Nneɛma a Woyɛ Wɔ Asetram Asiane Bɛn na Ɛwom?
AKWAN pii so no, akwahosan ho nsɛm nyɛɛ nea anidaso wom da. Wiase Nyinaa Akwahosan Ahyehyɛde (WHO) no amanneɛbɔ bi a wɔde too gua 1998 mu ka sɛ: “Seesei nnipa pii nya aduruyɛ, nsu pa ne akwampa a wɔfa so di nsufĩ ho dwuma mu mfaso kakra sen bere bi a atwam no.” Nokwasɛm ne sɛ, nnipa pii da so di hia wɔ wiase, nanso sɛnea Britain Radio Dwumadibea no bɔɔ amanneɛ no, “wɔabrɛ ohia ase wɔ wiase nyinaa wɔ mfe 50 a atwam no mu sen mfe 500 a edii anim no.”
Nkɔanim a aba wɔ wiase ayarehwɛ mu no ato nnipa nkwa nna mu wɔ wiase nyinaa. Wɔ 1955 mu no, sɛ wɔkyekyɛ mu pɛpɛɛpɛ a, na obiara di mfe 48. Wɔ 1995 no, na adu mfe 65. Ade biako a ama nkɔanim yi aba ne mmɔden a wɔabɔ ako atia mmofra nyarewa.
Mfe 40 ne kakra ni no, na nnipa a wowuwu nyinaa mu ɔha biara mu nkyem 40 yɛ mmofra a wonnii mfe anum. Nanso ebeduu 1998 no, na wɔabɔ wiase mmofra pii paane de abɔ wɔn ho ban afi mmofraberem nyarewa atitiriw no ho. Enti, mmofra a wonnii mfe anum dodow a wowuwu no so atew aba ɔha biara mu nkyem 21. Sɛnea WHO kyerɛ no, “akyinnye biara nni ho sɛ nkurɔfo renya akwahosan pa ne nkwa tenten.”
Nanso sɛ obi nyin kyɛ na n’asetra antu mpɔn a, mfaso biara nni so. Bere a nkurɔfo hwehwɛ asetra pa no, wɔn mu pii de wɔn adwene si honam fam anigyede so kɛse. Nanso, asetra kwan a ɛte saa betumi ayɛ asiane ama akwahosan.
Asetra Pa?
Asetra ne sikasɛm mu nkɔanim a aba nnansa yi no de nsakrae kɛse aba nkurɔfo asetra kwan mu. Seesei aman a wodi yiye no mu nnipa pii tumi totɔ nneɛma nya mmoa a bere bi na asikafo nkutoo na wɔn nsa tumi ka no. Na bere a saa nkɔanim yi bi ama nkurɔfo tumi nyin kyɛ no, adaadaa nnipa pii ma wɔyɛ nneɛma bi de sɛe wɔn ho.
Sɛ nhwɛso no, nnipa ɔpepem pii de sika pii a wɔanya no totɔ nneɛma a ɛho nhia te sɛ nnuru a ne nom ka nkurɔfo hɔ, mmosa, ne tawa. Awerɛhosɛm ne sɛ, ne nyinaa mfa wɔn nkosi baabiara. World Watch nsɛmma nhoma no ka sɛ: “Ade a nnansa yi ɛma nnipa pii akwahosan ho ba asɛm paa no nyɛ yare; ɛyɛ biribi a wɔtɔ.” Nsɛmma nhoma no de ka ho sɛ: “Wɔhwɛ kwan sɛ wɔ mfe 25 ntam no, yare a tawanom de ba betwa nsanyare sɛ ade a ɛde nnipa akwahosan to asiane mu sen biara wɔ wiase nyinaa.” Bio nso, Scientific American ka sɛ: “Kokoram a ekunkum nnipa no mu ɔha biara mu nkyem 30 fi sigaretnom titiriw, na dodow a ɛte saa nso fi nneɛma a nkurɔfo yɛ wɔ asetram, ɛnkanka aduan a wodi ne wɔn apɔw mu a wɔnteɛteɛ.”
Akyinnye biara nni ho sɛ, nneɛma a yɛyɛ wɔ asetram no nya yɛn akwahosan so nkɛntɛnso kɛse. Ɛnde, yɛbɛyɛ dɛn atumi anya akwahosan pa anaa yɛama atu mpɔn? So aduan a yedi ne apɔw-mu-teɛteɛ nko ara dɔɔso? Nea ɛka ho bio no, dwuma bɛn na adwene ne honhom fam tebea di wɔ asetra pa mu?