Emu Nsɛm
NNAWƆTWE A EFI ASE MAY 29, 2017–JUNE 4, 2017
Ɛbɔ dodow sɛn na woahyɛ Yehowa? Baako, mmienu, anaa nea ɛboro saa? Wugye di sɛ woreyɛ nea wubetumi biara adi so? Na ɛbɔ a wohyɛe bere a worehyira wo ho so anaa ɛbɔ a wohyɛe bere a woreware no nso ɛ? Adesua yi bɛma yɛahu nhwɛso pa a Yefta ne Hanah yɛ maa yɛn. Wɔn nhwɛso pa no bɛboa yɛn bere a yɛrebɔ mmɔden sɛ yebedi ɛbɔ ahorow a yɛahyɛ Onyankopɔn so no.
NNAWƆTWE A EFI ASE JUNE 5-11, 2017
9 Onyankopɔn Ahenni no Ba a, Dɛn na Ebefi Hɔ?
Yɛtaa dwen nea Yehowa bɛyɛ ama yɛn wɔ Paradise no ho. Nanso, adesua yi mu de, yɛde yɛn adwene besi nneɛma a Yehowa beyi afi hɔ no so. Dɛn na Yehowa beyi afi hɔ na ama yɛanya wiase a asomdwoe ne anigye wom? Sɛ yedwinnwen asɛmmisa yi mmuae ho a, ɛbɛhyɛ yɛn gyidi den, na ɛbɛsan ahyɛ yɛn bo a yɛasi sɛ yebekura yɛn mũdi mu no nso den.
14 Asetenam Nsɛm—Masi Me Bo sɛ Mɛyɛ Kristo Sraani
NNAWƆTWE A EFI ASE JUNE 12-18, 2017
18 “Asase Nyinaa Temmufo no” Yɛ Nea Ɛteɛ Bere Nyinaa
NNAWƆTWE A EFI ASE JUNE 19-25, 2017
23 Wowɔ Atɛntrenee Ho Adwene a Yehowa Wɔ no Bi?
Sɛ yegye di sɛ wɔabu yɛn atɛnkyea anaa yehu sɛ atɛnkyea bi rekɔ so a, ebetumi asɔ yɛn gyidi, yɛn ahobrɛase, ne yɛn nokwaredi ahwɛ. Yebesusuw Bible mu nsɛm mmiɛnsa bi ho. Ɛbɛboa yɛn ama yɛanya adwene a Yehowa wɔ wɔ atɛntrenee ho no bi.
NNAWƆTWE A EFI ASE JUNE 26, 2017–JULY 2, 2017
28 Sɛ Wutu Wo Ho Ma a, Ma Ɛnhyɛ Yehowa Anuonyam!
Yehowa nhia obiara mmoa. Nanso, n’ani gye ho sɛ obehu sɛ yɛayere yɛn ho retaa ne tumidi akyi. Atemmufo ti 4 ne ti 5 ma yehu sɛ, sɛ yefi yɛn pɛ mu di Yehowa akwankyerɛ a emu da hɔ pefee so a, n’ani sɔ.