Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g87 10/8 kr. 4-6
  • Akwahosan Pa Ma Obiara—Ɛyɛ Ahiade Titiriw

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Akwahosan Pa Ma Obiara—Ɛyɛ Ahiade Titiriw
  • Nyan!—1987
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nnɛyi Nsɛnnennen Ahorow
  • Wiase no mu Akwahosan—Nsonsonoe a Ɛreyɛ Kɛse
    Nyan!—1995
  • Akwahosan Pa Ma Adesamma Nyinaa—Bere Bɛn?
    Nyan!—1987
  • Ɔyaredɔm Wɔ Afeha a Ɛto so 20 Yi Mu
    Nyan!—1997
  • Mpɔntu Aba Akwahosan Nhyehyɛe Mu Nanso Ɛnyɛ Obiara na Ne Nsa Ka
    Nyan!—1999
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1987
g87 10/8 kr. 4-6

Akwahosan Pa Ma Obiara​—Ɛyɛ Ahiade Titiriw

NNƐYI nnuruyɛ anya nkɔso pii. Nea enti a ɔyaredɔm akɛse bae tete no nyɛ ahintasɛm bio. Nkɔanim a ɛyɛ nwonwa de nnɛyi nnuruyɛ mu anwonwade pii aba.

Nanso, akwahosan ho nsɛnnennen da so ara yɛ kɛse. Bere a wɔyɛɛ 1978 Amanaman Ntam Nhyiam a ɛfa Akwanhosan ho Banbɔ Nhyehyɛe ho no, ná wiase nnipa a wɔte nkuraase ne ahiafo a wɔwɔ nkurow akɛse mu no mu ɔha biara mu 80 na wonni akwahosan nhyehyɛe biara, na na mmofra 31 a wonnii mfe anum a wowu wɔ saa afe no mu biara mu 30 yɛ wɔn a wɔte nsase a wodi hia kɛse no so. Wɔ aman a “wɔanya nkɔso” mu no, nneɛma a atwa wɔn ho ahyia no a wɔsɛe no, mframa a wɔsɛe no, ne nneɛma a epira a wɔtow gu da so yɛ nkwa ho asiane a enya nkɔanim.

Nea WHO dwumadibea a ɛhwɛ Europa fam so no ahu asie nyɛ akwahosan a ennu afe 2000 mu no na obiara anya na mmom nsɛnnennen a ebetumi aba saa bere no. Wɔ 1983 mu no ɛhwɛ maa Peter O’Neill kyerɛw nhoma a wɔfrɛ no Health Crisis 2000 a ɛka “nokwasɛm ahorow a egu awɔse” sɛ nyarewa afoforo pii aba anibuei wiase no mu no. Eyinom ne dɛn? Akisikuru a efi nneɛma a atwa yɛn ho ahyia mu ba, komayare, nnuru a wɔde di dwuma wɔ ɔkwammɔne so, adwenemyare, mmaninyare, “wɔn a wɔnom sigaret ne nsa no akɔnnɔ a ɛsɛe ade,” ne “‘akwan so asiane a ayɛ kɛse’ a ɛsɛe nkwa pii ne yɛn sika” no. Saa “asikafo nyarewa” ahorow yi mu retrɛw wɔ aman a wodi hia no nso mu.

Nnɛyi Nsɛnnennen Ahorow

Ma yensusuw ɔhaw ahorow a ɛwɔ hɔ nnɛ no bi ho.

AKISIKURU tɔ so abien wɔ nea ɛde owu ba wɔ United States no mu. Ɛkã Amerikafo anan biara mu biako. Wɔ wiase nyinaa no, nnipa bɛyɛ ɔpepem 40 na saa yare yi haw wɔn. Nneɛma ahorow a ɛde akisikuru ba no abu so.

MFRAMA NE NNEƐMA AFOFORO A WƆSƐE NO. Nneɛma ahorow a enye ne nneɛma a wɔtoto gu a ebetumi apira nkurɔfo atwa yɛn ho ahyia. Wohu nnuru a wɔde kunkum mmoawa wɔ nnuan mu. Wɔde nnuru agugu nsubɔnten ne ɛpo mu. Wɔ mmeae horow bi no wɔasɛe nsu a wɔtow fi nsubura mu no mpo.

