Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 4/80 kr. 2
  • Nhyiam Horow A Ɛbɛboa Yɛn Ma Yɛayɛ Asuafo

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nhyiam Horow A Ɛbɛboa Yɛn Ma Yɛayɛ Asuafo
  • Yɛn Ahenni Som—1980
  • Nsɛmti Nketewa
  • DAPƐN A EFI ASE APRIL 6
  • DAPƐN A EFI ASE APRIL 13
  • DAPƐN A EFI ASE APRIL 20
  • DAPƐN A EFI ASE APRIL 27
Yɛn Ahenni Som—1980
km 4/80 kr. 2

Nhyiam Horow A Ɛbɛboa Yɛn Ma Yɛayɛ Asuafo

DAPƐN A EFI ASE APRIL 6

5 min Dwom 84 ne asafo mu nkaebɔ ahorow.

20 min: “Monhyɛ Akode no Nyinaa​—Mprempren.” Kenkan Efesofo 6:10-17 fa fi ase. Ma wɔn nyinaa mmue eyi wɔ wɔn Bible mu. Ma wɔnkenkan nkyekyem biara na bisabisa ɛho nsɛm a ɛfata.

14 min: “Asɛmpa a Wɔbɛka Akyerɛ​—Denam Ɔwɛn-Aban Kra So.” Ma adawurubɔfo bi nni kan nhwehwɛ nsɛmma nhoma no mu nsɛm pɔtee na wɔnkyerɛ sɛnea wɔde bedi dwuma. Yɛ asɛnka a ɛfata ma mo asasesin mu dwumadi ho ɔyɛkyerɛ. Fa daa kwampaefo anaa kwampaefo boafo di dwuma sɛ mowɔ bi a.

16 min: Nkaebɔ Ahorow mu nsɛm a ɛfata; ne asafo mu nkaebɔ. Ka Teokrase Sukuu Dwumadi Nhyehyɛe ma 1980 ho asɛm. Eyi mu no si sɛnea wobedi Commentary on James ho dwuma so dua. (Momfa mma sukuu sohwɛfo.)

5 min Dwom 6 ne mpaebɔ.

DAPƐN A EFI ASE APRIL 13

5 min Dwom 22 ne asafo mu nkaebɔ.

15 min: Akwankyerɛ a Yesu De Mae wɔ Asɛnka Adwuma no Ho. Asɛnka adwuma sohwɛfo ka Mateo ti 10 nkyekyem ahorow bi ho asɛm na ɔde toto asafo no asasesin mu dwumadi ho, Ma atiefo nkenkan nkyekyem ahorow na fa nsemmisa so di ho dwuma. Nky. 5, 6: Asasesin kyekyɛ. Nky. 7: Asɛnka asɛmti. Nky. 11-14: Hwehwɛ wɔn a wɔfata; susuw wɔn ho mpaebɔ mu: kyia ofiewura; nsɛe bere ne ɔsɔretiafo nnye akyinye; mma ɔsɔretiafo nnsɛe asomdwoe ne anigye a wowɔ. Nky. 16: Yɛn abrabɔ ne yɛn suban wɔ wiase ho. Nky. 17-20: Hwɛ ɔsɔretia ne ɔtaa kwan: nya Yehowa mu ahotoso ne awerɛhyem. Nky. 24-28: Nea enti a ɔsɔretia ba; ma wo kanea nhyerɛn na yi ehu fi hɔ. Nky. 40-42: Hu hokwan a yɛwɔ sɛ yɛbɛma nkurɔfo ate Ahenni ho asɛm na wɔayɛ ho biribi. Fa asafo no mu asɛnka adwuma nhyehyɛe ho nsɛm wie. Hyɛ obiara nkuran ma onnya Yehowa akwankyerɛ mu gyidi, na onnya asɛnka adwuma no mu anigye dapɛn yi.

10 min: Mpanyimfo betumi ayɛ ɔfa yi ho nhyehyɛe, anaasɛ wɔama ɔkasa a egyina asɛmti “Bible Nkyerɛase Horow, So Nea Wode Di Dwuma no Fa Ho?” a ɛwɔ August 15, 1975, Engiresi Ɔwɛn-Aban mu. nkratafa 13-16 so.

25 min: Asɛm “Wote Ase ma Dɛn?” ho nsemmisa ne mmuae. Ɛsɛ sɛ wodi kan kenkan nkyekyem horow no na afei wɔne asafo no bɔ nkyekyem horow no ho nkɔmmɔ mmiako mmiako. Ɔpanyin bedi ho dwuma.

5 min: Dwom 30 ne mpaebɔ.

DAPƐN A EFI ASE APRIL 20

10 min: Nnianim asɛm, dwom 72, asafo mu nkaebɔ ahorow ne sika nkontaabu amanneɛbɔ.

15 min: “Ɛsɛ sɛ Mususuw Nnipa a Wɔanyinyin Ho?” Nsemmisa ne mmuae. Ma atiefo nkenkan kyerɛw nsɛm ahorow na wɔnkyerɛkyerɛ mu. Ɛsɛ sɛ wodi ho dwuma ɔhyew so ma ɛhyɛ nkuran.

