Emu Nsɛm
May 15, 2011
Nea Adesua Nsɛm Wom
ADESUA NSƐM MA ADAPƐN A EDIDI SO YI:
June 27, 2011–July 3, 2011
KRATAFA 7
July 4-10, 2011
Kristofo Mmusua—“Munsiesie Mo Ho”
KRATAFA 11
July 11-17, 2011
Hena na Ne Ho Hia Wo Sen Obiara wɔ W’asetena Mu?
KRATAFA 16
July 18-24, 2011
‘O Onyankopɔn Nyansa a Emu Dɔ!’
KRATAFA 21
July 25-31, 2011
Sɛ Yɛde Yɛn Ho To Yehowa So Koraa a Ɛma Yenya Akomatɔyam
KRATAFA 28
Adesua Nsɛm No Atirimpɔw
ADESUA NSƐM 1, 2 KRATAFA 7-15
Adesua a edi kan no ka asɛyɛde a Kristofo abusua no muni biara wɔ sɛ ɔbɛkɔ so awɛn wɔ honhom fam ho asɛm. Adesua a ɛto so abien no ka sɛnea yɛn ani a yɛbɛma ahwɛ tẽẽ, botae a yɛde besisi yɛn ani so wɔ Yehowa som mu, ne Abusua Som a yɛyɛ no anwummere a yɛbɛkɔ so ayɛ no ho hia na ama abusua mũ no nyinaa ani agye wɔ Yehowa som mu ho asɛm.
ADESUA ASƐM 3 KRATAFA 16-20
Ɛsɛ sɛ Yehowa yɛ Obi a ne ho hia n’asomfo sen obiara wɔ wɔn asetena mu. Saa adesua yi ka nea yebetumi asua afi saa asɛm yi mu wɔ nea ɛtoo Hawa a ɔyɛ ɔbea a odi kan no, ɔbarima nokwafo Hiob, ne Onyankopɔn Ba a ɔyɛ pɛ, Yesu Kristo, no ho asɛm.
ADESUA ASƐM 4 KRATAFA 21-25
Ɔsomafo Paulo kaa sɛnkyerɛnne kwan so ngodua bi ho asɛm wɔ Romafo ti 11. Saa dua no afã no gyina hɔ ma dɛn? Bere a yɛrehwehwɛ nea dua no afã kyerɛ mu wɔ saa adesua yi mu no, yebesua Yehowa atirimpɔw ho ade pii, na ne nyansa a emu dɔ no nso bɛma yɛn ho adwiriw yɛn.
ADESUA ASƐM 5 KRATAFA 28-32
Saa adesua yi kyerɛkyerɛ Dwom a ɛto so 3 ne nea ɛto so 4 a Ɔhene Dawid hyehyɛe no mu. Saa nnwom a Onyankopɔn honhom kaa Dawid ma ɔhyehyɛe yi ma yehu sɛ sɛ yɛbɔ Yehowa mpae sɛ ɔmmoa yɛn na yɛde yɛn ho to no so koraa a, ebetumi ama yɛayɛ yɛn ade ahotoso mu. Saa na Dawid yɛe bere a ohyiaa amanehunu te sɛ yi a ne ba Absalom yii no mae no.
NEA ƐWƆ EYI MU NSO
3 So W’ani Gye Onyankopɔn Asɛm Ho Ankasa?
6 “Ɔhwɛfo a Ɔbɔ Mmɔden na Ɔyɛ Adamfo Pa”
26 Di Kristo, Ɔkannifo a Ɔyɛ Pɛ no Akyi