Nhyiam Horow A Ɛbɛboa Yɛn Ma Yɛayɛ Asuafo
DAPƐN A EFI ASE OCTOBER 3
Dwom 11
8 min: Asafo mu ne Yɛn Ahenni Som mu nkaebɔ ahorow. Hyɛ obiara nkuran ma onnya asɛnka adwuma mu kyɛfa dapɛn yi awiei, titiriw nsɛmma nhoma dwumadi wɔ ɔsram no Memeneda a ɛto so abien no. Kyerɛ dwumadi nhyehyɛe no tiaa.
15 min: Hena na Obetumi Anya Asɛnka Adwuma mu Kyɛfa? Ɔkasa a ɔsom adwuma sohwɛfo ma, a atiefo nkɔmmɔbɔ ka ho wɔ Nhyehyɛe nhoma no nkratafa 128-130 ho dwumadi mu. Ka nnansa yi ɔmantam ne asafo ɔsom adwuma nkontaabu ho asɛm.
22 min: “Kamfo Onyankopɔn Asɛm no Kyerɛ Nokwaredi Mu.” Nsemmisa ne mmuae dwumadi, ne atiefo nkɔmmɔbɔ a ɛfa ɔkwan a wobetumi afa so de nhoma ama ofiewuranom ma atu mpɔn kɛse wɔ asasesin no mu ho. Afei, yɛ ɔyɛkyerɛ tiaa wɔ Bible a wɔde ma ho. Sɛ bere ma kwan a, wubetumi ayɛ ɔyɛkyerɛ a ɛto so abien de nhomawa akyerɛ.
Dwom 25 ne mpaebɔ.
DAPƐN A EFI ASE OCTOBER 10
Dwom 11
10 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow ne sika nkontaabu amanneɛbɔ. Fa asafo ɔsom adwuma nkontaabu ma September ho nsɛm ka ho.
18 min: “Ma Ahenni Nni Kan wɔ Akwamma mu Dwumadi Ahorow Ho Nhyehyɛe Yɛ Mu.” Atiefo nkɔmmɔbɔ. Bisabisa adawurubɔfo ahorow anaa mmusua, a adawurubɔfo nkumaa ka ho, nsɛm na hwɛ sɛnea wɔyɛ honhom mu dwumadi ahorow ho nhyehyɛe wɔ akwamma bere mu. Afei nso, ka hokwan ahorow a ɛwɔ hɔ ma bɔnnɔ so adansedi bere a obi kɔ akwamma ho asɛm.
17 min: Fa saa bere yi di biribi a ɛho hia ho dwuma, anaa ma ɔkasa a egyina May 1, 1982, Engiresi Ɔwɛn-Aban mu asɛm “Fa Wo Nneɛma a Ɛsom Bo Hyɛ Yehowa Anuonyam” so.
Dwom 81 ne mpaebɔ.
DAPƐN A EFI ASE OCTOBER 17
Dwom 36
10 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow. Afei nso ka Asemmisa Afã mu nsɛm.
20 min: “Adwuma a Yɛbɛbom Ayɛ Wɔ Biakoyɛ Mu.” Asɛm no ho nkɔmmɔ a wɔne atiefo bɔ. Ma adawurubɔfo nkyerɛ sɛnea Bible mu nnyinasosɛm a wɔde di dwuma aboa wɔn ma wotumi ne adawurubɔfo afoforo bɔ yiye na wɔne wɔn yɛ adwuma:
15 min: Ɔkasa a ɔpanyin ma de di Nhyehyɛe nhoma no nkratata 151 kosi 153 mu nsɛm ho dwuma. Fa kyerɛw nsɛm a ɛwom ho nkɔmmɔbɔ ka ho sɛnea bere ma kwan. Kyerɛ hia a ehia sɛ yesi ɔdɔ a anuanom benya ama wɔn ho wɔn ho so dua bere a saa su yi ano rebrɛ ase wɔ nhyehyɛe dedaw yi mu no.
Dwom 85 ne mpaebɔ.
DAPƐN A EFI ASE OCTOBER 24
Dwom 73
8 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow.
15 min: “Mmofra Bisa Sɛ . . . W’anim a Wobɛkɔ—So Nea Ɛwɔ Asetra Mu Nyinaa Nen?” Di February 22, 1982 Engiresi Nyan! (Twi October 1982) mu asɛm yi ho dwuma denam atiefo nkɔmmɔbɔ so. Kyerɛ sɛnea yebetumi de saa nsɛm a wɔasiesie ama mmofra yi adi dwuma wɔ nsɛmma nhoma kyekyɛ mu.
15 min: “Asɛm a a Wɔbɛka Akyerɛ—Sɛ́ Mmofra a Wɔatete Wɔn Yiye.” Nsemmisa ne mmuae. Ma ɔwofo ne ɔdawurubɔfo kumaa nyɛ ɔyɛkyerɛ mfa nkyerɛ sɛnea wobetumi de ntetee ama sɛnea wɔahyɛ ho nyansa wɔ nkyekyem 5 ne 7 no.
7 min: Osuahu ahorow a efi mmofra a wɔyɛ nhwɛso pa nkyɛn, a ɛkyerɛ sɛnea wofii asɛnka adwuma ase. Na hyɛ obiara nkuran, mmofra ne mpanyin, ma wonnya asɛnka adwuma mu kyɛfa dapɛn yi awiei.
Dwom 88 ne mpaebɔ.
DAPƐN A EFI ASE OCTOBER 31
Dwom 55
10 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow. Fa nhyehyɛe ma Kwasida a edi kan wɔ November mu ka ho. Kae asafo sɛ yɛbɛkɔ so de New World Translation ne Ahonhom a Aniwa Nhu Wɔn nhomawa ama, enti ɛsɛ sɛ nsa ka bi.
17 min: Mpanyimfo betumi ayɛ ɔfã yi ho nhyehyɛe, anaasɛ wobetumi ama ɔkasa a egyina asɛm “Mmofra Bisa Sɛ . . . Nokwaredi—So Ɛyɛ Su a Ɛho Wɔ Mfaso Ampa?” a ɛwɔ May 8, 1982 Engiresi Nyan! mu so.
18 min: Ɔkra Nyinaa a Wɔde Som Yehowa. Nhyehyɛe nhoma, nkratafa 126 kosi 128. Wo ne atiefo mmɔ ho nkɔmmɔ. Fa nsɛntitiriw a ɛfata a efi nkratafa 130, 131, 135 ne 136 hyɛ akwampaefo boafo ne daa akwampae adwuma ho nkuran.
Dwom 105 ne mpaebɔ.