Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w13 10/1 kr. 3
  • Adɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Woma Bible Ho Asɛm Hia Wo?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Adɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Woma Bible Ho Asɛm Hia Wo?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2013
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Adɛn Nti na Ɛho Hia sɛ Wosua Bible?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
  • Bible Yɛ Nwoma a Wobɛtumi Asua Ate Ase
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
  • So Bible No Fi Onyankopɔn Hɔ Ampa?
    Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So
  • Nokware Nkyerɛkyerɛ a Ɛsɔ Onyankopɔn Ani
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2005
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2013
w13 10/1 kr. 3

ASƐM A ƐDA SO | ASƐM BƐN PAA NA ƐWƆ BIBLE MU?

Adɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Woma Bible Ho Asɛm Hia Wo?

Nhoma a agye din paa wɔ wiase ne Bible. Adɛn ntia? Ade biako a ɛwɔ Bible ho ne sɛ wokan a wuhu n’ani so ntɛm, efisɛ nsɛm a ɛwom no fa nnipa a wɔatena ase pɛn ho; ɛma yehu sɛnea wɔne wɔn yɔnko nnipa tenae ne sɛnea na wɔne Onyankopɔn ntam te. Nsɛm a ɛwom no, yebetumi de abɔ bra; emu nyɛ den na wotumi kyerɛ ase kɔ kasa bebree mu ma nnipa a wɔte baabiara kenkan te ase bere biara. Bible mu afotu nso boa yɛn biribiara mu.

Ɛnyɛ sɛ Bible ka Onyankopɔn ho asɛm kɛkɛ, na mmom ɛka sɛ ɛyɛ nhoma a efi Onyankopɔn hɔ. Ɛma yehu Onyankopɔn din ne ne suban; ɛma yehu nea enti a Onyankopɔn bɔɔ asase ne nnipa. Efi tete na papa ne bɔne adi asi, na Bible ka ɛno nso ho asɛm; ɛma yehu awerɛhosɛm bi a ɛfa obiara ho, nanso ɛkyerɛ yɛn sɛ ebewie yiye. Sɛ wode adwempa kenkan Bible a, ɛbɛma woanya gyidi ne anidaso.

Nsɛm bi wɔ hɔ a, yɛrentumi nhu wɔ baabiara, gye sɛ Bible mu nko ara. Bible ma yɛte nsɛm bi ase yiye paa. Nsɛm no bi ni:

  • Nea enti a Onyankopɔn bɔɔ yɛn, ne nea enti a yehu amane

  • Nhyehyɛe a Onyankopɔn de begye adesamma

  • Nea Yesu ayɛ ama yɛn

  • Asase ne nnipa daakye

Yɛsrɛ wo gye bere kakra kenkan nhoma yi mu nsɛm a aka no, na wubehu asɛm pɔtee a ɛwɔ Bible mu.

NSƐM BI A ƐFA BIBLE HO

  • Asɛmti: Ɛkyerɛ sɛnea Onyankopɔn soro Ahenni de adetrenee ne asomdwoe bɛba asase so

  • Emu nsɛm: Nhoma dodow a wɔde Hebri kasa kyerɛwee yɛ 39 (emu kakra wɔ hɔ a wɔde Aram kasa na ɛkyerɛwee); nea wɔde Hela kasa kyerɛwee yɛ 27

  • Ne kyerɛw: Bible no kyerɛw dii bɛyɛ mfe 1,600, na nnipa bɛyɛ 40 na wɔkyerɛwee. Ne kyerɛw no fii ase 1513 A.Y.B., na ɛbaa awiei afe 98 Y.B.

  • Kasa dodow: Seesei wɔakyerɛ Bible no nyinaa anaa ne fã bi ase kɔ kasa bɛboro 2,500 mu

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena