Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w13 10/1 kr. 4
  • Dɛn na Ɛde Yɛn Bepuee Ha?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Dɛn na Ɛde Yɛn Bepuee Ha?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2013
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Adɛn Nti na Onyankopɔn Bɔɔ Yɛn Baa Asase So?
    Dɛn na Yebetumi Asua Afi Bible Mu?
  • Dɛn Nti na Onipa Wu?
    Nya Asetra Mu Anigye Wɔ Asase So Daa!
  • Nea Enti A Nneɛma Bɔne Kɔ So
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2007
  • Adɛn Nti Na Bɔne Wɔ Wiase Na Nnipa Rebrɛ Saa?
    Wubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma a Yɛde Bɔ Bible Mu Nkɔmmɔ
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2013
w13 10/1 kr. 4

ASƐM A ƐDA SO | ASƐM BƐN PAA NA ƐWƆ BIBLE MU?

Dɛn na Ɛde Yɛn Bepuee Ha?

Bible nhoma a edi kan Genesis ma yehu nea ɛyɛe a wiase yi bae. Ɛka no tiaa sɛ: “Mfiase no Onyankopɔn bɔɔ ɔsoro ne asase.” (Genesis 1:1) Onyankopɔn bɔɔ nnua ne mmoa wiei no, ɔbɔɔ nnipa baanu a wodi kan, Adam ne Hawa. Wammɔ nnipa te sɛ mmoa, efisɛ nnipa wɔ Onyankopɔn suban no bi, na emu bi ne sɛ yetumi yɛ nea yɛpɛ a obiara nhyɛ yɛn. Enti biribiara a Adam ne Hawa bɛyɛ no, na ɛho asɛm da wɔn ara so. Sɛ wotiee Onyankopɔn asɛm a, anka wobenya hokwan aboa ama Onyankopɔn atirimpɔw aba mu, efisɛ anka wɔbɛwo mma a bɔne nni wɔn ho ma wɔn nyinaa de asomdwoe ne anigye atena asase so daa.

Nanso ɔbɔfo bi faa kwan bi so maa nnipa yɛɛ nea ɔno ɔbɔfo no pɛ. Enti ɔbɛyɛɛ Satan, kyerɛ sɛ, “Ɔsɔretiafo.” Ɔnam ɔwɔ so kasa kyerɛɛ Hawa, na ɔdaadaa no ka kyerɛɛ no sɛ, sɛ ɔtew ne ho fi Onyankopɔn ho a, ebesi no yiye. Adam ne Hawa tiee Satan, enti wɔtew wɔn ho fii wɔn Bɔfo no ho. Esiane sɛ yɛn awofo a wodi kan no ansi gyinae pa nti, daa nkwa bɔɔ wɔn, na wɔde bɔne ne owu abewie yɛn nyinaa so ma yegye yɛn ho a ɛnyɛ yiye.

Ɛbaa saa no, ntɛm pa ara na Onyankopɔn kae sɛ obesiesie saa awerɛhosɛm no na wama Adam asefo atumi anya daa nkwa. Onyankopɔn hyɛɛ nkɔm sɛ ‘aseni’ anaa onipa titiriw bi bɛba abɛsɛe Satan na wayi amanehunu a Satan ne Adam ne Hawa akɔfa aba no nyinaa afi hɔ. (Genesis 3:15) Hena na na ɔbɛyɛ saa ‘aseni’ no? Ɛno de, na ɛbɛyɛ daakye asɛm.

Saa bere no nyinaa, na Satan gu so rebɔ mmɔden biara sɛ ɔbɛsɛe Onyankopɔn atirimpɔw no. Ankyɛ na bɔne ne amumɔyɛsɛm tuu atese. Onyankopɔn yɛɛ n’adwene sɛ ɔde nsuyiri bɛsɛe abɔnefo. Ɔka kyerɛɛ Noa sɛ ɔnyɛ adaka kɛse bi mfa nnye ɔne ne fiefo nkwa; Onyankopɔn kyerɛɛ no mmoa bi nso a ɛsɛ sɛ ɔde wɔn kɔ adaka no mu.

Nsuyiri no akyi no, edii afe ansa na Noa ne ne fiefo resi afi adaka no mu, na na asase no so atew nwann. Nanso na ‘aseni’ no nnya mmae.

​—Nsɛm yi fi Genesis ti 1-11; Yuda 6, 14, 15; Adiyisɛm 12:9.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena