Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w14 12/1 kr. 8-10
  • Timgad​—Kuro Bi a Ahinta mu Ahintasɛm Ada Adi

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Timgad​—Kuro Bi a Ahinta mu Ahintasɛm Ada Adi
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2014
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • WƆANKYEKYE KURO NO KWA
  • SƐNEA ROMAFOƆ DAADAA NKURƆFOƆ
  • KURO FƐFƐ NO BƆEƐ
  • “ƐNO NA YƐFRƐ NO ASETENA PA!”
  • Wɔsiesiee Amanaman no Maa “Yehowa Nkyerɛkyerɛ”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
  • Nea Ɛyɛe a Kristoman Bɛyɛɛ Wiase Yi Fã
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
  • Wɔannya Adwene Biara sɛ Wobegyae Wɔn Gyidi Mu!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
  • Tete Kristosom ne Ɔman No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2014
w14 12/1 kr. 8-10
Tete kuro Thamugadi a seesei wɔfrɛ no Timgad no, nea aka ara nie

Timgad​—Kuro Bi a Ahinta mu Ahintasɛm Ada Adi

NHWEHWƐMUFOƆ bi huu biribi maa ne ho dwirii no. Ná n’ani abere rehwehwɛ tete nneɛma wɔ Algeria anwea pradadaa no so baabi na ɔkɔpuee Romafoɔ nkaedum bi so. Nhwehwɛmufoɔ no ne Scotsman James Bruce, na afe 1765 na saa asɛm no siiɛ. Ná ɔnnim sɛ faako a ɔgyina no yɛ tete kuro Thamugadi a seesei wɔfrɛ hɔ Timgad no. Ɛno ne kuro a ɛso paa a Romafoɔ kyekyee wɔ Afrika Atifi fam.

Romafoɔ nkaedum bi a ɛwɔ Timgad

Afe 1881 mu no, France nhwehwɛmufoɔ fii aseɛ hwehwɛɛ tete Timgad nneɛma mu, na wɔhuu sɛ ɛhɔ nneɛma no bebree da so te apɔ. Wɔsan huu sɛ Timgad ne ne mpɔtam nyinaa yɛ asase wesee, nanso ɛhɔ deɛ na nneɛma kɔ yie paa. Dɛn na ɛkaa Romafoɔ ma wɔkɔkyekyee kuro a wɔdi yie wɔ asase wesee saa so? Dɛn na yɛbɛtumi asua afi tete kuro yi ne emu nnipa hɔ?

WƆANKYEKYE KURO NO KWA

Ansa na Yesu reba no, Romafoɔ no trɛɛ wɔn ahennie mu kɔɔ Afrika Atifi fam, nanso ɛhɔfoɔ no bi ko tiaa wɔn dendeenden. Dɛn na Romafoɔ no yɛ maa asomdwoe baa wɔne ɛhɔfoɔ ntam? Ahyɛaseɛ no, wɔmaa Augusta asraafoɔ dɔm kɔsisii akoban pii de awɛmfoɔ kɔguu mmepɔ so wɔ baabi a ɛnnɛ yɛfrɛ hɔ Algeria no atifi fam. Ɛno akyi na wɔkyekyee Timgad, nanso adwene foforɔ bi nti na wɔyɛɛ saa.

Romafoɔ no ma ɛyɛɛ sɛ asraafoɔ a wɔkɔ pɛnhyen nti na wɔkyekyee Timgad kuro no, nanso adwene a na ɛwɔ akyi paa ne sɛ wɔbɛma mpɔtam hɔfoɔ ne wɔn agyae ntɔkwa ko. Adwene a Romafoɔ no faeɛ no yɛɛ yie. Mpɔtam hɔfoɔ ne Timgadfoɔ bɛdii dwa, na sɛnea na asetena kɔ yie wɔ hɔ nti, ɛhɔ asetena yɛɛ wɔn akɔnnɔ. Nanso sɛ obi nyɛ Romani a, na wɔmma kwan mma ɔntena kuro no mu. Enti wɔn a wɔrepɛ hɔ atena no, wɔn mu pii kɔdɔm Roma asraafoɔ sɛnea ɛbɛyɛ a wɔne wɔn yɛ adwuma mfie 25 a, wɔbɛgye wɔne wɔn mma atom sɛ Romafoɔ.

Saa Afrikafo yi bi wɔ hɔ a, wɔammɛyɛ Romafoɔ kɛkɛ. Akyiri yi, ebinom bɛnyaa dibea akɛseɛ wɔ Timgad ne Romafoɔ nkuro foforɔ mu. Ɔkwan a Romafoɔ no faa so sɛ wɔbɛnya mpɔtam hɔfoɔ no yɛɛ adwuma paa. Enti bere a wɔkyekyee Timgad no, bɛyɛ mfie 50 pɛ na Afrika Atifi famfoɔ gyee hɔ faeɛ.

SƐNEA ROMAFOƆ DAADAA NKURƆFOƆ

Timgad dwa so baabi a na abrannaa akɛseɛ ne adan nketewa wɔ

Dwa so baabi a abrannaa akɛse ne adan nketewa wɔ

Ɛbaa no sɛn na Romafoɔ tumi danee nnipa a na wɔwɔ Timgad mpɔtam no adwene ntɛm saa? Adeɛ baako a wɔyɛeɛ ne sɛ wɔde Roma otitire Cicero asɛm bi yɛɛ adwuma. Ná Cicero kyerɛkyerɛ sɛ ɔmanfoɔ no nyinaa yɛ pɛ, na obiara nsene ne yɔnko. Ɛno nti Romafoɔ no kyekyɛɛ Timgad asase mu pɛpɛɛpɛ maa Roma asraafoɔ a wɔakɔ pɛnhyen ne Afrikafoɔ a wɔabɛyɛ Romafoɔ no. Timgad kuro no, wɔkyekyee no yie paa. Adan a wɔsisiiɛ no, na ne tenten mu yɛ mita 20, ɛnna ne tɛtrɛtɛ nso yɛ mita 20. Ebiara nso, na wɔagyigya akwan atoto ntam. Enti sɛ kuro no mufoɔ hwɛ sɛnea wɔayɛ biribiara fɛfɛɛfɛ a nyiyim nnim a, na ɛma wɔn ani gye sɛ wɔbɛkɔ so atena hɔ.

Tete Roma nkuro pii mu no, na nkurɔfoɔ taa hyiam wɔ dwa so di wɔn ho nkɔmmɔ tie nsɛm a asisi anaa wɔdi agorɔ. Saa ara na na ɛteɛ wɔ Timgad. Enti wo deɛ fa no sɛ awia rebɔ dendeenden. Sɛ obi a ɔwɔ Timgad mpɔtam nam mmepɔ a ɛso wesee no so saa bere no a, ebia ɔde n’adwene bɛbu abrannaa a onwini wɔ ase wɔ Timgad no. Sɛ ɔhyew wom nso a, ebia ɔde n’adwene bɛbu adwareeɛ a wɔahyɛ da ayɛ ama ɔmanfoɔ, ne sɛnea nsuo sosɔ gu mu ko ko ko no. Ebia ɔbɛkɔ so adwene sɛ, sɛ ɔwɔ Timgad a, anka ɔno nso te nsuti a ɛwowɔ kuro no mu no bi ho redi nkɔmmɔ. Enti na ne kɔn bɛdɔ sɛ ɔbɛtena Timgad.

Nkaedum bi a Romafoɔ ne Afrikafoɔ anyame a ɛbɔ ho mmiɛnsa wɔ so

Nkaedum bi a anyame a ɛbɔ ho mmiɛnsa wɔ so

Ade foforɔ a Romafoɔ no de nyaa nkurɔfoɔ ne agoprama kɛseɛ bi a na ɛwɔ hɔ. Ná ɛtumi fa nnipa bɛboro 3,500, enti nnipa a wɔwɔ Timgad ne nkuro a atwa ho ahyia no pu bɛhwɛɛ agodie a na ɛkɔ so wɔ hɔ no. Agodie no bi wɔ hɔ a, na ɛyɛ kɔnsɛt a ɔbrasɛe ne atirimɔdensɛm ahyɛ mu ma. Saa nneɛma no na na Romafoɔ ani gye ho, enti ɛno na na wɔyi kyerɛ ɔmanfoɔ.

Yɛrenka nnya Romafoɔ som. Wokɔ adwareeɛ a, na wɔayeyɛ Romafoɔ abosom ho mfonini pii wɔ fam ne adan ho. Esiane sɛ adwareɛ deɛ, obi ntumi nkwati nti, nkakrankakra kuro no mufoɔ bɛhuu Romafoɔ anyame ne wɔn som. Adwene a Romafoɔ no faa sɛ wɔbɛma Afrikafoɔ no ayɛ te sɛ wɔn no yɛɛ yie ara ma Afrikafoɔ no faa wɔn biribiara faa wɔn som mpo kaa ho. Enti sɛ wɔsie nnipa mpo a, na wɔtaa yɛ nkaedum bi a wɔn anyame ne Romafoɔ anyame a ɛbɔ ho mmiɛnsa si so.

KURO FƐFƐ NO BƆEƐ

Ɔhempɔn Trajan na ɔkyekyee Timgad kuro no wɔ afe 100 Y.B. Ɛno akyi no, Romafoɔ no maa nkurɔfoɔ duaduaa nnɔbae pii, na wɔyɛɛ bobesa ne ngo wɔ Afrika Atifi fam nyinaa. Eduu baabi no, na ɛhɔ abɛyɛ baabi kɛseɛ a Roma ahemman no nya saa nneɛma no fi. Bere a Roma ahemman no wɔ so no, sika baa Timgad paa. Akyiri yi, nnipa a wɔwɔ Timgad no bɛdɔɔso ara ma wɔtrɛɛ kuro no mu traa n’afasuo akɛseɛ no.

Nnipa a wɔte Timgad kuro no mu ne wɔn a wɔwɔ nsase no, esiane sɛ na wɔne Romafoɔ di dwa nti, wɔnyaa wɔn ho. Nanso akuafoɔ a wɔwɔ hɔ no deɛ, ammoa wɔn ahe biara. Yesu asomafoɔ no akyi bɛyɛ mfie 200 no, ntɛnkyea ne toɔ akɛseɛ a ɔmanfoɔ tua nti, akuafoɔ no bi fii aseɛ tee atua. Wɔn mu bi a na wɔabɛyɛ Katolekfoɔ no kɔkaa Donatus akyitaafoɔ ho. Donatus akyitaafoɔ no, na wɔka sɛ wɔyɛ Kristofoɔ, na nneɛma bi a ɛnkɔ yie wɔ Katolek Asɔre mu nti na wɔtee wɔn ho.​—Hwɛ adaka a wɔato din “Donatusfoɔ​—Ná Wɔnyɛ ‘Asɔre a Ɛho Te.’”

Mogyahwieguo, ɔmanko, ne ɔsom ahoroɔ ntam ntɔkwa kɔɔ so mfie pii. Ewiee aseɛ no, Afrika Atifi fam fii Romafoɔ nsa koraa. Asomafoɔ no akyi bɛyɛ mfie 400 no, Arabfo a wɔwɔ Timgad mpɔtam hɔ no de gya too kuro no mu hyee no. Bɛboro mfie 1,000 deɛ, obiara ante Timgad ho biribiara bio.

“ƐNO NA YƐFRƐ NO ASETENA PA!”

Asɛm bi a wɔde Latin kasa atwerɛ wɔ Timgad dwa so

Latin kasa a wɔde atwerɛ biribi so sɛ: “Ahayɔ, adwareɛ, agodie, ne sereɛ​—ɛno na yɛfrɛ no asetena pa!”

Nhwehwɛmufoɔ a wɔtutuu tete Timgad kuro no huu sɛ baabi a na kurom hɔfoɔ hyiam no, wɔde Latin kasa atwerɛ asɛm bi agu biribi so sɛ: “Ahayɔ, adwareɛ, agodie, ne sereɛ​—ɛno na yɛfrɛ no asetena pa!” France abakɔsɛm twerɛfoɔ baako kaa sɛ saa asɛm no, wohwɛ a wobɛka sɛ na “nkurɔfoɔ no mfa botae biara nsi wɔn ani so, nanso ebinom bɛbu no sɛ nyansa wom.”

Nea ɛwom ara ne sɛ, dadaada nyinaa saa na na Romafoɔ bɔ wɔn bra. Ɔsomafoɔ Paulo kaa wɔn mu binom ho asɛm sɛ adwene a wɔde te wiase ara ne sɛ “momma yɛnnidi na yɛnnom, na ɔkyena na yɛawu.” Ná Romafoɔ no yɛ nyamesomfoɔ, nanso anigyeɛ a wɔbɛnya nko ara na na ɛhia wɔn. Nea enti a nnipa te nkwa mu deɛ, na ɛnhia wɔn. Paulo bɔɔ ne nuanom Kristofoɔ kɔkɔ sɛ wɔnhwɛ wɔn ho yie wɔ saa nnipa no ho. Ɔkaa sɛ: “Mommma wɔnnnaadaa mo. Fekubɔne sɛe ɔbra pa.”​—1 Korintofoɔ 15:32, 33.

Bɛyɛ mfie 1,500 ni a Timgadfoɔ no tenaa ase, nanso adwene a na wɔwɔ wɔ asetena ho no, ɛnnɛ yi nyinaa nkurɔfoɔ da so ara kura bi. Nnipa pii wɔ hɔ a, wɔnnwene nea ɛbɛba daakye. Adwene a na Romafoɔ kura wɔ asetena ho no, nyansa wom ma wɔn. Nanso Bible de asɛm a aba wom yi too dwa sɛ: “Wiase su resesa.” Ne saa nti ɛtu yɛn fo sɛ ɛnsɛ sɛ ‘yɛma wiase gye yɛn adwene.’​—1 Korintofoɔ 7:31.

Yɛhwɛ nea ɛtoo Timgad a, ɛma yɛhu sɛ asetena pa nyɛ “ahayɔ, adwareɛ, agodie, ne sereɛ” kɛkɛ. Saa asɛm a ɛkaa anwea mu wɔ Afrika Atifi fam mfie pii no ntumi mmoa yɛn. Nea ɛbɛma yɛanya asetena pa ne sɛ yɛbɛtie Bible afotuo yi: “Wiase ne n’akɔnnɔ retwam, na deɛ ɔyɛ adeɛ a Onyankopɔn pɛ no tena hɔ daa.”​—1 Yohane 2:17.

Donatusfoɔ​—Ná Wɔnyɛ ‘Asɔre a Ɛho Te’

Baabi a na wɔbɔ nkurɔfoɔ asu wɔ Timgad

Baabi a na wɔbɔ nkurɔfoɔ asu a ɛwɔ Timgad no kyerɛ sɛ nea Donatusfoɔ frɛɛ no “Kristosom” no, na agye ntini wɔ hɔ

Wohwɛ tete Timgad atɔe fam a, wobɛhu asɔredan dada bi wɔ hɔ. Saa asɔredan no, na wɔwɔ baabi a wɔbɔ nkurɔfoɔ asu wɔ hɔ. Asɔredan no yɛ Donatus akyitaafoɔ dea. Donatusfoɔ no yɛ kuo bi a na wɔfrɛ wɔn ho “Kristofoɔ,” na wɔtee wɔn ho fii Roma asɔre no ho. Wɔn asɔredan no ma yɛhu sɛ Yesu asomafoɔ no akyi bɛyɛ mfie 300 no, na Donatusfoɔ no agye ntini wɔ Timgad.

Ná Donatus akyitaafoɔ no ani nnye ho sɛ Roma ɔhempɔn de n’ano bɛto asɔre nsɛm mu. Ná wɔbu wɔn som no sɛ ‘ɛho te,’ na wɔatwe wɔn ho afi wiase no ho. Nanso wɔn suban ankyerɛ saa. Donatusfoɔ no de wɔn ho gyegyee amanyɔsɛm mu, na wɔboaa akuafoɔ ma wɔtee atua tiaa asase wuranom ne Roma togyefoɔ. Saa a wɔyɛeɛ no maa aban de ne nsa too wɔn so. Donatusfoɔ no de wɔn ano kaa sɛ wɔn som no ‘ho te,’ nanso na wɔn nneyɛɛ nkyerɛ saa.​—Yohane 15:19.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena