Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 4/80 kr. 1-4
  • Wote Ase Ma Dɛn?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wote Ase Ma Dɛn?
  • Yɛn Ahenni Som—1980
Yɛn Ahenni Som—1980
km 4/80 kr. 1-4

Wote Ase Ma Dɛn?

1 Wote ase ma Satan nhyehyɛe a ɛrekɔ fam yi anaa wote ase ma Yehowa trenee nhyehyɛe foforo no? Ka a yɛbɛka sɛ yɛte ase ma Onyankopɔn nhyehyɛe foforo no ne yɛn asetra a yɛbɛma akyerɛ sɛ yɛrehwɛ nhyehyɛe foforo no kwan ampa no yɛ soronko koraa.

2 Nnipa pii a wɔwɔ Satan wiase no mu fam no, wobetumi aka sɛ ahohwibɔ yɛ ade a aba so. Wɔde ahohwibɔ gye wɔn ani nnɛ a wonsusuw daakye anaa wɔn gyinabea wɔ Onyankopɔn anim ho koraa. Nanso wo de, ɛsɛ sɛ wokae sɛ yɛn nyinaa bebu akontaa akyerɛ Yehowa a ɔyɛ nkwa Mafo no. Ɔkyerɛwfo bi a honhom kaa no kyerɛe sɛ: “Yɛn nyinaa bebubu yɛn ho akontaa mmiako mmiako akyerɛ Onyankopɔn.”​—Rom. 14:12.

3 Wote ase ma dɛn? Bere a Mose wɔ Misraim no wampɛ sɛ ɔbɛte “bɔne mu dɛw bere tiaa” mpo. (Heb. 11:25) Aberante Yosef “guanee” na wamma sɔhwɛ a ohyiae sɛ ɔne ne wura yere bɛbɔ aguaman no anni no so nkonim. (Gen. 39:12) Nhwɛso pa bɛn ara na yɛwɔ wɔ tete nnipa anokwafo yi mu! Wɔnam wɔn ankasa abrabɔ so tew Onyankopɔn din ho, na wɔde kyerɛɛ nea na wɔte ase ma. So ɛno na wote ase ma?​—1 Tes. 4:3-7.

4 So wuhu nyansa a ɛwom sɛ wubebu bra a ɛho tew? Hwɛ asomdwoe, ahonim pa ne abotɔyam a eyi ma wunya bere a wunim sɛ woreyɛ Yehowa apɛde. Nanso, hwɛ wiase. Nyinsɛn a wɔmpɛ ho hu ne nyarewa te sɛ babaso ho hu haw wɔn, na nsɛm tebea horow ma ‘wɔde ahoɔhare ware na afei wonu wɔn ho.’ Ebinom fam no, abrabɔ bɔne amma wɔanwie sukuu. Ebinom abɔ mmɔden sɛ wobetu yafunu agu ma ɛde haw kɛse aba wɔn so anaasɛ wɔde wɔn nkwa atua ka. Hwɛ awerɛhow ara a ɛyɛ! So ɛno na wopɛ? Hwɛ asomdwoe ne ahotɔ ara a yɛwɔ wɔ Yehowa ahyehyɛde mu!

5 Ɛyɛ yɛn yaw sɛ yehu sɛ wotuu nnipa 451 ɔman yi mu wɔ 1978 ne 1979 ɔsom afe no mu. (Hwɛ Yɛn Ahenni Som, January 1980, asɛmti “Munsua Onyankopɔn” ase hɔ.) Eyi yɛ wɔn a wotuu wɔn ɔsom afe a edii eyi anim no mu no mmɔho, na aguamammɔ anaa awaresɛe nti na wotuu dodow no ara. Na wɔkaa pii nso anim wɔ nnebɔne a ɛtete saa a emu yɛ duru ho. Sɛnea ɛbɛyɛ na woankɔtɔ amoa koro no ara mu te sɛ eyinom a na ɛsɛ sɛ wɔteɛ wɔn so wɔ afe a etwaam no mu no, pɛɛpɛɛ wo ho mu hwɛ. So w’ani gye mmarima anaa mmea fekubɔ ho? Sɛ wo ne ɔbarima anaa ɔbea wɔ dan mu a obiara nka mo ho a, ɛbɛyɛ nea nyansa wom sɛ mobuebue apon ne mfɛnsere no nyinaa gu hɔ anaasɛ motra baabi a afoforo betumi ahu mo. Kristo asɛm a ɛwɔ Mateo 5:28 no yɛ nea ɛsɛ sɛ awarefo ne ahokwafo nyinaa susuw ho. Sɛ wo ne ɔbea anaa ɔbarima nam a, so mo ani gye sɛ mode mo nsa bɛtoto mo kɔn mu anaa moasuso mo ho mu, aka sɛ dodow a mommɔ aguaman anaa monsɛe aware no de ɛnyɛ hwee anaa? So agodi ara kwa nti na wo ne ɔbarima anaa ɔbea nantew, anaa so aware ho adwene na wode yɛ saa ma woresiesie wo ho ama eyi? So wokenkan nhoma horow a ɛka nneyɛe a ɛmfata a ɛkɔ so wɔ mmarima ne mmea ntam ho asɛm anigye so anaa wohwɛ sini a ɛhyɛ abrabɔ bɔne ne aguamammɔ ho nkuran? So w’ani gye kasa fĩ ho?—Efe. 5:3, 4.

6 Na sɛ muhyia a moregye mo ani nso ɛ? Wɔ wiase no nea nkurɔfo taa yɛ ne sɛ wodidi na wɔnom nsa ma ɛtra so. Afei nso, nnwom a wɔbɔ no kanyan akɔnnɔ, asaw no nso twetwe adwene, na wɔmpɔn ntɛm. Nhyiam a edi akyiri a moyɛ de gyee mo ani no te dɛn wɔ eyi fam. So eyi na wote ase ma? Na eye sɛ yehu sɛ awosu mu nkate a ɛwɔ ɔbarima ne ɔbea ntam no mu yɛ den, na yɛn mu biara nni hɔ a ne ho yɛ den araa ma obetumi abɛn asiane a hwee remma no so.​—Mmeb. 6:27, 28; 1 Kor. 6:9-11; 9:25-27.

7 Sɛ wopɛ sɛ wokɔ Onyankopɔn nhyehyɛe foforo no mu na wunya ne bɔhyɛ ahorow a ɛsom bo no mu anigye ampa a, ɛnde so nyansa wom sɛ woma eyi nyinaa bɔ wo esiane bere tiaa mu anigye a ɛmfata a wubenya nti anaa? Nea ɛyɛ awerɛhow no, ebinom ayɛ saa! Nanso ɛnyɛ ɛno na Yehowa somfo nokwafo hwehwɛ (Heb. 12:16, 17) Enti, mia w’ani na kura abrabɔ a ɛho tew mu. Sɛ anka wode nneɛma a ɛho ntew bɛhyɛ w’adwenem no, fa w’adwene kɔ kokoam adesua, asɛnka adwuma ne wo ne Onyankopɔn nkurɔfo fekubɔ a ɛho tew so. Wonam eyi so bɛkyerɛ sɛ woretra ase ama Onyankopɔn nhyehyɛe foforo a abɛn no. Biribiara nni hɔ a eye sen eyi ma yɛn a yɛyɛ Onyankopɔn nkurɔfo, na Yɛn Ahenni Som ahorow a ɛbɛba akyiri yi bɛka abrabɔ ho nsɛm a emu yɛ den nnɛ ne ɔkwan a yebetumi afa so adi so nkonim wɔ Yehowa tumi mu no ho asɛm.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena