Emu Nsɛm
July 15, 2013
© 2013 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania. Ɛho kwan nyinaa yɛ yɛn de.
ADESUA NSƐM
SEPTEMBER 2-8, 2013
“Ka Kyerɛ Yɛn, Bere Bɛn na Eyinom Bɛba Mu?”
KRATAFA 3 • NNWOM: 128, 101
SEPTEMBER 9-15, 2013
“Hwɛ! Me Ne Mo Wɔ Hɔ Nna Nyinaa”
KRATAFA 9 • NNWOM: 30, 109
SEPTEMBER 16-22, 2013
Ɔnam Nnipa Kakra so Ma Mpempem Aduan
KRATAFA 15 • NNWOM: 108, 117
SEPTEMBER 23-29, 2013
“Hena Koraa Ne Akoa Nokwafo ne Ɔbadwemma” No?
KRATAFA 20 • NNWOM: 107, 116
ADESUA NSƐM
▪ “Ka Kyerɛ Yɛn, Bere Bɛn na Eyinom Bɛba Mu?”
▪ “Hwɛ! Me Ne Mo Wɔ Hɔ Nna Nyinaa”
Yebesusuw Mateo ti 24 ne ti 25 ho wɔ adesua nsɛm abien yi mu. Ɛbɛma yɛahu ntease foforo a yɛanya wɔ Yesu nkɔmhyɛ a ɛfa nna a edi akyiri yi ne mfatoho a ɛfa awi ne nwura bɔne ho no ho. Yebehu bere a nkɔmhyɛ no mu nsɛm besisi. Adesua no mu biara bɛma yɛahu mfaso a yɛn ankasa benya afi nkyerɛkyerɛmu foforo yi so.
▪ Ɔnam Nnipa Kakra so Ma Mpempem Aduan
▪ “Hena Koraa Ne Akoa Nokwafo ne Ɔbadwemma” No?
Bere a Yesu nam anwonwakwan so maa nnipadɔm bi aduan no, ɔnam nnipa kakraa bi so na ɔyɛɛ saa. Sɛ ɔde honhom fam aduan rema n’akyidifo nso a, ɔfa nnipa kakraa bi so yɛ saa. Yebehu eyi ho nsɛm pii wɔ adesua nsɛm abien yi mu. Adesua a edi kan no bɛma yɛahu nnipa kakra a Yesu faa wɔn so maa n’akyidifo honhom fam aduan wɔ asomafo no bere so. Nea ɛto so abien no bɛma yɛanya asɛmmisa a ehia yi ho mmuae: Nnipa krakra bɛn na Kristo fa wɔn so ma yɛn honhom fam aduan nnɛ?
ANIM: Afie afie adansedi wɔ Bukimba, Runda, Rwanda
RWANDA
Sɛ yeyi Adansefo baanan wɔ ɔman no mu a, wɔn mu biako yɛ akwampae adwuma no bi. Adansefo a aka no ahokeka yɛ fɛ; ɔsram biara wɔn mu biara de nnɔnhwerew bɛyɛ 20 ka asɛm no
ADANSEFO
22,734
BIBLE ADESUA
52,123
WƆN A WƆBAA NKAEDI AFE 2012
69,582