Kristofo Ayamye a Yɛbɛda No Adi
1 Osuani Yakobo se Yehowa Nyankopɔn ne “akyɛde pa nyinaa ne adekyɛde a ɛyɛ pɛ nyinaa” mafo, na ɔde ka ho sɛ “ɔma nnipa nyinaa ade kwa.” (Yak. 1:17, 5) Eyi ho adanse atwa yɛn ho nyinaa ahyia. Yenya asetra mu anigye daa, a ɛyɛ akyɛde a ɔdɔ wom a efi ne nkyɛn. Biribiara a yɛwɔ no fi n’ayamye mu; (Dw. 104:27, 28) Ɔhene Dawid huu eyi bere tenten a atwam na ɔka kyerɛɛ Onyankopɔn sɛ: “Wo [Yehowa] na kɛseyɛ ne mmaninyɛ ne anuonyam ne nimdi ne aseda wɔ wo, na nea ɛwɔ ɔsoro ne asase so nyinaa wɔ wo. . . . Ahonya ne anuonyam.”—1 Be. 29:11, 12.
2 Wɔde ayamye su ama yɛn a yɛyɛ nnipa. Esiane sɛ yɛn ayamye Nyankopɔn no yɛ anigye Nyankopɔn nti, ɔpɛ sɛ yɛnam asetra so nya anigye. Ɛno nti na ne Ba, Yesu Kristo, kae sɛ ‘ɔma mu wɔ anigye pii sen ogye’ no. (1 Tim. 1:11; Aso. 20:35) Onyankopɔn asomfo daa saa ayamye su yi adi tete hɔ na wɔyɛ saa nnɛ nso. Nokwarem no, wɔhyɛɛ Onyankopɔn tete asomfo sɛ wɔnyɛ ayamye, na wɔada mfaso a ɛwɔ so no adi wɔ Mmebusɛm 11:25: “Ɔyamyefo bɛdɔ srade, na nea ɔma ebinom mee nso bemee.”—Deut 15:8, 11.
3 Ɛnyɛ wɔn mfɛfo nnipa nkutoo na Yehowa asomfo ada saa ayamye yi adi akyerɛ, na mmom wɔada no adi wɔ wɔn Nyankopɔn som mu nso. Bere a na ɛsɛ sɛ wosi ntamadan wɔ sare no so na wɔde nneɛma a ɛho hia no ho asɛm too Onyankopɔn nkurɔfo anim no, wɔka kyerɛ yɛn sɛ “wɔbae, obiara a ne koma kanyan no, ne obiara a ne honhom kaa no, na wɔde [Yehowa] soma afɔrebɔde bae sɛ wɔmfa nyɛ ahyiae ntamadan no ne ɛho som nneɛma nyinaa ne ntade kronkron no.”—Ex. 35:21.
4 Akyiri yi wɔbɔɔ amanneɛ sɛ: “Ɔman no ama nea wɔde ba adɔɔso sen nea ɛbɛso adwuma a [Yehowa] hyɛe sɛ wɔnyɛ no.” Enti, wofi wɔn pɛ mu de pii mae, na akyinnye biara nni ho sɛ eyi maa wɔn ani gyei. Ɛho hiae sɛ wɔka kyerɛ wɔn sɛ: “Ɔbarima oo, ɔbea oo, obiara mmfa biribi mmmɛyɛ kronkronbea no ho soma afɔrebɔde bio.”—Ex. 36:5-7.
5 Yɛn a yɛwɔ hɔ nnɛ no anya hokwan sɛ yɛwɔ Yehowa som mu, na wɔde dwumadi ahyɛ yɛn nsa sɛ yɛnka “ahenni no ho asɛmpa.” (Mat. 24:14) Yɛahyira yɛn ho so ama Yehowa. Eyi gye biribiara a yɛwɔ, a honam fam nneɛma a yɛwɔ ne yɛn nkwa ankasa ka ho. Yɛwɔ hokwan nso sɛ yɛde yɛn nimdeɛ ne yɛn ahonyade bɛboa ma Ahenni adwuma no akɔ so sɛnea nea yɛwɔ no te ne sɛnea yɛn koma kanyan yɛn na yɛn honhom ka yɛn.
