Mmofra Akwahosan a Yɛbɛbɔ Ho Ban
AMANAMAN Nkabom Mmofra Ho Foto (UNICEF) amanneɛbɔ bi a wɔde too gua nnansa yi wɔ The Progress of Nations mu no ma ɛda adi sɛ mmofra akwahosan tebea atu mpɔn wɔ nsase pii so. Ɛdenam mmɔden kɛse a aban ne amanaman ntam ahyehyɛde ahorow abɔ so no, mmofra a wonnyaa mfe anum a wowuwu no dodow so atew wɔ aman pii mu. Nanso, The Progress of Nations ma ɛda adi nso sɛ wobetumi afa akwan nketenkete a ɛka nnim so agye mmofra a wowuwu no ɔpepem pii nkwa, titiriw wɔ aman a wonnyaa nkɔso pii mu. Ebia nyansahyɛ a edidi so yi a ɛwɔ amanneɛbɔ no mu no bɛboa awofo a wɔwɔ nsase yi so ne mmeae foforo.
Nufuma. Amanneɛbɔ no hyɛ nyansa sɛ: “Nufuma yɛ ɔkwan a eye sen biara a wɔde fi akwahosan ne adidi pa ase.” Sɛnea Wiase Nyinaa Akwahosan Ahyehyɛde (WHO) kyerɛ no, “sɛ wɔma nkokoaa nyinaa nufusu nkutoo bɛyɛ asram asia a edi kan no mu a, anka wobegye mmofra bɛboro ɔpepem 1 nkwa.” Esiane sɛ ayaresabea horow ne mmeae a wogye awo na wɔka asɛm a, nkurɔfo fa nti, UNICEF ne WHO rehyɛ “ayaresabea horow a ɛkyerɛ mmofra ho anigye ho nkuran.” Wɔn botae ne sɛ wɔbɛkanyan ayaresabea horow ma wɔaboa mmaatan a wɔawowo foforo, ama wɔn nyansahyɛ a ɛfata wɔ nufuma ho.
Ahotew ne nsu a efĩ nnim. Amanneɛbɔ no ka sɛ: “Sɛ wɔnom nsu pa, kata tiafi so, hohoro wɔn nsa ansa na wɔaso aduan mu, na wɔnoa aduan kora so yiye a, nnipa a wɔyareyare no dodow so behuan kɛse.” Ɛwom sɛ wɔ mmeae pii no, wɔbrɛ ansa na wɔanya nsu a efĩ nnim a ɛbɛso de, nanso ɛyɛ ade a ɛho hia ma mmofra ne abusua no akwahosan.
Aduan a Wodi. Sɛnea amanneɛbɔ no kyerɛ no, nnuan a wɔde aduannuru a wɔfrɛ no Vitamin-A afra mu betumi agye mmofra bɛyɛ ɔpepem abiɛsa nkwa afe biara. Ɛka sɛ ɔhaw no ano aduru wɔ hɔ a ne bo nyɛ den, na nsa betumi aka denam aduan pa a wobedi, nnuan a wɔde aduannuru bɛfra mu, anaasɛ vitamin-A nnuru a wɔbɛkyekyɛ so. Vitamin-A nnuru a ne bo yɛ sɛnt abien a wɔkyekyɛ ma mmofra bere ne bere mu no afi ase reboa wɔ nsase a vitamin-A ntaa nni wɔn nnuan mu no so. Afei, wɔkamfo nnuan bi te sɛ borɔferɛ, mango, karɔt, nhabamma, ne nkesua nso kyerɛ.
Nsu Nkyenenkyene a Asikre Fra Mu Ayaresa. UNICEF ka sɛ, wobetumi de nsu a efĩ nnim, nkyene, ne asikre anaa ɛmo siam a adi afra a ne bo ne ne yɛ nyɛ den agye mmofra dodow a ayamtu kunkum wɔn afe biara no mu fã nkwa.a Ɛsɛ sɛ awofo kɔ so ma abofra no aduan nso. Mmofra bɛyɛ ɔpepem biako na wɔnam saa kwan yi so gye wɔn nkwa afe biara.
[Ase hɔ asɛm]
a Sɛ wopɛ nsɛm a ɛfa sɛnea wobɛbɔ wo mma akwahosan ho ban ho a, yɛsrɛ wo hwɛ Nyan!, April 8, 1995, nkratafa 3-14.
[Mfonini Fibea wɔ kratafa 27]
WHO