NNURU A WƆDE DI DWUMA WƆ ƆKWAMMƆNE SO. Health Crisis 2000 frɛ nnuru a wɔde di dwuma wɔ ɔkwammɔne so no sɛ “ɔpatiriw a ɛde brɛoo kɔ hell.” Ese “ɔkwan a wɔnam so sɛe mmofra adwene ne wɔn nipadua no . . . yɛ hu na ɔkwan a wɔfa so siesie no kyɛ na ɛyɛ den ma ɔyarefo no ne wɔn a wɔreboa no araa ma ɛfata sɛ wɔyɛ ho nhwehwɛmu titiriw.”

MMANINYARE. Esiane abrabɔ a asɛe nti, mmaninyare mu atrɛw adu baabi a ama wɔfrɛ no ɔyaredɔm​—ɔyaredɔm a aka nnipa bebree. World Health nsɛmma nhoma no se “nyarewa a wɔtrɛw mu wɔ nnipa dodow mu no abu so nnɛ araa ma obiara a ne ho wɔ hɔ [a ɔne ahokafo pii da] no betumi anya ɔyare.”

ASABOW. Wɔ mmeae pii no mmea, mmofra a wɔrenyin akɔ mpanyin afe so, ne mmofra nkumaa rema asabofo dodow akɔ soro. Wɔka sɛ asanom yɛ ade a ɛno na ɛde akwan so asiane ahorow no mu ɔha biara mu 40 ba. Obi a nnakoro nnakoro na ɔnom nsa nanso ɔpɛ sɛ ɔkyerɛ sɛ onim nom na ɔde ka kar no mpo betumi ama abusua bi ase ahyew.

NNƐYI AKWANTU. Akwantu a ayɛ mmerɛw nnɛ no aboa ama ɔyaredɔm mu atrɛw. Akwantu atrɛw AIDS ne babaso a penicillin ntumi no no mu wɔ wiase nyinaa, na wɔka sɛ saa nyarewa ahorow yi “anya nkɔanim denam sɛnea nnipa pii tutu akwan wɔ afeha a ɛto so aduonu yi mu sen bere biara a atwam no so.”

NNIPA DODOW. Nnipa dodow mmoroso ne nkuraasefo a wotu kɔtra nkurow akɛse a akyere so dedaw mu no ama wiase akwahosan ho nsɛnnennen no mu ayɛ den kɛse. Wɔ 1983 mu no, ná aman ahorow 26 na wɔn mu nnipa dodow bɛyɛ ɔpepem 5. Ebedu afe 2000 no na wɔanya aman a ɛte saa no 60. World Health nsɛmma nhoma no se ebedu saa bere no na ebia nnipa bɛboro ɔpepepem biako “a ahia wɔn kɛse tete nkurow akɛse mu.” Robert McNamara a na anka ɔyɛ Wiase Nyinaa Sikakorabea no titrani no bɔɔ kɔkɔ sɛ: “Sɛ nkurow akɛse no amfi ase anni ohia ho dwuma wɔ ɔkwan pa so a, ebia ohia befi ase asɛe nkurow akɛse no.”

Enti, ɛmfa ho sɛ nnipa a wɔyɛ adwumaden na wɔde wɔn ho ama rebɔ mmɔden no, ɛte sɛ nea “akwahosan a obiara benya” botae no ho a wobedu no wɔ akyiri dodo. Nokwarem no, ɛnsɛ sɛ wɔfa asɛm a wɔka no sɛ saa ara na ɛte. Ɛnyɛ adwene no ne sɛ obiara benya akwahosan na mmom sɛ anyɛ yiye koraa no, obiara benya akwahosan ho banbɔ nhyehyɛe. WHO nhomawa bi se botae no ne sɛ “wɔbɛkyekyɛ nneɛma a ɛma akwahosan no pɛpɛɛpɛ . . . sɛ́ obiara betumi anya akwahosan nhyehyɛe a ɛho hia . . . ne sɛ nkurɔfo bɛfa ɔkwan pa so sen sɛnea wɔyɛ mprempren” no de abɔ nyarewa ne dɛmdi ho ban na wɔayi afi hɔ.

[Kratafa 4 mfoni fibea]

P. Almasy/WHO

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena