Nhyiam Horow A Ɛbɛboa Yɛn Ma Yɛayɛ Asuafo
DAPƐN A EFI ASE JULY 4
Dwom 103
10 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow. Hyɛ obiara nkuran anigye so ma wonnya “Let Your Kingdom Come” nhoma foforo a yɛde bedi dwuma July mu no mu kyɛfa.
20 min: “Ka Ahenni Anidaso no Kyerɛ Afoforo.” Nsemmisa ne mmuae. Wɔ nkyekyem 4 no, bisa atiefo sɛnea wobefi Nkɔmmɔbɔ Asɛmti no so akɔ “Kingdom Come” nhoma no ti a edi kan no so. Nkyekyem 5 ne 6 ho nkɔmmɔbɔ akyi no, yɛ ɔyɛkyerɛ tiaa fa kyerɛ sɛnea wɔde nnaka a ɛwɔ nkratafa 11 ne 25, anaa mmeae afoforo no bedi dwuma.
15 min: Ɔkasa ne atiefo nkɔmmɔbɔ wɔ asɛm “Nnɛyi Kasa Horow a Wɔka—Efi Nyankopɔn?” a ɛwɔ February 1, 1982 mu ho. Fa asɛm no toto asasesin no mu tebea horow ho ne sɛnea yebetumi adi kasa horow gyidi a sunsunsɔre ahorow kyerɛkyerɛ nnɛ no ho dwuma.
Dwom 80 ne mpaebɔ.
DAPƐN A EFI ASE JULY 11
Dwom 25
8 min: Asafo mu ne Yɛn Ahenni Som mu nkaebɔ ahorow.
25 min: “Asɛmpa a Wɔbɛka Akyerɛ—Denam Adesua Horow a Wobefi Ase wɔ ‘Kingdom Come’ Nhoma Mu So.” Kenkan nkyekyem 2 kosi 5 na wo ne atiefo mmɔ ho nkɔmmɔ, na si nnianim nsɛm ahorow a emu da hɔ na ɛyɛ tee so dua. Fa ɔyɛkyerɛ ahorow a wɔasiesie no yiye ka ho. Hyɛ anuanom nkuran ma womfi adesua horow ase denam “Kingdom Come” nhoma no mmoa so.
12 min: Osuahu ahorow a anuanom anya de besi saa bere yi wɔ dwuma a wɔde “Kingdom Come” nhoma no di no mu. Nkurɔfo te nka dɛn wɔ ho wɔ asasesin no mu? So ebinom afi ofie Bible adesua ase wɔ mu?
Dwom 27 ne mpaebɔ.
DAPƐN A EFI ASE JULY 18
Dwom 38
10 min: Nkaebɔ ahorow ne sika nkontaabu amanneɛbɔ. Fa asɛmpatrɛwfo a wobetu kwan akɔ Aburokyiri nhyiam. horow ho ntoboa ho amanneɛbɔ ka ho.
20 min: “Kristofo Ayamye a Yɛbɛda no Adi.”.Ɔkasa ne atiefo nkɔmmɔbɔ. Ma wɔnkenkan nkyekyem 7-9. Ma atiefo nkyerɛ wɔn adwene wɔ mmere horow a yebetumi ayi Kristofo ayamye adi akyerɛ ho. (Yɛsrɛ wo hyɛ no nsow: Nka anuanom anim wɔ baabi a ntoboa mma papa. Na mpa ntoboa ho kyɛw nso. Mmom no, ma asafo no ne adawurubɔfo nhu hokwan a ɛwɔ hɔ sɛ ‘wobebue wɔn nsam’ aboa asafo a wɔwom no ne wiase nyinaa asɛnka adwuma no sika fam.—Dw. 104:28.)
15 min: Mo ankasa monyɛ ho nhyehyɛe anaa munsusuw sɛnea Ahenni Asa so siesie nhyehyɛe redi dwuma ho. So nsakrae bi ho hia? Nneɛma bi a wɔde bɛyɛ saa adwuma no ho hia anaa? So moadi mo Ahenni Asa no tebea ho dwuma bi efi January a etwaam no? Hyɛ Memeneda a ɛto so 4 nsɛmma nhoma dwumadi dapɛn yi awiei ho nkuran.
Dwom 37 ne mpaebɔ.
DAPƐN A EFI ASE JULY 25
Dwom 102
8 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow.
22 min: “‘Ahenni Nokware’ Bɛma Woade Wo Ho.” 1982 “Ahenni Nokware” Ɔmantam Nhyiam ho nsɛm ho nsemmisa ne mmuae dwumadi.
15 min: Nhyehyɛe a moayɛ ama “Ahenni Nokware” Ɔmantam hyiam no a mobɛkɔ. Ma asafo nhu lɔre nhyehyɛe a wɔayɛ, dabere, nhyiam tekit, mmoa a wɔde bɛma ayarefo ne afoforo a wohia mmoa, ne ade, sɛnea asafo no mu nsɛm tebea hwehwɛ. Hyɛ asafo nkuran ma wɔmfa wɔn ho nhyɛ Kwasida a edi kan afie afie adansedi adwuma mu August 1.
Dwom 5 ne mpaebɔ.