra no aduan ntɛm ara bere a otumi didi no. Nanso aduan kakraa bi a wɔma no ntoatoaso ye kɛse. Aduan a etumi yam ntɛm a ahoɔden wom te sɛ kwadu ye.

Ma no oral rehydration nsu mfiase no ara: Eyi si nsu a afi ne mu no ananmu na ɛmma ne ho nsu nsa. Faako a ɛbɛyɛ yiye no, fa oral rehydration salt a wɔayɛ dedaw no bi ma no. Sɛ ɛno bi nni hɔ a, w’ankasa yɛ nea edi so yi (fra a wobɛfra no yiye ho hia!) :

Nkyene: Atere ketewa (teaspoon) biako

Asikre: Atere ketewa awotwe

Nsu: Liter biako (nkuruwa 6)

Dodow ahe na ɛsɛ sɛ wɔde ma: Ɛsɛ sɛ dodow a wɔde ma no no yɛ bɛyɛ sɛ nsu a afi ne mu no. Eye se wɔde bɛyɛ kuruwa biako bɛma no wɔ tiafi biara a ɔbɛkɔ akyi; ɛno fã ye ma mmofra nkumaa. (Wobetumi de atere asesaw ama nkokoaa.) MA ABOFRA NO NNOM DODOW BIARA A ƆPƐ!

Bere a ɛsɛ sɛ wogyae nom: Ɛtaa yɛ bere a ayamtu no agyae anaasɛ bere a ne kɔn a ɛdɔ ne nom no agyae.

Bere a ɛsɛ sɛ wode no kɔ ayaresabea:

Bere a obi ho nsu a ɛsa bo sɛnkyerɛnne da adi.

Bere a onipa no ntumi nnom biribiara.

Bere a ayamtu no kɔ so nnanan a ano mmrɛ ase (anaasɛ wɔ nkoakoaa fam no bere a ayamtu a ano yɛ den aka no da koro akyi no) .

Ben a ɔrefe kɛse.

[Kratafa 29 adaka]

Obi ho Mogya o Ɛsa Kɛse Ho Sɛnkyerɛnne

Ɔdwensɔ kakraa bi anaasɛ ɔnnwensɔ koraa

Ne so a ɛtew ntɛm ara

N’ano a ɛto hoa

Akokoaa afono a ɛtotɔ mu

N’ani a ɛtotɔ mu

N’ahoɔden a ɛso tew ntɛm ara

Were no a etwintwam

Fa wo nsateaa abien ma were no so. Sɛ were no antumi antɔ so sɛnea ɛte a, na abofra no ho nsu asa

Ne Fibea: Where There is No Doctor, a D. Werner a ofi London kyerɛwee wɔ 1981 mu no kratafa 159.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena