Emu Nsɛm
May 15, 2013
© 2013 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania. Ɛho kwan nyinaa yɛ yɛn de.
NEA ADESUA NSƐM WOM
JULY 1-7, 2013
Woyɛ Ɔsɛmpakafo—Yɛ W’adwuma no Pɛpɛɛpɛ
KRATAFA 3 • NNWOM: 103, 102
JULY 8-14, 2013
KRATAFA 8 • NNWOM: 108, 93
JULY 15-21, 2013
KRATAFA 14 • NNWOM: 36, 87
JULY 22-28, 2013
Awofo, Mo ne Mo Mma Mmɔ Nkɔmmɔ
KRATAFA 19 • NNWOM: 88, 3
JULY 29, 2013–AUGUST 4, 2013
Si Gyinae Pa na Bɔ W’agyapade Ho Ban
KRATAFA 26 • NNWOM: 14, 134
ADESUA NSƐM
▪ Woyɛ Ɔsɛmpakafo—Yɛ W’adwuma no Pɛpɛɛpɛ
Sɛ obi yɛ ɔsɛmpakafo a, ɛkyerɛ dɛn? Adesua yi bɛma yɛanya asɛmmisa yi ho mmuae. Bio, ɛbɛma yɛahu nea enti a ehia sɛ nkurɔfo te asɛmpa no. Afei nso, ɛbɛkyerɛ sɛnea yebetumi ayɛ asɛmpaka adwuma no pɛpɛɛpɛ.
▪ Wobɔ “Nnwuma Pa Ho Mmɔden”?
Adesua yi ma yehu sɛ, sɛ yɛbɔ “nnwuma pa ho mmɔden” a, ɛtwe nkurɔfo ba Onyankopɔn nkyɛn. Ɛkyerɛ akwan abien a yɛfa so yɛ saa. (Tito 2:14) Emu biako ne yɛn asɛnka adwuma no. Biako nso ne yɛn abrabɔ pa.
▪ Nkɔmmɔdɛ Ma Aware Sɔ
▪ Awofo, Mo ne Mo Mma Mmɔ Nkɔmmɔ
Sɛ awarefo pɛ sɛ wɔn aware sɔ na anigye ba wɔn abusua mu a, nkɔmmɔdɛ ho hia. Adesua a edi kan no bɛma yɛahu su a ɛbɛboa yɛn ma yɛabɔ nkɔmmɔ yiye. Adesua a ɛto so abien no bɛma yɛahu nea awofo ne wɔn mma betumi ayɛ na biribiara ansiw nkɔmmɔbɔ kwan.
▪ Si Gyinae Pa na Bɔ W’agyapade Ho Ban
Agyapade bɛn na Onyankopɔn de ahyɛ Kristofo bɔ? Sɛ yɛhwɛ nea Esau yɛɛ n’agyapade no a, dɛn na yebetumi asua afi mu? Dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛasisi gyinae pa na yɛabɔ yɛn agyapade ho ban? Yebenya nsɛmmisa yi ho mmuae wɔ adesua yi mu.
NEA ƐWƆ EYI MU NSO
13 Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
ANIM: Anuanom mmea redi sotɔɔwura bi adanse wɔ London atifi fam. Wɔne no resusuw asafo nhoma bi ho wɔ Gujarati kasa mu
LONDON, ENGLAND