Asemmisa Afã
● So eye sɛ anuanom hyiam gye wɔn ani ansa na wɔakɔ Kristo wu Nkaedi no ase anaasɛ bere a wɔapɔn?
Kristofo betumi ahyiam da biara ne bere biara. Nokwarem no, wotu yɛn fo sɛ yɛnyɛ saa. (Heb. 10:24, 25) Nhyiam horow a ɛtete sɛɛ ase no ɛsɛ sɛ yɛma ɛtra yɛn adwene mu sɛ yɛbɛyɛ ade nyinaa de ahyɛ Onyankopɔn anuonyam. (1 Kor. 10:31) Ɛsɛ sɛ biribiara a wɔyɛ wɔ nhyiam a ɛtete sɛɛ ase no hyɛ wɔn a wɔwɔ hɔ no den honhom mu.—Rom. 14:19, 20.
Sɛ́ eye anaa enye sɛ obi ne afoforo hyiam gye wɔn ani ansa na wɔakɔ Nkaedi no anaa bere a wɔapɔn no yɛ ade a ɛsɛ sɛ onii si ho gyinae. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ wohyiam gye wɔn ani saa da no? Dɛn ne adwene a ɛhyɛ akyi? Egyina kyerɛwsɛm mu nnyinasosɛm bɛn so? Dwuma bɛn na edi? Eyinom yɛ nsemmisa a ebetumi aboa obi ma wasi gyinae sɛ ebia ɔbɛkɔ anaa ɔrenkɔ. Nokwarem no, asomafo no nna no mu no, wɔyɛɛ nhyiam ahorow de gyee wɔn ani, na ɛho hiae sɛ asomafo no ne afoforo kyerɛw de afotu ma ebinom esiane ɔhonam nnwuma a wɔdaa no adi wɔ hɔ no nti. (Yɛsrɛ wo kenkan 1 Korintofo 11:17-22) Nhyiam a ɛtete sɛɛ a na wɔyɛ de gye wɔn ani no haw biakoyɛ ne ɔdɔ a na ɛsɛ sɛ ɛtra hɔ no efisɛ na wotwa ebinom gya. Ebinom nso yɛɛ nneɛma a ɛmfata wɔ nhyiam a ɛtete saa ase.—1 Pet. 2:16; 2 Pet. 2:13: Yuda 12, 13.
Na, sɛ Kristofo hyiam didi, nom na wɔbɔ nnwom a wonsusuw nnwom a wɔbɔ no ho anaa ɛnyɛ nea wɔde hyɛ wɔn ho wɔn ho den honhom mu a, ɛnde na nsonoe bɛn na ɛda eyi ne wiasefo de ntam? Din biara a ebinom de bɛfrɛ eyi sɛnea ɛbɛyɛ na ayɛ sɛ nea nidi wɔ ho biara nka hwee. (Hwɛ Ɔwɛn-Aban, March 1, 1978, nkratafa 5 kosi 8.) Enti, sɛ nhyiam a anuanom Kristofo yɛ de gye wɔn ani bɛyɛ nea ɛho wɔ mfaso a, ɛsɛ sɛ woyi wiasefo nneyɛe horow nyinaa fi mu.—Rom. 14:13-18.