Nkaebɔ Ahorow
● Nhoma a yɛde bɛma July mu: “Let Your Kingdom Come” de agye ¢5. August: Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm, ¢20. September: Nokware a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu, ¢5. October ne November: New World Translation ne Ahonhom a Aniwa Nhu Wɔn nhomawa, de agye ¢26. December ne January: Ɔwɛn-Aban anaa Nyan! mu biako anaa n’abien nyinaa a yɛbɛma wɔakra.
● Hwɛ sɛ wobɛkora wo Ɔmantam Nhyiam kratasin a wɔde bɔ koko so no so na wode adi dwuma wɔ ɔmansin nhyiam horow abien a edi hɔ no ase.
● Efi saa bere yi rekɔ no wɔkamfo kyerɛ sɛ “Kingdom, Come” nhoma no ne Nokware nhoma no ne nhoma abien a ɛsɛ sɛ yɛne nnipa afoforo a wɔwɔ asɛm no ho anigye nyinaa sua. Ɛsɛ sɛ adesua no kɔ so bere a wɔagye asubɔ akyi no nyinaa kosi sɛ wobewie nhoma abien no sua.