Emu Nsɛm
March 15, 2012
© 2012 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania. Ɛho Kwan Nyinaa Yɛ Yɛn De.
Nea Adesua Nsɛm Wom
ADESUA NSƐM
APRIL 30, 2012–MAY 6, 2012
Boa Nnipa Ma ‘Wɔnsɔre Mfi Nna Mu’
KRATAFA 10 • NNWOM: 65, 96
MAY 7-13, 2012
KRATAFA 15 • NNWOM: 92, 47
MAY 14-20, 2012
KRATAFA 20 • NNWOM: 129, 134
MAY 21-27, 2012
KRATAFA 25 • NNWOM: 119, 17
ADESUA NSƐM NO ATIRIMPƆW
ADESUA NSƐM 1, 2 KRATAFA 10-19
Atoro nkyerɛkyerɛ ama nnipa ɔpepem pii adeda wɔ honhom fam. Adesua nsɛm abien yi bɛkyerɛ ɔkwan a yɛbɛfa so ama nkurɔfo asɔre afi nna mu ne nea enti a ɛho hia paa sɛ yɛyɛ saa. Bio nso, ɛbɛma yɛanya nsɛmmisa a edi yi so ho mmuae: Yɛbɛyɛ dɛn atumi akɔ so aka asɛm no denneennen? Dɛn na ɛbɛkyerɛ sɛ yɛreka asɛm no denneennen?
ADESUA ASƐM 3 KRATAFA 20-24
Ɔsomafo Petro kyerɛwee sɛ Kristofo a wɔasra wɔn wɔ “anidaso a nkwa wom.” (1 Pet. 1:3) Yɛyɛ dɛn hu sɛ ɛyɛ nokware, na ɛfa “nguan foforo” no ho dɛn? (Yoh. 10:16) Adesua yi bɛboa wo ma woahu nea enti a ɛsɛ sɛ wudi w’anidaso no ho ahurusi na wohwɛ kwan sɛ ɛbɛbam.
ADESUA ASƐM 4 KRATAFA 25-29
Yesu bɔɔ kɔkɔ sɛ: “Monkae Lot yere no.” (Luka 17:32) Bere a Yesu kaa saa asɛm no, dɛn na na ɔrepɛ akyerɛ? Adesua yi bɛboa yɛn ma yɛahu tebea abiɛsa a ɛho behia sɛ yɛde saa kɔkɔbɔ no yɛ adwuma. Hwɛ sɛ ɛho hia sɛ woyɛ nsakrae wɔ emu bi mu wɔ w’asetenam a.
NEA ƐWƆ EYI MU NSO
30 Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
32 “Yɛsrɛ Wo Wuntwa Yɛn Foto?”
ANIM: Adansefo mmabun pii a wɔwɔ Malawi ne wɔn mfɛfo sukuufo susuw Young People Ask nhoma no mu nsɛm a ɛbɛboa wɔn ho
MALAWI
NNIPA DODOW
13,077,160
ADAWURUBƆFO
79,157
AHENNI ASA A WƆASISI
1,031 efi 1998