6 Ayamye mu a yefi ma nnɛ wɔ Yehowa nhyira ase no na ama Ahenni adwuma no mu atrɛw. Anigye bɛn ara na yɛwɔ sɛɛ yi sɛ yetumi boa adwuma no wɔ saa kwan yi so! Adanse a ɛwɔ hɔ nnɛ no kyerɛ sɛ adwuma pii da so wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ wɔyɛ. Nnipa dodow a wɔba yɛn Awurade wu Nkaedi no ase mfe kakraa yi mu no da eyi adi. 1979 mu, nnipa a wɔbaa Nkaedi no ase no dodow yɛ 71,668; 1980 mu no na wɔyɛ 77,254 na afe a etwaam, 1981 mu no, nnipa 76,296 na wɔbae. Ahenni adawurubɔfo dodow a ɛkɔ soro sen biara a yɛwɔ wɔ ɔman yi mu no yɛ 23,058. Eyi kyerɛ sɛ nnipa bɛboro 53,000 a wɔwɔ asɛm no ho anigye wɔ hɔ a wohia mmoa na wɔabegyina Yehowa afã. Eyi hwehwɛ sɛ yɛde yɛn bere, yɛn ahoɔden ne yɛn honam fam nneɛma pii ma.
7 Wɔ asase so mmeae horow pii, a Ghana ka ho no, ɛho ahia sɛ wɔtrɛw adan ne mfiri a wɔwɔ mu na wɔatumi ayɛ adwuma a ɛwɔ hɔ no. Anuanom a wɔwɔ mmeae horow pii wɔ asase so no de nea ehia no ama ma aboro so. Akyinnye biara nni ho sɛ eyi ama wɔn ani agye. Yɛn a yɛwɔ Ghana ha no nso anya hokwan sɛ yɛbɛboa ntrɛwmu adwuma wɔ ɔman yi mu, titiriw wɔ Baa dan foforo a yebesi no fam. Ɔkwan bɛn na yebetumi afa so ayɛ eyi?
8 Asafo horow bi wɔ tirimbɔ a ɛwɔ hɔ daa sɛ wɔde sika dodow bi bɛmana Asafo ti no ɔsram biara, a wɔsakra mu bere ne bere mu. Ɛbɛyɛ papa, sɛ asafo horow nyinaa betumi anya nhyehyɛe bi a ɛte saa a. Sɛ mo asafo no wɔ bi a, wubetumi aboa denam ntoboa adaka a ɛwɔ mo Ahenni Asa so no a wode bedi dwuma no so. Eyi akyi no, ankorankoro ne mmusua bi wɔ nhyehyɛe bi daa sɛ wɔn ankasa de ntoboa bi mana Watch Tower Society, P. O. Box 760, Accra, ɔsram biara, anaa bere ne bere mu, sɛnea Yehowa hyira wɔn ɔhonam fam no.Sɛ ɛyɛ wo pɛ a, wubetumi ayɛ saa ara. Nea wobɛpɛ sɛ woyɛ biara, ɔsomafo Paulo afotu a ɛwɔ 2 Korintofo 9:7 no fata. Ɔkae sɛ: “Sɛnea obiara asusuw ne komam no, ɔmma, ɛnyɛ amemenemfe anaa ɔhyɛ mu; efisɛ nea ɔtew n’anim ma no na Onyankopɔn dɔ no.”
9 Sɛ wo ntoboa no sua dɛn ara, te sɛ ɔbea kunafo no ‘mman abien a ne bo sua’ (Marko 12:42) no, anaa ɛte sɛ ‘ade pii a Dawid siesiei no’ wɔ sika ne nneɛma mu no (1 Be. 22:5, 16) oo, dodow a wotew w’anim ma no, ɛsɔ Yehowa ani na wubenya ne nhyira.
10 Enti, momma obiara, sɛnea ne koma kanyan no na ne honhom ka no no, mfi ne pɛ mu nyi ntoboa mfa mmoa Ahenni adwuma no nkɔso mfa nhyɛ Yehowa anuonyam.