Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w13 9/15 kr. 32
  • Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2013
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Anidaso Ankasa Wɔ Hɔ Ma W’adɔfo a Wɔawuwu No
    Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa?
  • Yesu nyanee Lasaro
    Sua Biribi Fi Bible Mu
  • Sɛ Yewu a Dɛn na Ɛbɛba Yɛn So?
    Suasua Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse No
  • Anidaso a Enni Huammɔ Ma Awufo
    Bere a Obi a Wodɔ No Awu
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2013
w13 9/15 kr. 32

NSƐMMISA A EFI AKENKANFO HƆ

Na Yesu rebenyan Lasaro, nanso Yohane 11:35 ka sɛ Yesu sui. Adɛn nti na osui?

Sɛ yɛn dɔfo bi wu na yɛhwɛ sɛ wafi yɛn nkyɛn kɔ a yɛrenhu no a, yesu. Na Yesu pɛ Lasaro asɛm paa, nanso ɛnyɛ ne wuo no nti na osui. Sɛnea Yohane kyerɛwtohɔ no ma yehu no, tema a Yesu wɔ ma Lasaro abusuafo ne ne nnamfo nti na osui.​—Yoh. 11:36.

Bere a Yesu tee sɛ Lasaro yare no, ne ho ampere no sɛ ɔbɛkɔ Lasaro fie akɔsa no yare. Bible ka sɛ bere a Yesu tee sɛ Lasaro yare no, “ɔtenaa faako a ɔwɔ hɔ ara nnanu.” (Yoh. 11:6) Adɛn nti na ɔtwentwɛn so wɔ hɔ? Biribi nti na ɔyɛ saa. Ɔkae sɛ: “Saa ɔyare yi nyɛ owuyare, na mmom Onyankopɔn anuonyam ntia, nea ɛbɛyɛ na wɔnam so ahyɛ Onyankopɔn Ba no anuonyam.” (Yoh. 11:4) Na Lasaro yare no nyɛ “owuyare.” Na Yesu pɛ sɛ ɔfa Lasaro wuo no so da “Onyankopɔn anuonyam” adi. Ɔkwan bɛn so? Na Yesu rebɛyɛ anwonwade kɛse bi; na ɔrebenyan n’adamfo Lasaro afi adamena mu.

Bere a Yesu ne n’asuafo no rekasa no, ɔde owuo totoo nna ho. Enti ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ ‘Lasaro ada, na ɔrekɔ hɔ akonyan no.’ (Yoh. 11:11) Na Yesu rebenyan Lasaro afi owuo mu te sɛ nea agya bi renyan ne ba afi nna mu. Enti na ɛho nhia sɛ odi Lasaro wuo no ho yaw.

Ɛnde, dɛn na ɛmaa Yesu sui? Bible ma yehu mmuae no. Bere a Yesu hyiaa Lasaro nuabea Maria na ohui sɛ ɔne afoforo resu no, “osii apini na ne ho yeraw no.” Bere a Yesu hui sɛ wɔredi awerɛhow saa no, ɛyɛɛ ne yaw na “osii apini.” Ɛno nti na “Yesu sui.” Yesu hui sɛ awerɛhow abubu ne nnamfonom, na asɛm no yɛɛ no mmɔbɔ paa.​—Yoh. 11:33, 35.

Saa asɛm yi ma yehu sɛ wiase foforo no mu no, Yesu de ne tumi benyan yɛn adɔfo aba nkwa mu bio na wama wɔn apɔwmuden. Afei nso ɛma yehu sɛ Yesu wɔ ayamhyehye ma wɔn a Adam wuo ahwim wɔn adɔfo afi wɔn nsam no. Ade foforo a yesua fi mu ne sɛ, ɛsɛ sɛ yenya tema ma wɔn a wɔn adɔfo awu na wɔredi awerɛhow.

Na Yesu nim sɛ ɔrekonyan Lasaro. Nanso ɔdɔ ne ayamhyehye a ɔwɔ ma ne nnamfo nti, osui. Yɛn nso, sɛ yɛwɔ tema a, ɛbɛka yɛn ma ‘yɛne wɔn a wosu asu.’ (Rom. 12:15) Sɛ obi di awerɛhow saa a, ɛnkyerɛ sɛ onnye nni sɛ awufo bɛsɔre. Ɛwom, na Yesu rebenyan Lasaro nanso osui. Eyi kyerɛ sɛ ɔwɔ tema paa ma wɔn a wɔn biribi afi mu. Yebetumi asua pii afi ne nhwɛso yi mu.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena