“Asase Nyinaa Temmufo no” Yɛ Nea Ɛteɛ Bere Nyinaa
“Ɔbotan no, n’adeyɛ yɛ pɛ, n’akwan nyinaa teɛ.”—DEUT. 32:4.
1. Asɛm bɛn na Abraham kae de kyerɛe sɛ ogye di sɛ Yehowa bu atɛntrenee? (Hwɛ mfonini a ɛwɔ adesua yi mfiase no.)
BIBLE ka sɛ: “So asase nyinaa temmufo no renyɛ nea ɛteɛ anaa?” (Gen. 18:25) Abraham nam saa asɛm a obisae no so daa no adi sɛ ogye di sɛ Yehowa bebu atɛntrenee wɔ Sodom ne Gomora asɛm no mu. Ná Abraham gye di sɛ Yehowa remmu atɛnkyea da, ‘sɛ́ obekum ɔtreneeni aka ɔbɔnefo ho.’ Ná Abraham gye di sɛ Yehowa ‘rentumi nni asɛm’ a ɛte saa. Bɛyɛ mfe 400 akyi no, Yehowa kaa n’ankasa ho asɛm sɛ: “Ɔbotan no, n’adeyɛ yɛ pɛ, n’akwan nyinaa teɛ. Ɔyɛ Onyankopɔn nokwafo a nkontomposɛm biara nni n’akwan mu, ɔtreneeni a obu atɛntrenee.”—Deut. 31:19; 32:4.
2. Adɛn nti na yebetumi aka sɛ Yehowa rentumi mmu atɛnkyea?
2 Adɛn nti na Abraham tumi nyaa gyidi sɛ Yehowa bebu atɛntrenee bere nyinaa? Efisɛ Yehowa na ɔyɛ atɛntrenee ne trenee ho nhwɛso a ɛsen biara. Nokwasɛm ne sɛ, wɔ Hebri Kyerɛwnsɛm no mu no, wɔtaa de Hebri nsɛmfua “atɛntrenee” ne “trenee” di dwuma wɔ faako. Sɛ yɛbɛka paa a, nsonsonoe biara nni atɛntrenee ne trenee mu. Esiane sɛ Yehowa yɛ adetrenee bere nyinaa nti, obebu atɛntrenee bere nyinaa nso. Afei nso, sɛnea Yehowa Asɛm no kyerɛ no, Yehowa ‘dɔ trenee ne atɛntrenee.’—Dw. 33:5.
3. Ntɛnkyea a ɛrekɔ so wɔ wiase no mu nnɛ no, ma ɛho nhwɛso.
3 Sɛ nnipa komapafo hu sɛ Yehowa bu atɛntrenee bere nyinaa a, wonya awerɛkyekye. Nea enti a ɛte saa ne sɛ, ntɛnkyea abu so wɔ wiase yi mu. Ɛtɔ da a, wɔyɛ nnipa binom bɔne kɛse. Sɛ nhwɛso no, wobuu nnipa binom ntɛnkyea de wɔn guu afiase. Bere a wogyinaa DNA so san yɛɛ wɔn nsɛm mu nhwehwɛmu no, adanse a wonyae ama wɔagyae wɔn mu binom sɛ ɛnyɛ wɔn na wɔyɛɛ bɔne no. Nanso, na wɔada afiase mfe pii wɔ bɔne a ɛnyɛ wɔn na wɔyɛe ho. Ɛwom sɛ, sɛ wobu obi atɛnkyea de no to afiase a, ɛyɛ ateetee na ɛhyɛ abufuw mpo de, nanso atɛnkyea foforo bi wɔ hɔ a ebetumi ayɛ den paa ama Kristofo sɛ wobegyina ano.
ASAFO NO MU
4. Dɛn na ebetumi asɔ Kristoni bi gyidi ahwɛ?
4 Kristofo hwɛ kwan sɛ wɔn a wonni Kristofo asafo no mu no betumi abu wɔn ntɛnkyea. Nanso, sɛ yehu sɛ biribi a ɛte sɛ atɛnkyea rekɔ so wɔ asafo no mu anaa wɔde asɛm a ɛte saa di yɛn ankasa a, ebetumi asɔ yɛn gyidi ahwɛ. Sɛ wugye di sɛ ntɛnkyea bi rekɔ so wɔ asafo no mu anaa ntɛnkyea bi rekɔ so wɔ wo ne wo yɔnko Kristoni bi nsɛnnii mu a, dɛn na wobɛyɛ? Wobɛma asɛm a ɛte saa ato wo hintidua anaa?
5. Sɛ Kristoni bi hu sɛ ntɛnkyea bi rekɔ so wɔ asafo no mu anaasɛ wobu ɔno ankasa ntɛnkyea a, adɛn nti na ɛnsɛ sɛ ɔma ɛyɛ no nwonwa?
5 Esiane sɛ yɛn nyinaa tɔ sin na yetumi yɛ bɔne nti, yenim sɛ obi betumi abu yɛn atɛnkyea wɔ asafo no mu, anaa yɛn nso yebetumi abu obi atɛnkyea. (1 Yoh. 1:8) Ɛwom sɛ nsɛm a ɛte saa ntaa nsisi wɔ asafo no mu de, nanso sɛ ntɛnkyea bi kɔ so a, ɛnyɛ nokware Kristofo nwonwa anaa wɔmma ɛnto wɔn hintidua. Ɛno nti, Yehowa ama yɛn afotu pa wɔ n’Asɛm no mu na sɛ mpo yɛn mfɛfo gyidifo yɛ yɛn bɔne a, aboa yɛn ama yɛakura yɛn mudi mu.—Dw. 55:12-14.
6, 7. Atɛnkyea bɛn na wobuu onua bi wɔ asafo no mu, na suban bɛn na ɛboaa no ma otumi gyinaa asɛm no ano?
6 Yɛnhwɛ asɛm bi a ɛtoo Onua Willi Diehl. Efi afe 1931 no, Onua Diehl de nokwaredi kɔsomee wɔ Betel wɔ Bern, Switzerland. Afe 1946 no, ɔkɔɔ Gilead Sukuu adesuakuw a ɛto so nwɔtwe no bi wɔ New York, U.S.A. Bere a owiee sukuu no, wɔma ɔkɔyɛɛ ɔmansin sohwɛfo wɔ Switzerland. Onua Diehl kae wɔ n’asetenam nsɛm mu sɛ: “May 1949 no, mebɔɔ baa dwumadibea a ɛwɔ Bern no amanneɛ sɛ merebɛware.” Wunim mmuae a baa dwumadibea a ɛwɔ Bern no de maa no? Wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Daa akwampae adwuma nkutoo na wubetumi ayɛ. Worennya ɔsom hokwan foforo biara.” Onua Diehl kɔɔ so kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Ná wɔmma memma ɔkasa ahorow . . . Ná anuanom pii nso nkyia yɛn bio. Wɔne yɛn dii te sɛ nea wɔatu yɛn afi asafo no mu.”
7 Onua Diehl yɛɛ n’ade sɛn wɔ asɛm no ho? Ɔkae sɛ: “Ná yenim sɛ Kyerɛwnsɛm no nkasa ntia aware. Enti yɛbɔɔ Yehowa mpae, na yɛde yɛn ho too no so.” Awiei koraa no, wɔteɛɛ aware ho adwene a ɛnteɛ a na ebinom wɔ a enti ɛma wobuu atɛnkyea no. Wɔsan de ɔsom hokwan ahorow a na Onua Diehl wɔ no maa no. Yehowa tuaa no ka wɔ nokware a odii no ho.a Momma yemmisa yɛn ho sɛ: ‘Sɛ wobu me atɛnkyea a ɛte saa a, mɛda Onyankopɔn adwene a onua no daa no adi no bi adi anaa? Mɛtɔ me bo ase atwɛn Yehowa, anaasɛ mɛyɛ nea m’ankasa mepɛ?’—Mmeb. 11:2; kenkan Mika 7:7.
8. Adɛn nti na wubetumi adi mfomso anya adwene sɛ wɔabu wo atɛnkyea anaasɛ wɔabu obi foforo atɛnkyea?
8 Wubetumi nso adi mfomso anya adwene sɛ wɔabu wo atɛnkyea, anaasɛ wɔabu asafo no muni bi atɛnkyea. Nea enti a ebetumi aba saa ne sɛ, yɛtɔ sin wɔ sɛnea yesusuw nneɛma ho no ho. Afei nso, ebia na yennim nokware a ɛwɔ asɛm no mu nyinaa. Nanso, sɛ asɛm a asi no na yɛnte ase yiye oo, sɛ nso mfomso na yɛadi wɔ yɛn nsusuwii mu oo, sɛ yɛde asɛm no to Yehowa anim wɔ mpaebɔ mu na yedi Yehowa nokware a, ɛremma yɛn ‘koma nhuru nhyɛ Yehowa’ da.—Kenkan Mmebusɛm 19:3.
9. Nhwɛso bɛn na yebesusuw ho wɔ adesua yi ne nea edi hɔ no mu?
9 Momma yensusuw ntɛnkyea mmiɛnsa bi a ɛkɔɔ so wɔ Yehowa nkurɔfo mu wɔ bere a na wɔrekyerɛw Bible no mu. Adesua yi mu no, yebesusuw Abraham nanankansowa Yosef ho. Yɛbɛsan asusuw amane a ohui wɔ ne nuanom nsam ho. Adesua a edi hɔ mu no, yebesusuw sɛnea Yehowa ne Israel hene Ahab dii ho. Na yɛbɛsan asusuw asɛm a ɛtoo ɔsomafo Petro wɔ Antiokia a ɛwɔ Siria no ho. Bere a yɛresusuw nhwɛso ahorow yi ho no, hwɛ sɛ wubenya asuade bi a ɛbɛboa wo ama wode w’adwene asi Yehowa so anaa. Afei nso, hwɛ sɛ wubenya asuade bi a ɛbɛma woakɔ so akura abusuabɔ a wo ne Yehowa wɔ mu, titiriw, bere a wugye di sɛ wɔabu wo atɛnkyea no.
WOBUU YOSEF NTƐNKYEA
10, 11. (a) Ntɛnkyea bɛn na wobuu Yosef? (b) Bere a na Yosef da afiase no, hokwan bɛn na ebue maa no?
10 Yosef yɛ Yehowa somfo nokwafo a wobuu no ntɛnkyea. Ɛnyɛ nnipa a na Yosef nnim wɔn nkutoo na wobuu no ntɛnkyea. Mmom, nea na ɛyɛ yaw paa ne sɛ, ɔno ankasa ne nuanom nso ne no anni no yiye. Bere a na aka kakra ama Yosef adi mfe aduonu no, ne nuanom kyeree no siei, na wɔtɔn no ma ɔkɔyɛɛ akoa. Wɔhyɛɛ no de no kɔɔ Egypt. (Gen. 37:23-28; 42:21) Akyiri yi, bere a na Yosef wɔ obi man so wɔ Egypt no, wotwaa atoro too no so sɛ anka ɔrekɔto ɔbea bi mmonnaa, na wɔde no too afiase a wɔanni n’asɛm. (Gen. 39:17-20) Amane a ohui wɔ nkoasom mu ne n’afiasenna no nyinaa dii bɛyɛ mfe 13. Sɛ yɛn yɔnko gyidini bi bu yɛn atɛnkyea a, dɛn na yebetumi asua afi Yosef asɛm no mu ama aboa yɛn?
11 Yosef nyaa hokwan kaa n’asɛm kyerɛɛ ne yɔnko deduani bi. Ná anka saa ɔdeduani no yɛ ɔhene no nsahyɛfo panyin. Bere a na Yosef ne nsahyɛfo no nyinaa da afiase no, nsahyɛfo no soo dae bi maa Yosef kyerɛɛ no dae no ase. Yosef kyerɛɛ dae no ase sɛ, wɔbɛsan de nsahyɛfo no dibea ama no wɔ Farao ahemfie hɔ. Bere a Yosef kaa nkyerɛase a onya fii Onyankopɔn hɔ kyerɛɛ nsahyɛfo no, Yosef de hokwan no kyerɛkyerɛɛ n’asɛm mu kyerɛɛ nsahyɛfo no. Ɛnyɛ asɛm a Yosef kae nkutoo na yebetumi asua biribi afi mu, na mmom, yebetumi asua biribi afi asɛm a wanka nso mu.—Gen. 40:5-13.
12, 13. (a) Ɔkwan bɛn so na asɛm a Yosef ka kyerɛɛ nsahyɛfo no ma yehu sɛ Yosef annye ntɛnkyea a wobuu no no antom kɛkɛ a wanyɛ ho hwee? (b) Asɛm bɛn na ɛda adi sɛ Yosef anka wɔ nkɔmmɔ a ɔne nsahyɛfo no bɔe no mu?
12 Kenkan Genesis 40:14, 15. Hyɛ no nsow sɛ, Yosef kaa ɔno ankasa ho asɛm sɛ, ‘wɔkyeree no siei.’ Kasa a wodii kan de kyerɛw Bible no mu no, na nea asɛm no kyerɛ ankasa ne sɛ, “wowiaa no.” Wei ma ɛda adi pefee sɛ wobuu Yosef atɛnkyea. Yosef san kae sɛ onni fɔ wɔ bɔne a wɔkyerɛ sɛ wayɛ a ɛno nti wɔde no ato afiase no ho. Enti ɔsrɛɛ nsahyɛfo no sɛ ɔnka ne ho asɛm nkyerɛ Farao. Adɛn ntia? Yosef de nea na ɔrehwehwɛ no too nsahyɛfo no anim sɛ: “Na yi me fi ofie yi mu.”
13 Asɛm a Yosef kae no kyerɛ sɛ na ɔyɛ obi a wagye asɛm a ato no no atom kɛkɛ a wanyɛ ho hwee anaa? Dabida. Ná Yosef nim paa sɛ wɔabu no ntɛnkyea pii. Ɔkaa nokware a ɛwɔ asɛm no mu pefee kyerɛɛ nsahyɛfo a na obetumi aboa no no. Nanso, hyɛ no nsow sɛ, asɛm biara nni Kyerɛwnsɛm no mu a ɛkyerɛ sɛ Yosef ka kyerɛɛ obi anaa Farao mpo sɛ ne nuanom no na wɔkyeree no siei. Nokwasɛm ne sɛ, bere a Yosef nuanom no kɔɔ Egypt na wɔne Yosef siesiee wɔn ntam no, Farao gyee wɔn ma wɔkɔtenaa Egypt na wonyaa ‘nnepa a ɛwɔ asase no so nyinaa.’—Gen. 45:16-20.
Sɛ yɛkeka nsɛm a ɛmfata a, ebetumi ama asɛm bi atrɛw anaa agye nsam koraa (Hwɛ nkyekyɛm 14)
14. Sɛ wobu yɛn atɛnkyea wɔ asafo no mu a, dɛn na ɛbɛboa yɛn na yɛankeka nsɛm a ɛmfata?
14 Sɛ Kristoni bi gye di sɛ wɔabu no atɛnkyea a, ɛsɛ sɛ ɔhwɛ yiye na wanni asɛm no ho nseku bɔne. Nokwasɛm ne sɛ, sɛ yehu sɛ asafo no muni bi ayɛ bɔne a emu yɛ duru a, ɛfata paa sɛ yɛbɛhwehwɛ mmoa afi asafo mu mpanyimfo no hɔ, na yɛaka bɔne a onua no ayɛ no ho asɛm akyerɛ wɔn. (Lev. 5:1) Nanso, nsɛm pii a ɛmfa bɔne a emu yɛ duru ho de, yebetumi ne yɛn nuanom asiesie yɛn ntam a yɛremmɔ obiara, a asafo mu mpanyimfo no mpo ka ho, amanneɛ. (Kenkan Mateo 5:23, 24; 18:15.) Momma yenni nokware na yɛmfa Bible nnyinasosɛm nsiesie nsɛm a ɛte saa. Wɔ nsɛm bi mu no, yebehu sɛ wommuu yɛn atɛnkyea sɛnea ebia na yɛn adwene yɛ yɛn no. Sɛ ɛba saa a, hwɛ sɛnea yɛn ani begye sɛ yɛansɛe yɛn yɔnko Kristoni bi din amfa ansɛe asɛm a aba no! Momma yɛnkae sɛ, sɛ yɛn asɛm yɛ dɛ oo, sɛ yɛn asɛm nyɛ dɛ oo, sɛ yɛkasa tia afoforo a, ɛremfa mfaso biara mma. Sɛ yedi Yehowa ne yɛn nuanom nokware a, ɛbɛboa yɛn ma yɛrenni mfomso a ɛte saa. Odwontofo no kaa “nea ɔnantew nokwaredi mu” ho asɛm. Ɔkae sɛ: “Ɔmfa ne tɛkrɛma nsɛe nkurɔfo din. Ɔnyɛ ne yɔnko bɔne, na ne mfɛfo nso, ɔmmɔ wɔn ahohora.”—Dw. 15:2, 3; Yak. 3:5.
MMA WO WERƐ MMFI ABUSUABƆ A ƐSEN BIARA A WOWƆ NO
15. Ɔkwan bɛn so na abusuabɔ a na Yosef ne Yehowa wɔ no ma onyaa nhyira?
15 Yebetumi anya asuade titiriw bi afi abusuabɔ a na Yosef ne Yehowa wɔ no mu. Amanehunu a Yosef faa mu mfe 13 no nyinaa mu no, Yosef daa no adi sɛ na ɔwɔ Yehowa adwene wɔ nneɛma ho. (Gen. 45:5-8) Yosef anka da sɛ Yehowa na ama ɔrehu amane. Ɛwom sɛ Yosef werɛ amfi bɔne a na afoforo de ayɛ no no de, nanso wamfa wɔn ho abufuw. Nea ɛsen biara no, wamma afoforo sintɔ ne wɔn nneyɛe bɔne no antetew ɔne Yehowa ntam. Yosef nokwaredi ma onyaa hokwan huu sɛnea Yehowa siesiee ntɛnkyea a afoforo buu no ne sɛnea Yehowa hyiraa ɔne n’abusua no.
16. Sɛ wobu yɛn atɛnkyea wɔ asafo no mu a, adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛbɛn Yehowa kɛse mmom?
16 Saa ara na ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani sɔ abusuabɔ a yɛne Yehowa wɔ no na yɛbɔ ho ban. Ɛnsɛ sɛ yɛma yɛn nuanom sintɔ tetew yɛne Onyankopɔn a yɛdɔ no na yɛsom no no ntam. (Rom. 8:38, 39) Sɛ yɛn nua Kristoni bi bu yɛn atɛnkyea a, momma yensuasua Yosef na yɛmmɛn Yehowa kɛse mmom. Ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden nya Yehowa adwene wɔ nneɛma ho. Sɛ yɛde Kyerɛwnsɛm no mu nnyinasosɛm yɛ nea yebetumi biara sɛ yebesiesie asɛm no a, afei ɛsɛ sɛ yegyae asɛm no ma Yehowa. Sɛ yɛyɛ saa a, yebetumi anya ahotoso sɛ Yehowa besiesie asɛm no wɔ n’ankasa ne bere mu wɔ ɔkwan a ɛfata so.
NYA “ASASE NYINAA TEMMUFO NO” MU AHOTOSO
17. Dɛn na yebetumi ayɛ de akyerɛ sɛ yɛwɔ “asase nyinaa temmufo no” mu ahotoso?
17 Bere tenten a yɛte wiase bɔne yi mu no, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ kwan sɛ afoforo bebu yɛn ntɛnkyea. Ɛwom ara a, wobetumi abu wo anaa obi a wunim no atɛnkyea wɔ asafo no mu. Anaa ɛbɛyɛ wo anaa obi a wunim no sɛ ɛte sɛ nea atɛnkyea bi rekɔ so wɔ asafo no mu. Mma ɛnto wo hintidua. (Dw. 119:165) Mmom no, esiane sɛ yɛyɛ Onyankopɔn asomfo anokwafo nti, yɛkɔ so bata ne ho, na yɛbɔ no mpae hwehwɛ ne mmoa. Bere koro no ara no, yefi ahobrɛase mu gye tom sɛ ebia yennim nokwasɛm a ɛwɔ nea ɛrekɔ so no mu nyinaa. Yenim paa sɛ yɛtɔ sin wɔ sɛnea yesusuw nneɛma ho mu. Enti ebia yɛn adwene na ɛyɛ yɛn sɛ wɔabu yɛn atɛnkyea. Afei nso, ebetumi aba sɛ yennim nokware a ɛwɔ asɛm no mu nyinaa. Sɛnea yehui wɔ Yosef asɛm no mu no, ɛnsɛ sɛ yɛkeka nsɛm a ɛmfata, efisɛ nsɛm a ɛte saa sɛe asɛm no koraa. Sɛ́ anka yɛbɛyɛ nea yɛn ankasa yɛpɛ no, momma yensi yɛn bo nni Yehowa nokware, na yɛntɔ yɛn bo ase ntwɛn mma ɔno ankasa nsiesie asɛm no. Sɛ yɛyɛ saa a, sɛnea Yosef nyaa Yehowa anim dom ne ne nhyira no, yɛn nso yebenya bi. Nokwasɛm ne sɛ, yebetumi anya ahotoso sɛ Yehowa a ɔyɛ “asase nyinaa temmufo no” bɛyɛ nea ɛteɛ bere nyinaa, efisɛ “n’akwan nyinaa teɛ.”—Gen. 18:25; Deut. 32:4.
18. Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua a edi hɔ no mu?
18 Adesua a edi hɔ mu no, yebesusuw ntɛnkyea foforo mmienu a ɛkɔɔ so wɔ Yehowa nkurɔfo mu ho. Ntɛnkyea yi kɔɔ so bere a na wɔrekyerɛw Bible no. Sɛ yesusuw saa nsɛm no ho a, ɛbɛboa yɛn ama yɛahu sɛ, sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase, na yeyi yɛn yam de bɔne firi a, ɛbɛma yɛanya atɛntrenee ho adwene a Yehowa wɔ no bi.
a Hwɛ Willi Diehl asetenam nsɛm wɔ November 1, 1991, Ɔwɛn-Aban no mu. Asɛmti no ne “Yehowa ne Me Nyankopɔn a Mede Me Ho Mɛto No So.”