Asɛmpa A Wɔbɛka Akyerɛ—Denam Sankɔhwɛ Yɛ So
1 Bere a wodi Owura no nhwɛso akyi no, asomafo no ne tete Kristofo san kɔhwɛɛ nnipa a wɔkyerɛ asɛm no ho anigye. Enti wɔkae wɔ ɔsomafo Paulo ne ne mfɛfo adwumayɛfo no ho sɛ: “Nna bi twaam no, Paulo ka kyerɛɛ Barnaba sɛ: Ma yɛnsan nkɔhwɛ anuanom no, nkurow a yɛaka Awurade asɛm no hɔ nyinaa mu, nkɔhwɛ sɛnea wɔte.”—Aso. 15:6.
2 Ɛnnɛ, Ahenni asɛnka ne asuafoyɛ adwuma no wɔ hɔ ma yɛn. Yɛrentumi mma nkurɔfo mmɛyɛ asuafo denam asɛm a yɛbɛka akyerɛ wɔn pɛnkoro so. Bere a yɛnam asɛnka so adua Ahenni aba no, ɛsɛ sɛ yɛsan de nsu kogugu so na yeyiyi ho. (1 Kor. 3:6) Eyi hwehwɛ sɛ yɛsan kɔ wɔn a yɛkaa asɛmpa no kyerɛɛ wɔn nyinaa nkyɛn, titiriw wɔn a wɔkyerɛɛ anigye no. Ɛho atirimpɔw ne sɛ yɛde bi bɛka nea wɔate no ho na yɛahyɛ wɔn nkuran ma wɔde adi dwuma.
3 Ɔkwan bɛn so na yebetumi ayɛ eyi ma atu mpɔw? Nea edi kan no, ɛsɛ sɛ yenya asasesin a yɛbɛka mu asɛm. Afei bere a yɛde asɛmpa no akɔ saa asasesin no mufo nkyɛn akyi no, ɛsɛ sɛ yɛyɛ wɔn a yɛtoo wɔn ne wɔn a yɛanto wɔn wɔ fie no ho kyerɛwtohɔ. Ɛsɛ sɛ yɛsan kokanyan wɔn a yɛtoo wɔn no anigye na yɛbɔ mmɔden sɛ yebehu wɔn a yɔanto wɔn bere a yɛkɔɔ hɔ no. Saa kwan yi so no, yɛbɛma wɔn a wɔwɔ asasesin no mu nyinaa anya asɛmpa no a wɔbɛte ho kwan na wɔapaw sɛ wɔbɛyɛ Yesu Kristo asuafo.
4 Owura no ne tete Kristofo no nhwɛso akyidi mu no, so yɛwɔ asasesin a yɛyɛ mu adwuma? So woyɛ w’asasesin mu adwuma yiye ma wokasa kyerɛ obiara? (Luka 9:6; Aso. 8:40) So woyɛ kyerɛwtohɔ na aboa wo ma woasan akɔ wɔn a wuhyiaa wɔn ne wɔn a woanto wɔn wɔ fie nkyɛn anaa? Sɛ wosan kɔsra wɔn a wo ne wɔn abɔ nkɔmmɔ a, ɔkwan bɛn so na wonam kanyan wɔn anigye bio wɔ asɛm no mu?
5 Sɛ wuhu sɛ wotɔ sin wɔ nsɛm a ɛwɔ atifi ha no bi mu a, ɛbɛyɛ papa sɛ wuhu mpanyimfo a wɔwɔ mo asafo no mu no na wohwehwɛ mmoa na wo dwumadi wɔ Ahenni asɛnka ne asuafoyɛ adwuma no mu no ho aba w’asasesin no mufo, asafo a wowɔ mu no ne w’ankasa mfaso. Bɔ mmɔden sɛ wobɛma asɛmpa a woka kyerɛ no atu mpɔw denam sankɔhwɛ a woyɛ so.