15 min: “Munsua Wɔn Gyidi.” (Heb. 13:7) Nkɔmmɔbɔ. Ma anuanom kakra a wɔn mfe akɔ anim mmra asɛnka agua so, anaa wobetumi de wɔn a wɔde mfe pii asom nokwaredi mu adi dwuma. Ɛsɛ sɛ wodi kan bobɔ nsemmisa ne nkyerɛkyerɛmu.ahorow no so hwɛ, na wosi nokwaredi mu nhyira horow ne Yehowa papayɛ so dua. Ɛdenam nsemmisa pɔtee so no, oguamtrani bɛma osuahu a nnipa nkorɛnkorɛ anya ada adi ma ahyɛ asafo no nkuran. Kamfo wɔn a wɔn mfe akɔ anim no wɔ nhwɛso fɛfɛ a wɔayɛ no ho. Si so dua sɛ nea wotumi yɛ biara sɔ Onyankopɔn ani, ɛwom sɛ ebia wɔn nsɛm tebea bɛma nea wotumi ayɛ no so atew kɛse de. Fa nnyinasosɛm a ɛda adi wɔ Marko 12:41-44 di dwuma, na hyɛ obiara nkuran ma onni wɔn nhwɛso pa akyi.

15 min: Hyɛ afie afie adansedi ho nkuran. Asɛnka adwuma sohwɛfo bedi ɔfã yi ho dwuma aka asɛnka adwuma nhyehyɛe horow ho asɛm. Susuw nsɛm a emu yɛ den a ɛtaa sɔre afe no mu saa bere yi wɔ mo asasesin mu ne nea wobetumi ayɛ de adi ho dwuma ma ayɛ yiye no ho. Ma anuanom nsiesie wɔn ho sɛ wɔbɛkyerɛ sɛnea wodi anoyi ahorow te sɛ “Minni adagyew.” “Merekɔ gua so,” “Mereyɛ aduan,” ne ade ho dwuma. Si hia a anifereyɛ ne nhumu ho hia so dua. Kyerɛ sɛnea wobetumi adi adanse bere a ofiewura nni adagyew denam nsɛmma nhoma abien anaa nhoma a wode bɛma tiaa na woahyɛ bɔ sɛ wobɛsan akɔ wɔn nkyɛn bio ne wɔn akɔbɔ nhoma no ho nkɔmmɔ bere pa mu no so. Ebinom tumi yɛ saa denam asɛm a kyerɛwsɛm biako betumi abua a wobisa so. Sɛ ofiewura no ani gye ho a, wobetumi de mmuae no ama saa bere no. Ɛnte saa a mubetumi ayɛ sankɔhwɛ ho nhyehyɛe. Yɛ nyansahyɛ ahorow abien a ɛwɔ soro ha no biako ho ɔyɛkyerɛ. Si hia a Kristofo anidahɔ ne nhumu ho hia so dua.

5 min: Dwom 38 ne mpaebɔ.

DAPƐN A EFI ASE APRIL 27

5 min Dwom 116 ne asafo mu nkaebɔ ahorow.

15 min: “Ɔkwan a Menam so Huu Nokware No.” Osuahu ahorow. Ɔpanyin ne nnipa baasa anaa mmusua abiɛsa bɔ nkɔmmɔ. Ɛbɛyɛ papa sɛ wɔn a wɔne wɔn kasa no mma nea wɔka no nyɛ te sɛ nea wɔasua agu wɔn tirim anaasɛ wɔrekenkan. Ɔpanyin betumi afa nyansa kwan so abisabisa nsɛm ma ada nsɛm pii adi, sɛ ebia bere a onii dii kan tee nokware no ho asɛm, sɛnea ohyiaa onii no, nea na anka ogye di, nsɛm a emu yɛ den a ohyiae, ne ade. Boa anuanom ma wonhu wɔn ho wɔn ho na wonnya anisɔ kɛse mma wɔn ho wɔn ho.

20 min: “Aware Nhyehyɛe a ɛhyɛ Onyankopɔn Anuonyam.” Mpanyimfo, awofo ne mmerante ne mmabaa bi hyiam asɛnka agua so bɔ asɛm ho nkɔmmɔ, denam asɛm yi mu nsentitiriw ho nsemmisa a ɛfata so.

15 min:: Ti nsɛntitiriw a yɛasua wɔ April Yɛn Ahenni Som mu mu denam nsemmisa ahorow yi ne afoforo a ɛbɛfata mo asafo no so: (1) Ma wɔnkenkan Efesofo 6:10-17 na bisa sɛ: “Wode saa afotu yi adi dwuma wɔ w’asetra mu dɛn?” (2) Awofo, akwan horow a ɛho wɔ mfaso bɛn na monam so de Bible Stories nhoma no di dwuma de kyerɛkyerɛ mo mma? (3) Mmofra, Bible Stories nhoma no aboa mo dɛn? (4) Adwene bɛn na ɛsɛ sɛ wɔn a wɔn mfe akɔ anim a wɔwɔ asafo no mu no nya wɔ ɔsom a wɔde ma Yehowa no ho, bere a kakraa bi pɛ mpo na wotumi yɛ esiane nipadua mu mmerɛwyɛ ahorow a mpanyinyɛ de ba nti no? (Luka 21:1-4) (5) Ka nneɛma a woayɛ anaa wubetumi ayɛ de ahyɛ wɔn a wɔn mfe akɔ anim wɔ asafo no mu nkuran anaa wode aboa wɔn ho asɛm. (6) Asɛnka bɛn na w’ani agye ho wɔ nsɛmma nhomakra dwumadi no mu.

5 min: Dwom 77 ne mpaebɔ.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena